Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt Ester 1:1-10:3
  • Ester

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ester
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Ester

ESTER

1 Ahasweros* berɛ so, kyerɛ sɛ, Ahasweros a ɔdii amantam 127 so+ firi India kɔsi Etiopia* no berɛ so, 2 berɛ a Ɔhene Ahasweros te n’ahennwa so wɔ Susan*+ abankɛseɛ mu,* 3 wɔ n’ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, ɔtoo pono maa ne mpanimfoɔ ne ne nkoa nyinaa. Ná Persia+ ne Media+ asraafoɔ, aberempɔn, ne amradofoɔ a wɔhwɛ amantam no so ahyia wɔ n’anim, 4 na ɔde agyapadeɛ a ɛwɔ n’ahennie kɛseɛ no mu, ne n’animuonyam, ne n’anidie ne ne kɛseyɛ kyerɛɛ wɔn nna pii, nnafua 180. 5 Berɛ a saa nna no baa awieeɛ no, ɔhene no too pono nnanson wɔ ahemfie turo no adihɔ hɔ maa nnipa a wɔwɔ Susan* abankɛseɛ* no mu nyinaa, ɛfiri ɔkɛseɛ so kɔsi kumaa so. 6 Ná nwera, ntoma pa, ne ntoma bruu a wɔde nhoma fɛfɛɛfɛ abobom sensɛn hɔ, na na nhoma afasebire a wɔde dwetɛ nkawa asosɔ mu nso sensɛn hɔ. Ná abohemmaa adum wɔ hɔ, na na wɔde aboɔ hyɛnhyɛn, abohemmaa, aboɔden aboɔ, ne abohemmaa tuntum asiesie fam de sika kɔkɔɔ ne dwetɛ mpa asisi so.

7 Sika kɔkɔɔ nkuruwa* mu na wɔnom nsã; ɛsono sɛdeɛ na kuruwa biara teɛ. Ahemfo nsã buu so wɔ hɔ, sɛdeɛ ɔhene ahoɔden bɛtumi. 8 Mmara a na ɛwɔ nsã no ho ne sɛ, obiara nnhyɛ obi,* ɛfiri sɛ na ɔhene aka akyerɛ n’ahemfie mpanimfoɔ no sɛ obiara nyɛ deɛ ɔpɛ.

9 Ɔhemmaa Wasti+ nso too pono maa mmaa a wɔwɔ Ɔhene Ahasweros ahemfie hɔ no.

10 Da a ɛtɔ so nson, berɛ a nsã ama ɔhene no ani agyeɛ* no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona,+ Bigta, Abagta, Seta, ne Karkas, ahemfie mpanimfoɔ nson a wɔsom Ɔhene Ahasweros no sɛ, 11 wɔnkɔfa Ɔhemmaa Wasti a ɔbɔ ahemmotire* mmra ɔhene anim, na ɔmfa n’ahoɔfɛ mmɛkyerɛ ɔman no ne aberempɔn no, ɛfiri sɛ na ne ho yɛ fɛ paa. 12 Nanso berɛ a ahemfie mpanimfoɔ kɔkaa ɔhene asɛm no kyerɛɛ Ɔhemmaa Wasti no, wɔyɛɛ biara, nanso wamma. Wei nti, ɔhene no bo fuu paa, na ne koko paee.

13 Na ɔhene no ne anyansafoɔ a wɔnim sɛdeɛ wɔdii tete nsɛm bi* kasae (ɛfiri sɛ saa na na ɔhene de n’asɛm to wɔn a wɔnim mmara ne asɛnnie mu yie no anim. 14 Wɔn a na wɔbɛn ɔhene no paa ne Karsena, Setar, Admata, Tarsis, Meres, Marsena, ne Memukan. Wɔyɛ Persia ne Media aberempɔn nson+ a na wɔtumi kɔ ɔhene anim, na wɔn na na wɔkura diberɛ akɛseɛ paa wɔ ahennie no mu). 15 Na ɔhene bisaa sɛ: “Ɔhene Ahasweros asɛm a ɔsomaa ahemfie mpanimfoɔ kɔka kyerɛɛ Ɔhemmaa Wasti no, wantie. Enti mohwɛ mmara mu a, deɛn na yɛmfa nyɛ no?”

16 Ɛnna Memukan kaa wɔ ɔhene ne aberempɔn no anim sɛ: “Ɛnyɛ ɔhene nko ara na Ɔhemmaa Wasti ayɛ no bɔne,+ na mmom wayɛ bɔne atia aberempɔn no nyinaa ne nnipa no nyinaa, nnipa a ɛwɔ amantam a ɛhyɛ Ɔhene Ahasweros ase nyinaa mu no nso. 17 Ɛfiri sɛ deɛ ɔhemmaa no ayɛ yi, mmaa awarefoɔ nyinaa bɛte, na wɔbɛbu wɔn kununom animtia na wɔaka sɛ, ‘Ɔhene Ahasweros kaa sɛ wɔnkɔfa Ɔhemmaa Wasti mmra n’anim, nanso wamma.’ 18 Ɛnnɛ yi ara, Persia ne Media mmaa a wɔyɛ adehyeɛ a wɔate deɛ ɔhemmaa no ayɛ yi, saa ara na wɔbɛkasa akyerɛ ɔhene no aberempɔn nyinaa, na ɛde aniammɔnho ne abufuo pii bɛba. 19 Enti sɛ ɔhene bɛpene so a, anka ɔnhyɛ mmara, na wɔntwerɛ nka Persia ne Media mmara a obiara ntumi nsesa no+ no ho, na Wasti ansi Ɔhene Ahasweros anim bio; na ɔhemmaa a ɔdie no nso, ɔhene mfa mma ɔbaa foforɔ a ɔyɛ papa sene no. 20 Na sɛ obiara te ɔhene mmara yi wɔ baabiara a ɔhene di tumi no a, ɛbɛma mmaa awarefoɔ nyinaa de anidie ama wɔn kununom, ɛfiri ɔkɛseɛ so kɔsi kumaa so.”

21 Na asɛm no tɔɔ ɔhene ne aberempɔn no asom, na ɔhene yɛɛ deɛ Memukan kaeɛ no. 22 Enti ɔsoma maa wɔde nkrataa kɔɔ ɔhene no amantam no nyinaa mu.+ Ɔmantam biara, wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ wɔn ntwerɛeɛ teɛ, na ɔman biara nso, wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ wɔn kasa teɛ. Nkrataa no kyerɛɛ sɛ, okunu biara nyɛ ne fie so panin,* na ɔnka ne kurom kasa wɔ hɔ.

2 Nsɛm yi akyi, berɛ a Ɔhene Ahasweros+ bo dwoeɛ no, ɔkaee deɛ Wasti yɛeɛ+ ne deɛ wɔkaa sɛ wɔde bɛyɛ no no.+ 2 Ɛnna ɔhene asomfoɔ no kaa sɛ: “Ma wɔnhwehwɛ mmabaawa ahoɔfɛfoɔ a wɔyɛ mmaabunu mma ɔhene. 3 Na ma ɔhene nyi ananmusifoɔ wɔ amantam a ɛhyɛ n’ase no nyinaa mu,+ na wɔmmoaboa mmabaawa ahoɔfɛfoɔ a wɔyɛ mmaabunu ano, na wɔmfa wɔn mmra mmaa fie* a ɛwɔ Susan* abankɛseɛ* mu no mu. Afei wɔmfa wɔn nhyɛ ɔhene somfoɔ Hegai*+ a ɔhwɛ mmaa so no nsa, na wɔmfa nnuro nsrasra wɔn ho mma wɔn ho nyɛ fɛ. 4 Na ababaawa a ɔhene ani bɛgye ne ho paa no, ɔno na ɔbɛsi Wasti anan ayɛ ɔhemmaa.”+ Asɛm no tɔɔ ɔhene asom, na saa na ɔyɛeɛ.

5 Ná Yudani barima bi wɔ Susan*+ abankɛseɛ* no mu a ne din de Mordekai.+ Ná ne papa ne Yair a ɔyɛ Simei ba, na na Simei nso papa ne Kis, Benyaminni+ no. 6 Ná ɔka* nnipa a Babilon hene Nebukadnesar faa wɔne Yuda hene Yekonia*+ firii Yerusalem kɔeɛ no ho. 7 Mordekai na na ɔhwɛ ne papa nua barima ba Hadasa,* a wɔsan frɛ no Ester no,+ ɛfiri sɛ na Ester nni papa nni maame. Ná ababaawa no bɔ si, na na ne ho yɛ fɛ paa. Berɛ a ne maame ne ne papa wuiɛ no, Mordekai faa no sɛ ne ba. 8 Berɛ a wɔde ɔhene asɛm ne ne mmara no too dwa no, wɔboaboaa mmabaawa pii ano baa Susan* abankɛseɛ* no mu de wɔn bɛhyɛɛ Hegai nsa. Wɔde Ester nso baa ahemfie hɔ bɛhyɛɛ Hegai a ɔhwɛ mmaa so no nsa.+

9 Berɛ a ɔhuu ababaawa no, n’ani gyee ne ho, na ɔpɛɛ n’asɛm,* enti ntɛm ara na ɔyɛɛ nhyehyɛeɛ sɛ wɔmfa nnuro nsrasra no mma ne ho nyɛ fɛ,+ na wɔmma no nnuane pa. Na ɔyii mmabaawa nson firii ahemfie hɔ maa no sɛ wɔnsom no. Afei nso, wɔde ɔne mmabaawa a wɔsom no no kɔtenaa baabi pa wɔ mmaa fie* hɔ. 10 Ester anka ne man anaa n’abusuafoɔ ho asɛm biara,+ ɛfiri sɛ na Mordekai+ aka akyerɛ no sɛ ɛnsɛ sɛ ɔka kyerɛ obiara.+ 11 Da biara, na Mordekai kɔnantenante mmaa fie* adihɔ no anim hwɛ sɛdeɛ Ester ho teɛ ne deɛ wɔde reyɛ no.

12 Wɔmaa ababaawa biara huu da a ɔde ne ho bɛkɔ akɔkyerɛ Ɔhene Ahasweros, berɛ a wɔde nnuro asrasra no asiesie no abosome dumienu sɛdeɛ wɔakyerɛ sɛ wɔnyɛ mmaa no. Saa kwan yi na na wɔfa so de nnuro srasra wɔn ma wɔn ho yɛ fɛ: ná wɔde kurobo+ ngo srasra wɔn abosome nsia, na na wɔde balsam ngo+ ne nnuro foforɔ a ɛbɛma wɔn ho ayɛ fɛ nso srasra wɔn abosome nsia. 13 Wɔyɛ weinom wie a, afei deɛ na ababaawa no bɛtumi akɔ ɔhene no anim. Sɛ ɔfiri mmaa fie* hɔ rekɔ ahemfie hɔ a, biribiara a ɔbɛbisa no, wɔde ma no. 14 Ɔkɔ ɔhene nkyɛn anwummerɛ, anɔpa na waba mmaa fie* a ɛtɔ so mmienu no mu, deɛ ɛhyɛ ɔhene somfoɔ Saasgas* a ɔhwɛ ne mpenafoɔ* so+ no nsa no. Ɔrenkɔ ɔhene no nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no ani gye ne ho paa na ɔhyɛ da bɔ ne din sɛ ɔmmra.+

15 Na berɛ a ɛduruu Ester a ɔyɛ Mordekai nuabarima Abihail ba, a Mordekai de no yɛɛ ne ba+ so sɛ ɔba ɔhene nkyɛn no, wammisa biribiara, gye deɛ ɔhene somfoɔ Hegai* a ɔhwɛ mmaa so no kaeɛ no. (Saa berɛ yi nyinaa na obiara a ɔbɛhu Ester no pɛ n’asɛm.) 16 Wɔde Ester kɔɔ Ɔhene Ahasweros nkyɛn wɔ n’ahemfie hɔ bosome a ɛtɔ so du a ɛne Tebet* no mu, n’ahennie afe a ɛtɔ so nson+ mu. 17 Na ɔhene no dɔɔ Ester senee mmaa a aka no nyinaa, na ɔpɛɛ n’asɛm gyee no toom* senee mmaabunu a aka no nyinaa. Enti ɔde ahemmotire* bɔɔ no, na ɔyɛɛ no ɔhemmaa+ de no sii Wasti anan.+ 18 Na ɔhene too pono kɛseɛ bi maa n’aberempɔn ne ne nkoa; ɛyɛ apontoɔ a ɔde hyɛɛ Ester animuonyam. Afei ɔde too dwa sɛ amantam a ɛhyɛ n’ase no mufoɔ mfa wɔn ho nni, na ɔhene kyekyɛɛ nneɛma pii sɛdeɛ n’ahoɔden bɛtumi.

19 Berɛ a wɔboaboaa mmaabunu*+ ano ne mprenu so no, na Mordekai te ɔhene no pono ano. 20 Ester anka biribiara amfa n’abusuafoɔ ne ne man ho+ sɛdeɛ na Mordekai aka akyerɛ no no. Ester toaa so yɛɛ deɛ Mordekai kaeɛ nyinaa, te sɛ berɛ a na ɔte ne nkyɛn no.+

21 Saa nna no mu no, berɛ a na Mordekai te ɔhene pono ano no, Bigtan ne Teres a wɔyɛ ahemfie mpanimfoɔ a wɔhwɛ pono no ano no bo fui, na wɔbɔɔ pɔ sɛ wɔbɛkum* Ɔhene Ahasweros. 22 Nanso Mordekai tee ho asɛm, na ntɛm ara na ɔkɔka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ester. Ɛnna Ester nso kaa ho asɛm kyerɛɛ ɔhene wɔ Mordekai din mu. 23 Enti wɔhwehwɛɛ asɛm no mu, na wɔhuu sɛ ɛte saa, enti wɔsɛn mmarima mmienu no wɔ dua so. Na wɔtwerɛɛ weinom nyinaa wɔ wɔn abakɔsɛm nwoma mu wɔ ɔhene no anim.+

3 Wei akyi no, Ɔhene Ahasweros maa Agagni+ Hamedata ba Haman diberɛ kɛseɛ,+ na ɔhyɛɛ no animuonyam. Deɛ ɔyɛeɛ ne sɛ, ɔmaa n’adwa bɛyɛɛ kɛse senee aberempɔn a wɔka ne ho nyinaa.+ 2 Ná ɔhene nkoa a wɔwɔ ɔhene pono ano nyinaa bɔ wɔn mu ase koto Haman, ɛfiri sɛ na ɔhene ahyɛ mmara sɛ wɔnyɛ no saa. Nanso Mordekai deɛ, na ɔmmɔ ne mu ase mma no, na na ɔnkoto no. 3 Enti ɔhene nkoa a wɔwɔ pono ano no bisaa Mordekai sɛ: “Adɛn nti na wonni ɔhene mmara so?” 4 Da biara, na wɔne no ka ho asɛm, nanso wantie wɔn. Enti wɔne Haman kaa ho asɛm hwɛɛ sɛ, deɛ Mordekai reyɛ no, ɛsɛ sɛ wɔsosɔ so anaa,+ ɛfiri sɛ na waka akyerɛ wɔn sɛ ɔyɛ Yudani.+

5 Na berɛ a Haman huu sɛ Mordekai mpɛ sɛ ɔbɔ ne mu ase ma no na ɔkoto no no, Haman bo fuu paa.+ 6 Nanso ɛnyɛ Mordekai nko ara na na ɔpɛ sɛ ɔku no,* ɛfiri sɛ na wɔakyerɛ no ɔman a Mordekai firi mu. Enti Haman firii aseɛ hwehwɛɛ ɛkwan a ɔbɛfa so akunkum Yudafoɔ no nyinaa, Mordekai nkurɔfoɔ a ɛwɔ Ahasweros ahennie mu baabiara no nyinaa.

7 Ɔhene Ahasweros ahennie afe a ɛtɔ so 12,+ bosome a ɛdi kan a ɛne Nisan* mu no, wɔbɔɔ Pur+ (kyerɛ sɛ, Ntonto) wɔ Haman anim de hwɛɛ ɛda ne bosome a wɔde bɛyɛ, na ɛsii bosome a ɛtɔ so 12, kyerɛ sɛ, Adar.*+ 8 Afei Haman ka kyerɛɛ Ɔhene Ahasweros sɛ: “Nkurɔfoɔ bi wɔ hɔ a wɔabɔ ahwete amantam a ɛhyɛ w’ase no nyinaa mu.+ Wɔn mmara yɛ soronko koraa, ɛnte sɛ aman a aka no deɛ, na wɔmfa ɔhene mmara nyɛ hwee. Sɛ ɔhene gyaa wɔn saa a, ɛremmoa no. 9 Sɛ ɛbɛyɛ yie ama ɔhene a, anka ma wɔnhyɛ mmara* sɛ wɔnkunkum wɔn. Mɛtua dwetɛ dwetikɛseɛ* 10,000 ama mpanimfoɔ no ama wɔde agu ɔhene fotoɔ mu.”*

10 Ɛnna ɔhene yii n’ahyɛnsodeɛ kawa firii ne nsa,+ na ɔde maa Agagni+ Hamedata ba Haman,+ Yudafoɔ tamfo no. 11 Na ɔhene ka kyerɛɛ Haman sɛ: “Wɔde dwetɛ ne nkurɔfoɔ no ahyɛ wo nsa; yɛ wɔn sɛdeɛ wopɛ biara.” 12 Afei bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so 13 no, wɔfrɛfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ.+ Wɔtwerɛɛ+ deɛ Haman kaeɛ no nyinaa kɔmaa ɔhene asoafoɔ ne amradofoɔ a wɔhwɛ amantam ahodoɔ no so, ne aberempɔn a wɔwɔ aman no mu no. Wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ ɔman biara ntwerɛeɛ ne wɔn kasa teɛ. Wɔtwerɛɛ wɔ Ɔhene Ahasweros din mu, na wɔde ɔhene ahyɛnsodeɛ kawa tim so.+

13 Wɔsomaa nkurɔfoɔ maa wɔde nkrataa no kɔɔ ɔhene no amantam no nyinaa mu, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhye Yudafoɔ no nyinaa ase, wɔnkunkum wɔn, na wɔnsɛe wɔn; mmeranteɛ ne nkɔkoraa, mmɔfra ne mmaa nyinaa, wɔnkunkum wɔn da koro, bosome a ɛtɔ so 12 a ɛne Adar no da a ɛtɔ so 13 no,+ na wɔmfa wɔn agyapadeɛ nyinaa.+ 14 Ná krataa no mu nsɛm bɛyɛ mmara wɔ ɔmantam biara mu, na na wɔbɛbɔ no dawuro wɔ aman no nyinaa mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛsiesie wɔn ho ama saa da no. 15 Abɔfoɔ no de ahoɔherɛ kɔe+ sɛdeɛ ɔhene kaeɛ no, na wɔhyɛɛ mmara no wɔ Susan*+ abankɛseɛ mu.* Na ɔhene ne Haman tenaa ase nom nsã, nanso na Susan* kuro no mu ayɛ bagyabagya.

4 Berɛ a Mordekai+ tee deɛ asie nyinaa no,+ ɔsuan n’ataadeɛ mu, na ɔfiraa awerɛhoɔ ntoma* de nsõ guu ne ho. Afei ɔpue kɔgyinaa kuro no mfimfini, na ɔsuu paa; ɔsuu yayaaya. 2 Ɔkɔ kɔduruu ɔhene no pono ano, nanso wantra, ɛfiri sɛ na ɛnsɛ sɛ obiara de awerɛhoɔ ntoma wura ɔhene pono no mu. 3 Na ɔmantam biara+ a wɔtee ɔhene asɛm ne ne mmara no wɔ hɔ no, Yudafoɔ a ɛwɔ hɔ no dii awerɛhoɔ paa, wɔyɛɛ akɔnkyene,*+ na wɔsu teateaam. Wɔn mu pii dedaa awerɛhoɔ ntoma* so ne nsõ mu.+ 4 Berɛ a Ester mmaawa ne n’asomfoɔ* no bɛka kyerɛɛ no no, asɛm no haa ɔhemmaa paa. Ɛnna ɔsoma maa wɔde ntaadeɛ kɔmaa Mordekai sɛ ɔnhyɛ na ɔnyi awerɛhoɔ ntoma* no, nanso wannye. 5 Ɛnna Ester frɛɛ Hatak, ɔhene asomfoɔ* no baako a ɔhene ayi no sɛ ɔnsom no no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔbisa Mordekai deɛ enti a ɔreyɛ saa ne deɛ asie.

6 Enti Hatak kɔɔ Mordekai nkyɛn wɔ kuro no abɔnten so wɔ ɔhene pono no anim. 7 Na Mordekai kaa deɛ ato no nyinaa kyerɛɛ no, na sika dodoɔ+ a Haman ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛtua agu ɔhene fotoɔ mu sɛ wɔmfa nsɛe Yudafoɔ no nso, ɔka kyerɛɛ no.+ 8 Afei nso, mmara a wɔtwerɛɛ no wɔ krataa so a wɔhyɛɛ wɔ Susan*+ sɛ wɔnhye wɔn ase no, ɔde bi maa no. Ɔkaa sɛ ɔmfa nkyerɛ Ester, na ɔnkyerɛkyerɛ mu nkyerɛ no, na ɔnka nkyerɛ no sɛ+ ɔnkɔ ɔhene anim nkɔsrɛ no sɛ ɔnhu wɔn mmɔbɔ, na ɔmpa kyɛw mma ne manfoɔ.

9 Afei Hatak san bae, na ɔbɛkaa deɛ Mordekai kaeɛ no kyerɛɛ Ester. 10 Ɛnna Ester somaa Hatak sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Mordekai+ sɛ: 11 “Ɔhene nkoa ne nnipa a ɛwɔ ɔhene no amantam mu nim sɛ, sɛ ɔhene mfrɛɛ wo na wokɔ n’anim wɔ ahemfie hɔ+ a, ɔbarima oo, ɔbaa oo, mmara baako pɛ na ɛwɔ hɔ: Wɔbɛku wo; sɛ wobɛnya wo tiri adidi mu a, gye sɛ ɔhene de ne sika kɔkɔɔ poma kyerɛ wo so ansa.+ Nanso nnafua 30 nie, ɔhene mfrɛɛ me sɛ memmra ne nkyɛn.”

12 Berɛ a wɔkɔkaa Ester asɛm no kyerɛɛ Mordekai no, 13 ɔde mmuaeɛ kɔmaa Ester sɛ: “Mma w’adwene nnyɛ wo sɛ wote ahemfie nti deɛ ɛbɛba Yudafoɔ a aka nyinaa so no, ebi rentumi nka wo. 14 Sɛ woanka ho hwee saa berɛ yi a, Yudafoɔ bɛnya ɔgyeɛ ne mmoa afiri baabi foforɔ,+ na wo ne wo papa fiefoɔ deɛ, mobɛwuwu. Na hwan na ɔnim, ebia wei* nti na woabɛyɛ dehyeɛ yi.”+

15 Ɛnna Ester soma kɔka kyerɛɛ Mordekai sɛ: 16 “Kɔ na kɔboaboa Yudafoɔ a wɔwɔ Susan* nyinaa ano, na monyɛ akɔnkyene+ mma me. Monnnidi na monnnom nnansa,+ awia ne anadwo. Me nso me ne me mmaawa bɛyɛ akɔnkyene. Mmara mma kwan sɛ mekɔ ɔhene anim, nanso mɛkɔ; mewu a, na mawu.” 17 Enti Mordekai siim kɔe, na ɔkɔyɛɛ deɛ Ester kaa sɛ ɔnyɛ nyinaa.

5 Ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no,+ Ester hyɛɛ n’ahemmaa ataadeɛ na ɔkɔgyinaa ahemfie no adihɔ, baabi a ɛne ɔhene fie no di nhwɛanimu no. Saa berɛ no, na ɔhene no te n’ahennwa so wɔ ɔhene fie hɔ, na na n’ani kyerɛ ɛpono no ano. 2 Berɛ a ɔhene no huu Ɔhemmaa Ester sɛ ɔgyina adihɔ hɔ ara pɛ, ɔnyaa ɔhene anim animuonyam, enti ɔhene no de sika kɔkɔɔ poma a ɔkura no kyerɛɛ Ester so.+ Ɛnna Ester twe bɛn no, na ɔde ne nsa kaa poma no ti.

3 Na ɔhene no bisaa no sɛ: “Ɛyɛ asɛm bɛn, Ɔhemmaa Ester? Deɛn na menyɛ mma wo? Sɛ m’ahennie no fã mpo na wopɛ a, mede bɛma wo!” 4 Ɛnna Ester kaa sɛ: “Sɛ ɛbɛyɛ yie ama ɔhene a, anka ɔhene ne Haman+ mmra ɛpono a mereto ama wo nnɛ no ase.” 5 Enti ɔhene ka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ: “Monka nkyerɛ Haman sɛ ɔmmra seesei ara sɛdeɛ Ester aka no.” Na ɔhene ne Haman kɔɔ ɛpono a Ester ato no ase.

6 Berɛ a wɔwɔ nsã apontoɔ no ase no, ɔhene no bisaa Ester sɛ: “Deɛn na wopɛ? Mɛyɛ ama wo! Deɛn na menyɛ mma wo? Sɛ m’ahennie fã mpo na wopɛ a, mede bɛma wo!”+ 7 Ɛnna Ester kaa sɛ: “M’adesrɛ ne m’abisadeɛ ne sɛ, 8 Sɛ manya ɔhene anim animuonyam, na sɛ ɛbɛyɛ yie ama ɔhene sɛ ɔbɛyɛ m’adesrɛ ne m’abisadeɛ ama me a, anka ɔhene ne Haman mmra ɛpono a mɛto ama wɔn ɔkyena no ase, na ɔkyena mede m’abisadeɛ no bɛto ɔhene anim.”

9 Saa da no, Haman de anigyeɛ na ɛpueeɛ, na na n’akoma atɔ ne yam. Nanso berɛ a Haman huu Mordekai wɔ ɔhene pono ano hɔ, a ɔhuu sɛ Mordekai ansɔre na ne ho ampopo wɔ n’anim no, Haman bo fuu Mordekai.+ 10 Nanso Haman hyɛɛ ne ho so, na ɔkɔɔ ne fie. Afei ɔsoma kɔfrɛɛ ne nnamfo ne ne yere Seres+ bae. 11 Na Haman dwaa n’anom kyerɛɛ wɔn. Ɔkaa n’animuonyam ne n’ahodeɛ ne ne mma dodoɔ+ ne sɛdeɛ ɔhene abɔ n’aba so, ne sɛdeɛ ɔhene ama no so asene aberempɔn ne ɔhene nkoa a aka no+ kyerɛɛ wɔn.

12 Haman toaa so kaa sɛ: “Ɛnyɛ ɛno nko ara oo; Ɔhemmaa Ester too pono, na me nko ara na ɔfrɛɛ me kaa ɔhene ho kɔɔ aseɛ.+ Ɔkyena koraa, wasan afrɛ me sɛ memmɛka ɔne ɔhene ho.+ 13 Nanso weinom nyinaa mma m’akoma ntɔ me yam berɛ a m’ani da so tua Yudani Mordekai sɛ ɔte ɔhene pono ano no.” 14 Ɛnna ne yere Seres ne ne nnamfo no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma wɔmpɛ dua a ne tenten yɛ basafa 50* nsi hɔ. Na anɔpa ka kyerɛ ɔhene ma wɔnsɛn Mordekai wɔ so.+ Afei wo ne ɔhene nkɔ, na monkɔgye mo ani wɔ apontoɔ no ase.” Asɛm no yɛɛ Haman dɛ, enti ɔmaa wɔde dua no sii hɔ.

6 Saa anadwo no, ɔhene antumi anna.* Enti ɔsoma maa wɔkɔfaa nwoma a wɔatwerɛ wɔn berɛ so abakɔsɛm wom+ no bae. Na wɔkenkan kyerɛɛ ɔhene. 2 Wɔhuu sɛ wɔatwerɛ deɛ Mordekai bɛka faa Bigtana ne Teres ho no wom, ahemfie mpanimfoɔ mmienu a wɔhwɛ ɛpono ano a wɔbɔɔ pɔ sɛ wɔbɛkum* Ɔhene Ahasweros+ no. 3 Ɛnna ɔhene bisaa sɛ: “Deɛn na yɛayɛ de ahyɛ Mordekai animuonyam, na deɛn na yɛayɛ de abɔ n’aba so wɔ deɛ ɔyɛeɛ no ho?” Ɛnna ɔhene asomfoɔ no kaa sɛ: “Yɛnyɛɛ hwee mmaa no.”

4 Akyire yi ɔhene bisaa sɛ: “Hwan na ɔwɔ adihɔ hɔ?” Saa berɛ no, na Haman aba ahemfie no adihɔ hɔ+ sɛ ɔrebɛka akyerɛ ɔhene ama wɔasɛn Mordekai wɔ dua a ɔno Haman ayɛ ama no no so.+ 5 Ɔhene asomfoɔ no kaa sɛ: “Haman+ na ɔgyina adihɔ hɔ.” Ɛnna ɔhene kaa sɛ: “Momma no mmra mu.”

6 Berɛ a Haman wuraa mu no, ɔhene bisaa no sɛ: “Deɛn na yɛnyɛ mma ɔbarima a ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ no animuonyam?” Ɛnna Haman kaa n’akomam sɛ: “Mennye nni sɛ obi wɔ hɔ a ɔhene bɛpɛ sɛ ɔhyɛ no animuonyam sene me.”+ 7 Enti Haman ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔbarima a ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ no animuonyam no, 8 ma wɔmfa ahentaadeɛ+ a ɔhene hyɛ ne pɔnkɔ a ɔhene tena so a ahemmotire bɔ ne ti mmra. 9 Afei ma wɔmfa ataadeɛ no ne pɔnkɔ no nhyɛ ɔhene aberempɔn atitire no baako nsa, na wɔmfa ataadeɛ no nhyɛ ɔbarima a ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ no animuonyam no, na wɔmfa no ntena pɔnkɔ no so mfa kuro no mmɔnten so. Ma wɔnka nni n’anim sɛ: ‘Sei na wɔyɛ ɔbarima a ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ no animuonyam no!’”+ 10 Ɛhɔ ara na ɔhene ka kyerɛɛ Haman sɛ: “Yɛ no ntɛm! Fa ataadeɛ ne pɔnkɔ no, na yɛ deɛ woaka no pɛpɛɛpɛ ma Yudani Mordekai a ɔte ɔhene pono ano no. Deɛ woaka no, yɛ ne nyinaa.”

11 Enti Haman faa ataadeɛ ne pɔnkɔ no, na ɔde ataadeɛ no hyɛɛ Mordekai,+ na ɔde no tenaa pɔnkɔ no so faa kuro no mmɔnten so, na ɔka dii n’anim sɛ: “Sei na wɔyɛ ɔbarima a ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ no animuonyam!” 12 Wei akyi no, Mordekai san kɔɔ ɔhene pono no ano. Haman deɛ, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ ne fie. Ɔrekɔ nyinaa, na wakata ne ti redi awerɛhoɔ. 13 Berɛ a Haman kaa deɛ ato no nyinaa kyerɛɛ ne yere Seres+ ne ne nnamfo nyinaa no, n’anyansafoɔ ne ne yere Seres ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ Mordekai a woafiri aseɛ redi nkoguo wɔ n’anim yi yɛ Yudani* a, ɛnneɛ worentumi nni ne so nkonim; deɛ ɛbɛyɛ biara wobɛdi nkoguo wɔ n’anim.”

14 Berɛ a wɔgu so ne no rekasa no, ɔhene mpanimfoɔ bae, na wɔyɛɛ ntɛm de Haman kɔɔ ɛpono a na Ester ato no ase.+

7 Enti ɔhene ne Haman+ baa Ɔhemmaa Ester apontoɔ no ase. 2 Ɔhene san bisaa Ester da a ɛtɔ so mmienu wɔ nsã apontoɔ no ase sɛ: “Deɛn na wopɛ, Ɔhemmaa Ester? Mɛyɛ ama wo. Deɛn na menyɛ mma wo? Sɛ m’ahennie no fã mpo na wopɛ a, mede bɛma wo!”+ 3 Ɛnna Ɔhemmaa Ester kaa sɛ: “O ɔhene, sɛ manya w’anim animuonyam, na sɛ ɛbɛyɛ yie ama ɔhene a, m’adesrɛ ne sɛ, mma me nkwa* mmfiri me nsa, na m’abisadeɛ nso ne sɛ, mma me manfo nkwa mmfiri wɔn nsa.+ 4 Ɛfiri sɛ wɔatɔn yɛn,+ me ne me manfoɔ sɛ wɔnhye yɛn ase, wɔnkunkum yɛn, na wɔnsɛe yɛn.+ Sɛ wɔtɔnee yɛn sɛ nkoa ne mfenaa mpo a, anka merenka hwee. Nanso amanehunu a ɛde bɛba no nyɛ koraa, ɛfiri sɛ ɛbɛma ɔhene ahwere ade kɛseɛ.”

5 Na Ɔhene Ahasweros bisaa Ɔhemmaa Ester sɛ: “Hwan na wasi ne bo sɛ ɔbɛyɛ biribi a ɛte saa? Ɔwɔ he?” 6 Ɛnna Ester kaa sɛ: “Ɔtamfo a watu n’ani asi yɛn so no ne onipabɔnefoɔ Haman yi.”

Na Haman akoma tui, ɔhene ne ɔhemmaa no nti. 7 Ɛnna ɔhene no de abufuo sɔre firii nsã apontoɔ no ase, na ɔkɔɔ ahemfie turo no mu. Na Haman sɔree sɛ ɔrepa Ɔhemmaa Ester kyɛw sɛ ɔmfa ne ho nkyɛ no, ɛfiri sɛ ɔhuu sɛ ɔhene ani abere sɛ ɔbɛtwe n’aso. 8 Berɛ a ɔhene no firi ahemfie turom hɔ baa efie a nsã apontoɔ no rekɔ so wom no mu no, ɔhuu sɛ Haman butu Ester ho wɔ mpa no so. Ɛnna ɔhene no teaam sɛ: “Ei! Ɔresan nso abɛto ɔhemmaa no mmonnaa wɔ me ara me fie?” Ɔhene kaa saa pɛ na wɔkataa Haman anim. 9 Ɛnna Harbona,+ ɔhene mpanimfoɔ no baako kaa sɛ: “Haman korɔ yi ara ayɛ dua bi sɛ wɔnsɛn Mordekai wɔ so,+ Mordekai a n’asɛm gyee ɔhene nkwa no.+ Dua no si Haman fie, na ne tenten yɛ basafa 50.”* Ɛnna ɔhene kaa sɛ: “Monkɔsɛn no wɔ so.” 10 Enti wɔkɔsɛn Haman wɔ dua a ɔyɛ maa Mordekai no so, na ɔhene no bo dwoe.

8 Saa da no, Ɔhene Ahasweros de Yudafoɔ tamfo+ Haman+ fie maa Ester; na Mordekai bɛgyinaa ɔhene anim, ɛfiri sɛ na Ester aka sɛ ɔyɛ ne busuani.+ 2 Afei ɔhene yii n’ahyɛnsodeɛ kawa+ a ɔgye firii Haman hɔ no, na ɔde maa Mordekai. Na Ester de Haman fie hyɛɛ Mordekai nsa.+

3 Bio nso, Ester ne ɔhene san kɔkasae. Ester butuu ne nan ase, na ɔsui, na ɔpaa no kyɛw sɛ amanehunu a Agagni Haman ama Yudafoɔ no afa mu ne ɛpɔ a ɔbɔɔ wɔ wɔn ho no, ɔnyi mfiri hɔ.+ 4 Na ɔhene de ne sika kɔkɔɔ poma no kyerɛɛ Ester so,+ na Ester sɔre gyinaa ɔhene no anim. 5 Ester kaa sɛ: “Sɛ ɛbɛyɛ yie ama ɔhene, na sɛ manya ɔhene anim animuonyam, na ɛyɛ wɔ ɔhene ani so, na n’ani gye me ho ampa a, ɛnneɛ nkrataa a Agagni+ Hamedata ba Haman,+ onipabɔnefoɔ no twerɛɛ sɛ wɔnsɛe Yudafoɔ a ɛwɔ ɔhene amantam no nyinaa mu no, ma wɔntwerɛ krataa nkɔtwa mu. 6 Na ɛbɛyɛ dɛn koraa na matumi ahwɛ amanehunu a ɛbɛba me manfoɔ so? Na sɛ wɔrekunkum m’abusuafoɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na matumi ahwɛ?”

7 Enti Ɔhene Ahasweros ka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ester ne Yudani Mordekai sɛ: “Hwɛ! Mede Haman fie ama Ester,+ na mama wɔasɛn Haman wɔ dua+ so, ɛpɔ a ɔbɔɔ sɛ ɔbɛha* Yudafoɔ no nti. 8 Enti seesei, biribiara a wohu sɛ ɛbɛboa Yudafoɔ no, twerɛ no me din mu, na fa ɔhene ahyɛnsodeɛ kawa no tim so. Ɛfiri sɛ mmara a wɔatwerɛ wɔ ɔhene din mu de ɔhene ahyɛnsodeɛ kawa atim so no, obiara rentumi nsesa no.”+

9 Enti saa berɛ no, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛne Siwan,* da a ɛtɔ so 23 no, wɔfrɛfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ bae, na wɔtwerɛɛ deɛ Mordekai kaeɛ nyinaa kɔmaa Yudafoɔ no, ne ɔhene asoafoɔ,+ ne amradofoɔ, ne amantam no mu aberempɔn,+ ɛfiri India kɔsi Etiopia, amantam 127. Ɔmantam biara, wɔtwerɛɛ krataa no sɛdeɛ wɔn ntwerɛeɛ teɛ, na ɔman biara nso, wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ wɔn kasa teɛ, na Yudafoɔ no nso, wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ wɔn ntwerɛeɛ ne wɔn kasa teɛ.

10 Ɔtwerɛɛ nkrataa no wɔ Ɔhene Ahasweros din mu, na ɔde ɔhene ahyɛnsodeɛ kawa tintim so,+ na wɔde nkrataa no somaa nkurɔfoɔ maa wɔkɔkyekyɛe. Wɔtenatenaa apɔnkɔ a wɔde wɔn yɛ ɔhene adwuma so, apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare a wɔde wɔn kɔkyekyɛ nkrataa no. 11 Nkrataa no mu no, ɔhene maa Yudafoɔ a ɛwɔ nkuro nkuro no nyinaa mu kwan sɛ wɔmmoaboa wɔn ho ano na wɔnko mpere wɔn nkwa.* Ɔmaa wɔn kwan sɛ, sɛ ɛdɔm bi firi ɔman anaa ɔmantam bi mu ba bɛto hyɛ Yudafoɔ no so a, Yudafoɔ no nhye wɔn ase, wɔnkunkum wɔn, na wɔnsɛe wɔn, wɔne mmaa ne mmɔfra nyinaa, na wɔmfa wɔn agyapadeɛ.+ 12 Wɔhyɛɛ da bi a na wɔde bɛyɛ wei wɔ amantam a ɛhyɛ Ɔhene Ahasweros ase no nyinaa mu. Bosome a ɛtɔ so 12 a ɛne Adar* no da a ɛtɔ so 13 na wɔyi sii hɔ.+ 13 Krataa no mu nsɛm no, na wɔbɛma ayɛ mmara wɔ amantam no nyinaa mu, na na wɔbɛbɔ no dawuro wɔ aman no nyinaa mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yudafoɔ no bɛyɛ krado saa da no na wɔatua wɔn atamfo so ka.+ 14 Ɔhene asɛm no nti, abɔfoɔ no de mmirika ne ahoɔherɛ siim kɔe. Wɔtenatenaa apɔnkɔ a wɔde wɔn yɛ ɔhene adwuma so, apɔnkɔ a wɔde wɔn kɔkyekyɛ nkrataa no. Susan*+ abankɛseɛ mu* nso, wɔhyɛɛ mmara no bi wɔ hɔ.

15 Afei Mordekai firii ɔhene no anim kɔe, na na ɔhyɛ ahentaadeɛ bruu ne fitaa. Ná sika kɔkɔɔ ahenkyɛ fɛfɛɛfɛ hyɛ no, na na ɔsan hyɛ ataadeɛ ngugusoɔ papa a wɔde ntoma afasebire ayɛ.+ Na Susan* kuro no mufoɔ dii ahurisie. 16 Na Yudafoɔ no nyaa anidasoɔ,* wɔn ani gyee, wɔdii ahurisie, na wɔnyaa animuonyam. 17 Amantam no ne nkuro no nyinaa, baabiara a wɔtee ɔhene asɛm ne ne mmara no, Yudafoɔ a wɔwɔ hɔ no ani gyee, wɔbɔɔ ose, na wɔtoo pono dii ahurisie. Na asaase no so aman no mu nnipa pii kaa sɛ wɔyɛ Yudafoɔ,+ ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no ho hu atɔ wɔn so.

9 Berɛ a bosome a ɛtɔ so 12, kyerɛ sɛ, Adar* bosome no da a ɛtɔ so 13+ duruu sɛ wɔde ɔhene asɛm ne ne mmara yɛ adwuma,+ ɛda a na Yudafoɔ atamfo ani da so sɛ wɔbɛdi wɔn so no, nneɛma dane maa Yudafoɔ no mmom dii wɔn atamfo no so.+ 2 Yudafoɔ no boaboaa wɔn ho ano wɔ wɔn nkuro mu wɔ amantam a ɛhyɛ Ɔhene Ahasweros ase no nyinaa mu+ sɛ wɔrekɔto ahyɛ wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔyɛ wɔn bɔne no so, na obiara antumi annyina wɔn anim, ɛfiri sɛ na wɔn ho hu atɔ nnipa no nyinaa so.+ 3 Na amantam no mu aberempɔn ne ɔhene asoafoɔ+ ne amradofoɔ ne ɔhene adwumayɛfoɔ nyinaa boaa Yudafoɔ no, ɛfiri sɛ na wɔsuro Mordekai. 4 Saa berɛ no, na Mordekai anya tumi+ kɛseɛ wɔ ahemfie hɔ, na ne din duruu amantam no nyinaa mu, ɛfiri sɛ yɛ ara na na Mordekai tumi reyɛ kɛse.

5 Yudafoɔ no de sekan kunkum wɔn atamfo no sɛee wɔn nyinaa, na wɔde deɛ wɔpɛ biara yɛɛ wɔn atamfo no.+ 6 Yudafoɔ no kunkum mmarima 500 wɔ Susan*+ abankɛseɛ* no mu. 7 Afei nso, wɔkunkum Parsandata ne Dalfon ne Aspata 8 ne Porata ne Adalia ne Aridata 9 ne Parmasta ne Arisai ne Aridai ne Waisata 10 a wɔyɛ Hamedata ba Haman, Yudafoɔ tamfo no+ mma mmarima du no. Nanso berɛ a wɔkunkum wɔn wieeɛ no, wɔamfa wɔn agyapadeɛ biara.+

11 Saa da no, nnipa dodoɔ a wɔkunkum wɔn Susan* abankɛseɛ mu* no, wɔkɔka kyerɛɛ ɔhene.

12 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ester sɛ: “Yudafoɔ no akunkum mmarima 500 wɔ Susan* abankɛseɛ mu,* na wɔakunkum Haman mma du no nso. Ɔhene amantam a aka no nso ɛ? Deɛn na wɔayɛ wɔ hɔ?+ Seesei deɛn na wopɛ? Mɛyɛ ama wo. Deɛn na menyɛ nka ho mma wo? Ka, na mɛyɛ ama wo.” 13 Ɛnna Ester kaa sɛ: “Sɛ ɛbɛyɛ yie ama ɔhene a,+ anka ma Yudafoɔ a wɔwɔ Susan* no kwan na ɔkyena nso wɔnyɛ deɛ mmara maa wɔyɛɛ no nnɛ no bi,+ na wɔmfa Haman mma du no nso nsensɛn dua so.”+ 14 Enti ɔhene kaa sɛ wɔnyɛ saa, na wɔhyɛɛ mmara wɔ Susan,* na wɔsensɛn Haman mma du no.

15 Na Yudafoɔ a wɔwɔ Susan* no san boaboaa wɔn ho ano bosome Adar da a ɛtɔ so 14 no,+ na wɔkunkum mmarima 300 wɔ Susan,* nanso wɔamfa wɔn agyapadeɛ biara.

16 Na Yudafoɔ a aka a wɔwɔ ɔhene amantam mu no boaboaa wɔn ho ano, na wɔko peree wɔn nkwa.*+ Wɔyii wɔn atamfo no firii hɔ;+ wɔkunkum wɔn a wɔtan wɔn no 75,000, nanso wɔamfa wɔn agyapadeɛ biara. 17 Wɔyɛɛ wei Adar bosome no da a ɛtɔ so 13 no. Na da a ɛtɔ so 14 no wɔhomee, na ɛbɛyɛɛ apontoɔ ne anigyeɛ da.

18 Yudafoɔ a wɔwɔ Susan* no boaboaa wɔn ho ano da a ɛtɔ so 13+ ne da a ɛtɔ so 14+ no, na da a ɛtɔ so 15 no, wɔhomee na ɛyɛɛ apontoɔ ne anigyeɛ da. 19 Ɛno nti na Yudafoɔ a wɔtete nkuro nketewa mu no yii Adar bosome no da a ɛtɔ so 14 no sii hɔ sɛ anigyeɛ ne apontoɔ ne ahurisie da,+ ne ɛda a wɔde kyekyɛ aduane.+

20 Mordekai+ twerɛɛ deɛ ɛkɔɔ so no, na ɔde nkrataa kɔmaa Yudafoɔ a ɛwɔ amantam a ɛhyɛ Ɔhene Ahasweros ase no biara mu, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri nyinaa. 21 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkae Adar bosome no da a ɛtɔ so 14 ne da a ɛtɔ so 15 no, na wɔnhyɛ ho fã afe biara, 22 ɛfiri sɛ saa nna no, Yudafoɔ no home firii wɔn atamfo nsam, na saa bosome no, wɔn awerɛhoɔ danee anigyeɛ na wɔn su+ danee ahurisie. Ɔkaa sɛ wɔnhyɛ saa nna no ho fã sɛ apontoɔ ne anigyeɛ da ne berɛ a wɔkyekyɛ aduane, ne berɛ a wɔkyɛ ahiafoɔ adeɛ.

23 Enti Yudafoɔ no gye toom sɛ afahyɛ a wɔahyɛ aseɛ no, wɔbɛtoa so, na wɔbɛyɛ deɛ Mordekai twerɛ brɛɛ wɔn no. 24 Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ, na Agagni+ Hamedata ba Haman,+ Yudafoɔ nyinaa tamfo no abɔ pɔ sɛ ɔbɛsɛe Yudafoɔ no,+ na na wabɔ Pur+ anaa Ntonto sɛ wɔbɛma wɔn ani so atan wɔn na wasɛe wɔn. 25 Nanso berɛ a Ester kɔɔ ɔhene anim no, ɔhene maa wɔtwerɛɛ mmara sɛ:+ “Ma ɛpɔ a wabɔ sɛ ɔbɛsɛe Yudafoɔ no+ mmɔ ɔno ara ne tiri so.” Na wɔsɛn Haman ne ne mma wɔ dua so.+ 26 Ɛno nti na wɔfrɛɛ saa nna yi Purim, a ɛfiri edin Pur*+ mu no. Enti deɛ wɔatwerɛ wɔ krataa yi mu, ne deɛ ɛsisii a wɔhunuiɛ, ne deɛ aba wɔn so no nyinaa nti, 27 Yudafoɔ no yɛɛ mmara maa wɔn ho ne wɔn asefoɔ ne wɔn a wɔde wɔn ho bɛba abɛbɔ wɔn no nyinaa+ sɛ, afe biara, sɛ berɛ a wɔahyɛ no so a, sɛdeɛ ɛteɛ biara wɔbɛhyɛ saa nna mmienu no ho fã, na deɛ wɔatwerɛ afa ho no nso, wɔbɛyɛ. 28 Saa nna yi, na ɛsɛ sɛ awoɔ ntoatoasoɔ biara, abusua biara, ɔmantam biara, ne kuro biara kae, na wɔhyɛ ho fã. Purim nna no, na ɛnsɛ sɛ Yudafoɔ gyae die, na wɔn asefoɔ nso, na ɛnsɛ sɛ wɔgyae die.

29 Na Abihail ba Ɔhemmaa Ester ne Yudani Mordekai twerɛɛ krataa a ɛtɔ so mmienu faa Purim no ho, na wɔde tumi a wɔwɔ nyinaa taa krataa no akyi. 30 Na wɔde nkrataa kɔmaa Yudafoɔ a ɛwɔ amantam 127+ a ɛhyɛ Ahasweros ase no mu nyinaa.+ Asomdwoeɛsɛm ne nokwasɛm na na ɛwɔ nkrataa no mu. 31 Wɔde nkrataa no mu nsɛm sii so dua sɛ, sɛ berɛ so sɛ wɔhyɛ Purim nna no ho fã a, wɔnhyɛ fã no sɛdeɛ Yudani Mordekai ne Ɔhemmaa Ester kyerɛeɛ no.+ Afei nso, wɔnhyɛ fã no sɛdeɛ wɔn ankasa yɛɛ mmara maa wɔne wɔn asefoɔ* sɛ wɔbɛhyɛ fã no,+ na wɔmfa akɔnkyene*+ ne nkotosrɛ+ nka ho. 32 Na nsɛm a ɛfa Purim+ no ho no, ahyɛdeɛ a Ester de maeɛ no hyɛɛ mu den, na wɔtwerɛɛ wɔ nwoma mu.

10 Ɔhene Ahasweros de nnipa a wɔwɔ asaase no so ne nsupɔ so no yɛɛ nkoadwuma.

2 Na nneɛma akɛseɛ a ɔde ne tumi yɛeɛ, ne sɛdeɛ ɔhene pagyaa+ Mordekai+ maa no nyaa diberɛ kɛseɛ no ho nsɛm nyinaa, wɔatwerɛ no Media ne Persia+ ahemfo no abakɔsɛm nwoma+ mu. 3 Na Yudani Mordekai bɛyɛɛ Ɔhene Ahasweros abadiakyire. Ɔbɛyɛɛ onipa kɛseɛ wɔ Yudafoɔ mu, na ne nuanom nyinaa de anidie maa no. Ɔyɛɛ adwuma de boaa ne manfoɔ, na ɔyɛɛ deɛ ɛbɛma asi wɔn asefoɔ nyinaa yie.*

Wɔgye di sɛ ɔno ara ne Xerxes I, Dario Ɔkɛseɛ (Dario Hystaspis) ba no.

Anaa “Kus.”

Anaa “Susa.”

Anaa “ahemfie.”

Anaa “Susa.”

Anaa “ahemfie.”

Anaa “bobesa nkuruwa.”

Anaa “mma obiara nnsi obi kwan.”

Nt., “ɔhene akoma ani agye.”

Anaa “abotire.”

Anaa “wɔnim ɛsa a wɔatwa ato hɔ wɔ asɛnnie mu no.” Nt., “mmerɛ no.”

Anaa “wura.”

Anaa “mmaa mu.”

Anaa “Susa.”

Anaa “ahemfie.”

Anaa “ɔhene somfoɔ Hegai a wɔasa no.”

Anaa “Susa.”

Anaa “ahemfie.”

Ɛbɛtumi ayɛ Kis anaa Mordekai.

Wɔfrɛ no Yehoiakin wɔ 2Ah 24:8.

Ɛkyerɛ, “Ohwam Dua.”

Anaa “Susa.”

Anaa “ahemfie.”

Anaa “ɔnyaa ɔdɔ a ɛnni hwammɔ maa no.”

Anaa “mmaa mu.”

Anaa “mmaa mu.”

Anaa “mmaa mu.”

Anaa “mmaa mu.”

Anaa “ɔhene somfoɔ Saasgas a wɔasa no.”

Tete mmerɛ mu no, na wɔyɛ mmaa a wɔtɔ awareɛ so, kyerɛ sɛ, mmaa a nkurɔfoɔ aware wɔn aka wɔn yere ho.

Anaa “ɔhene somfoɔ Hegai a wɔasa no.”

Hwɛ Nkh. B15.

Anaa “ɔnyaa ɔdɔ a ɛnni hwammɔ maa no.”

Anaa “abotire.”

Anaa “mmabaawa.”

Nt., “wɔn nsa bɛka.”

Nt., “ɔpɛ sɛ ɔde ne nsa ka no.”

Hwɛ Nkh. B15.

Hwɛ Nkh. B15.

Anaa “wɔntwerɛ mmara.”

Dwetikɛseɛ baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Mɛtua dwetikɛseɛ 10,000 agu ɔhene fotoɔ mu ama wɔn a wɔyɛ adwuma yi.”

Anaa “Susa.”

Anaa “ahemfie.”

Anaa “Susa.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “wɔdii mmuada.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “n’asomfoɔ a wɔasa wɔn.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “asomfoɔ a wɔasa wɔn.”

Anaa “Susa.”

Anaa “amanehunu berɛ sei.”

Anaa “Susa.”

Bɛyɛ mita 22.3 (anm. 73). Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “ɔhene nna dwanee.”

Nt., “wɔn nsa bɛka.”

Nt., “firi Yudafoɔ aba mu.”

Anaa “kra.”

Bɛyɛ mita 22.3 (anm. 73). Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “ɔde ne nsa bɛka.”

Hwɛ Nkh. B15.

Anaa “kra.”

Hwɛ Nkh. B15.

Anaa “Susa.”

Anaa “ahemfie.”

Anaa “Susa.”

Nt., “hann.”

Hwɛ Nkh. B15.

Anaa “Susa.”

Anaa “ahemfie.”

Anaa “Susa.”

Anaa “ahemfie.”

Anaa “Susa.”

Anaa “ahemfie.”

Anaa “Susa.”

Anaa “Susa.”

Anaa “Susa.”

Anaa “Susa.”

Anaa “ko maa wɔn kra.”

Anaa “Susa.”

“Pur” kyerɛ “Ntonto.” “Purim” yɛ “Pur” dodoɔ kabea, na ɛno na ɛbɛyɛɛ edin a wɔde frɛɛ Yudafoɔ afahyɛ a na wɔdi no bosome a ɛtɔ so 12 wɔ wɔn som mu kalenda so no. Hwɛ Nkh. B15.

Anaa “sɛdeɛ wɔn ankasa de mmara kyekyeree wɔne wɔn asefoɔ kra.”

Anaa “mmuada.”

Nt., “na ɔkaa asomdwoeɛ maa wɔn asefoɔ nyinaa.”

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane