SOLOMON DWOM
(NNWOM MU DWOM)
1 Nnwom mu dwom;* ɛyɛ Solomon dwom:+
Wo din te sɛ ngohwam a wɔrehwie.+
Ɛno nti na mmabaawa dɔ wo no.
4 Fa me di w’akyi;* ma yɛntu mmirika.
Ɔhene de me aba ne mpia mu!
Ma yɛn ani nnye na yɛnni ahurisie.
Ma yɛnkamfo wo dɔ nsene nsã.*
Ɛnyɛ nwanwa sɛ wɔdɔ* wo saa.
5 O Yerusalem mma mmaa, meyɛ ɔbaa tuntum, nanso me ho yɛ fɛ,
6 Monnhwɛ me hãã, ɛsiane sɛ mebiri nti,
Ɛsiane sɛ awia ahye me nti.
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbaa a ɔde adeɛ akata n’anim,*
Na mekyinkyini wo nnamfonom nnwan mu?”
8 “O mmaa mu hoɔfɛfoɔ, sɛ wonnim hɔ a,
Kɔdi nnwan no anammɔn akyi
Na ma wo mpɔnkye mma nnidi wɔ nnwanhwɛfoɔ no ntomadan ho.”
9 “M’akomam hemmaa, m’ani so deɛ, wote sɛ pɔnkɔbedeɛ* a ɔtwe Farao nteaseɛnam.+
15 “Hwɛ, m’akomam hemmaa, wo ho yɛ fɛ!
Mese, ahoɔfɛ adware wo! W’ani te sɛ aburuburo ani.”+
16 “Aa! Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ, na wo ho nso twa.+
Ahabammono frɔmfrɔm na ɛyɛ yɛn mpa.
3 “Sɛdeɛ aprɛ dua teɛ wɔ kwaeɛ mu nnua mu no,
Saa ara na me dɔfo teɛ wɔ mmeranteɛ mu.
M’ani agyina sɛ mɛtena ne nwunu mu,
Na n’aduaba yɛ me dɛ.
Na ɔhim ne dɔ wɔ me so sɛ frankaa.
Monnkanyan ɔdɔ wɔ me mu kɔsi sɛ ne berɛ bɛso.+
8 Mete sɛ me dɔfo reba!
Hwɛ! Ɔno na ɔreba no,
Ɔreforo mmepɔ, na ɔrehuri tra nkokoɔ.
9 Me dɔfo te sɛ ɔtwe, ɔte sɛ wansane ba.+
Hwɛ, ɔno na ɔgyina yɛn dan akyi no,
Ɔrehwɛ mpomma mu,
Ɔde n’ani afa nkantankantan mu.
10 Me dɔfo kasae, ɔka kyerɛɛ me sɛ:
‘M’akomam hemmaa, sɔre ɛ,
Ahoɔfɛdua, bra ma yɛnkɔ.
Sutɔberɛ atwam; ɛkɔ.
M’akomam hemmaa, sɔre bra ɛ.
Ahoɔfɛdua, bra ma yɛnkɔ.
14 O m’aburuburo a wowɔ ɔbotan mu,+
Wo a wohyɛ bepɔ mu,
Ma menhu wo, na mente wo nne ɛ,+
Na wo nne yɛ dɛ, na wo ho twa.’”+
15 “Monkye sakraman no mma yɛn,
Sakraman nketewa a wɔresɛe yɛn bobefuo* no,
Ɛfiri sɛ yɛn bobe no agu nhyerɛnee.”
16 “Me dɔfo wɔ hɔ ma me, na me nso mewɔ hɔ ma no.+
Ɔrehwɛ ne nnwan+ wɔ nhwiren* mu.+
17 O me dɔfo, san bra ntɛm
Te sɛ ɔtwe+ anaa wansane mma+ a wɔwɔ mpaapaemu mmepɔ* so,
Ansa na mframa abɔ brɛoo,* ansa na sunsum ayera.
Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.+
Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.
3 Awɛmfoɔ a wɔnenam kurom no huu me.+
Ɛnna mebisaa wɔn sɛ, ‘Moahunu deɛ medɔ no no?’*
Monnkanyan ɔdɔ wɔ me mu kɔsi sɛ ne berɛ bɛso.”+
7 “Hwɛ! Ɛyɛ Solomon mpa.
Mmarima akatakyie 60 atwa ho ahyia,
Israel mmarima akatakyie.+
8 Sekan hyehyɛ wɔn nyinaa ho,
Wɔn nyinaa aben wɔ ɛko mu.
Obiara sekan bɔ n’asene,
Sekan a ɔde wɛn, anadwo nneɛma a ɛyɛ hu nti.”
10 Ɔde dwetɛ ayɛ ne nan,
Na ɔde sika kɔkɔɔ ayɛ ne nnyinasoɔ.
N’adwa yɛ ntoma afasebire;
Yerusalem mma mmaa
Adura emu nso fɛfɛɛfɛ.”
11 “O Sion mma mmaa, mompue.
Monkɔhwɛ Ɔhene Solomon
Sɛ wahyɛ ayeforɔ kyɛ* a ne maame+ yɛ maa no
Ɛda a ɔwareeɛ no,
Ɛda a n’akoma dii ahurisie no.”
4 “Hwɛ, m’akomam hemmaa, wo ho yɛ fɛ!
Mese, ahoɔfɛ adware wo!
W’ani te sɛ aburuburo ani wɔ wo nkataanimu mu.
Wo nwi yɛ fɛ te sɛ mpɔnkye a wɔabom yuu
A wɔresiane Gilead mmepɔ.+
2 Wo se yɛ fɛ te sɛ nnwankuo a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforɔ
A wɔadware wɔn seesei ara,
Nnwan a wɔn nyinaa awowo nta
A obiara ba nwuiɛ.
3 W’ano yɛ fɛ te sɛ ahoma kɔkɔɔ,
Na w’anom kasa yɛ dɛ.
4 Wo kɔn+ te sɛ Dawid abantenten,+
Abantenten a wɔde aboɔ ahyehyɛ,
Abantenten a akyɛm apem sensɛn ho,
Mmarima akatakyie akyɛm nyinaa.+
Siane firi Amana* atifi,
Siane firi Senir atifi; firi Hermon+ atifi siane,
Firi agyata buo no mu, na firi asebɔ mmepɔ no so siane.
9 Me nuabaa, m’ayeforɔ, woawia m’akoma,+
Wode w’ani ahwɛ me baako pɛ de awia m’akoma;
Adeɛ baako a ɛda wo kɔnmuadeɛ ano nti, m’akoma anane.
10 Wo dɔ yɛ fɛ,+ me nuabaa, m’ayeforɔ!
11 M’ayeforɔ, ɛwoɔ sosɔ firi w’ano.*+
Ɛwoɔ ne nufosuo wɔ wo kɛtrɛma ase,+
Na wo ntaadeɛ mu yɛ hwam te sɛ Lebanon hwa.
12 Me nuabaa no, m’ayeforɔ no, ɔte sɛ turo a wɔato mu,
Turo a wɔato mu, asutire a wɔatua ano.
13 Wo nkorabata* aso granate akutuo dɔsɔɔ; ɛte sɛ paradise.*
Nnuaba pa nko ara na ɛwom; lele ne nardo,
14 Nardo+ ne safron, sibire hwamhwam*+ ne sinamon,+
Ne ɛhyɛ* nnua nyinaa, kurobo ne pɛprɛ,+
Ne nnuhwam mu nnuhwam nyinaa.+
16 Atifi mframa, sɔre ɛ;
Anaafoɔ mframa, bra.
Bɛhome* gu me turo so.
Ma ne hwam nnye baabiara.”
“Ma me dɔfo mmra ne turom
Na ɔmmɛdi emu nnuaba pa.”
Matete me kurobo ne m’aduhwam.+
“Nnamfo pa, monnidi!
Monnom ɔdɔ na ɛmmo mo!”+
2 “Mada nanso m’akoma anyane.+
Mate sɛ me dɔfo rebɔ pono mu!”
‘Bue me, me nuabaa, m’akomam hemmaa,
M’aburuburo, wo ho twa!*
Bosuo ama me tirim afɔ,
Anadwo bosuo afɔ me tiri nwi.’+
3 Mayi m’ataadeɛ.
Mensan nhyɛ bio anaa?
Mahohoro me nan ho.
Mensan nyɛ ho fĩ bio anaa?
4 Ɛnna me dɔfo twee ne nsa firii ɛpono tokuro no mu,
Ne nti, me yam nkosua nyinaa bobɔe.
5 Mesɔree sɛ merekɔbue me dɔfo;
Me nsa ho kurobo sosɔe,
Kurobo nsuonsuo a ɛwɔ me nsateaa ho sosɔe,
Ɛsosɔ guu korɔkorɔ no ho.
6 Ɛnna mebuee ɛpono no sɛ me dɔfo mmra mu,
Nanso na me dɔfo adane ne ho; ná ɔkɔ.
Berɛ a mehuu sɛ ɔkɔ no, ɛbubuu me.*
Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.+
Mefrɛɛ no, nanso wannye me so.
7 Awɛmfoɔ a wɔnenam kuro no mu huu me.
Wɔbobɔɔ me, wɔpirapiraa me.
Awɛmfoɔ a wɔwɛn afasuo no yii me nkataanimu.
8 O Yerusalem mma mmaa, meka ntam gu mo so sɛ:
Sɛ mohu me dɔfo a,
Monka nkyerɛ no sɛ, ɔdɔ abɔ me yareɛ.”
9 “O mmaa mu hoɔfɛfoɔ,
Deɛn koraa na wo dɔfo de kyɛn ɔdɔfo foforɔ biara?
Deɛn koraa na wo dɔfo de kyɛn ɔdɔfo foforɔ biara
A enti woaka ntam a ɛnte sɛɛ agu yɛn so yi?”
11 Ne ti yɛ sika kɔkɔɔ, sika kɔkɔɔ amapa.
Ne tiri nwi te sɛ ɛberɛ a ɛredi ahim,*
Ɛyɛ tumm sɛ kwaakwaadabi.
12 N’ani te sɛ mmuruburo a wɔwɔ nsuo ho,
Mmuruburo a wɔredware nufosuo mu,
Mmuruburo a wɔsisi nsuo ano.*
N’ano yɛ nhwiren;* ɛsosɔ kurobo.*+
14 Ne nsateaa yɛ sika kɔkɔɔ a wɔde sikabereɛboɔ ahyehyɛ mu,
Ne yafunu yɛ asonse* a wɔatwi ho a wɔde hoaboɔ adura ho.
15 Ne nan yɛ abohemmaa adum a ne nnyinasoɔ yɛ sika kɔkɔɔ amapa.
N’ahoɔfɛ te sɛ Lebanon; ɔda mu fua te sɛ Lebanon sida nnua.+
Yerusalem mma mmaa, wei ne me dɔfo; ɔdɔ-yɛ-wu.”
6 “O mmaa mu hoɔfɛfoɔ,
Ɛhe na wo dɔfo kɔ?
Ɛhe na wo dɔfo de n’ani akyerɛ?
Ma yɛne wo nyinaa nkɔhwehwɛ no.”
Ɔrehwɛ ne nnwan wɔ nhwiren* mu.”+
4 “M’akomam hemmaa,+ wo ho yɛ fɛ te sɛ Tirsa,*+
Wo ho twa te sɛ Yerusalem,+
Wote sɛ asraafoɔdɔm a wɔahyia wɔ wɔn frankaa ase; mehu wo a, na mabɔ birim.+
Wo nwi yɛ fɛ te sɛ mpɔnkye a wɔabom yuu
A wɔresiane Gilead mmepɔ.+
6 Wo se yɛ fɛ te sɛ nnwankuo
A wɔadware wɔn seesei ara,
Nnwan a wɔn nyinaa awowo nta
A obiara ba nwuiɛ.
9 Nanso baako pɛ na ɔyɛ m’aburuburo+ a ne ho twa.*
Ɔno na ɔda ne maame akoma so,
Ɔyɛ ne maame a ɔwoo no no dɔba.*
Mmabaawa hu no, na wɔyi no ayɛ;
Ahemmaa ne mpenafoɔ hu no, na wɔkamfo no.
10 ‘Ɔbaa bɛn na ɔhyerɛn* sɛ adekyeeɛ,
A ne ho yɛ fɛ te sɛ bosome a atwa puduo yi?
Ɔhyerɛn sɛ awia;
Ɔte sɛ asraafoɔdɔm a wɔahyia wɔ wɔn frankaa ase; wohu no a, na woabɔ birim.’”+
Kɔhwɛɛ nnua a afefɛ wɔ subɔn mu,
Mekɔhwɛɛ sɛ bobe afefɛ anaa,
Mekɔhwɛɛ sɛ granate akutuo nnua agu nhyerɛnee a.
13 “O Sulamni ababaawa, san bra, san bra!
San bra, san bra ɛ!
Bra ma yɛnhwɛ w’ahoɔfɛ!”
“Adɛn nti na mohwɛ Sulamni ababaawa no saa?”+
“Ɔte sɛ akuo mmienu asa!”*
7 “O ababaawa, ɔdehyeɛ,
Wo nan ne mpaboa, ɛyɛ fɛ sɛ!
Wo srɛ yɛ fɛ te sɛ agudeɛ,
Ɛte sɛ odwumfoɔ nsa ano adwuma.
2 Wo funuma te sɛ koraa kurukuruwa.
Nsã* a wɔafra rempa mu da.
Wo yafunu te sɛ hwiit a ɛsum hɔ,
A nhwiren* atwa ho ahyia.
4 Wo kɔn+ te sɛ abantenten a wɔde asonse* asi.+
Wo hwene te sɛ Lebanon abantenten
A ɛhwɛ Damasko.
Nwi a ɛgu wo kɔn akyi nti, ɔhene nte wo ho gyae.
6 Wo ho yɛ fɛ, na wo ho yɛ anika,
O ababaawa a medɔ wo; wokyɛn afɛfɛdeɛ nyinaa!
8 Mekaa sɛ, ‘Mɛforo abɛ dua no,
Na makɔsɔ ne mpapa mu.’
Ma wo nufo nyɛ sɛ bobe sia,
Na wo hwenem hwa nyɛ sɛ aprɛ,
9 Na w’anom* nyɛ sɛ nsã* papa paa.”
“Ma ɛnkɔ yɔɔ mma me dɔfo,
Na ɛnsɔne ngu wɔn a wɔada anom brɛoo.
12 Ma yɛnsɔre anɔpatutuutu na yɛnkɔ bobefuo* mu,
Ma yɛnkɔhwɛ sɛ bobe afefɛ a,
Ma yɛnkɔhwɛ sɛ agu nhyerɛnee a,+
Ɛhɔ na mɛkyerɛ wo me dɔ.+
Foforɔ ne dada nyinaa,
Mede asie ama wo, O me dɔfo.
8 “Menyae a, anka wote sɛ me nuabarima,
Me nuabarima a ɔnom me maame nufo.
Anka mehu wo abɔnten a, mɛfe w’ano,+
Na obiara remmu me animtia.
4 O Yerusalem mma mmaa, meka ntam gu mo so sɛ:
Monnkanyan ɔdɔ wɔ me mu kɔsi sɛ ne berɛ bɛso.”+
5 “Hwan na ɔfiri serɛ so reba,
A ne tiri da ne dɔfo so yi?”
“Aprɛ dua ase na menyanee wo.
Ɛhɔ na awoɔ kaa wo maame.
Ɛhɔ na awoɔ kaa deɛ ɔwoo wo no.
6 Fa me yɛ ahyɛnsodeɛ to w’akoma so,
Na fa me si wo basa so sɛ ahyɛnsodeɛ,
Ɛfiri sɛ ɔdɔ ho yɛ den te sɛ owuo,+
Na sɛ obi de n’akoma ma obi a, ɛte sɛ deɛ Adamena* kura adeɛ mu; ɛnnyaa mu da.
Ɛte sɛ egya a ɛredɛre buruburuburu, Yah* gyaframa.+
Sɛ ɔbarima bi de ne fie agyapadeɛ nyinaa mpo ma sɛ ɔde bɛtɔ ɔdɔ a,
Wɔbɛbu no* adehunu koraa.”
Ɛda a obi bɛbisa n’ase no,
Deɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabaa yi?”
9 “Sɛ ɔyɛ fasuo a,
Yɛde dwetɛ bɛsi abantenten asi ne so,
Na sɛ ɔyɛ ɛpono a,
Yɛde sida dua ntaaboɔ bɛbram n’akyi.”
10 “Meyɛ ɔfasuo,
Na me nufo te sɛ abantenten.
Enti n’ani so deɛ,
Mete sɛ obi a n’asom adwo no.
11 Ná Solomon wɔ bobefuo* bi+ wɔ Baal-Hamon.
Ɔde bobefuo no maa ahwɛfoɔ.
Na sɛ wɔte so aba a, wɔn mu biara de nnwetɛbena apem ba.
12 Mewɔ me bobefuo; ɛyɛ me ara me dea.
Nnwetɛbena apem* no yɛ wo dea, O Solomon,
Na ahanu yɛ wɔn a wɔhwɛ bobefuo aba no so no dea.”
Ma me nso mente wo nne.”+
Anaa “Dwom a ɛsene biara.”
Anaa “bobesa.”
Nt., “Twe me di w’akyi.”
Anaa “bobesa.”
Kyerɛ sɛ, mmabaawa no.
Anaa “bobeturo.”
Anaa “Wo a me kra dɔ wo.”
Anaa “ɔbaa a ɔde awerɛhoɔ ntoma akata n’anim.”
Anaa “me pɔnkɔ bedeɛ.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “W’afono yɛ fɛ wɔ mmɛsa mu.”
Anaa “abotire.”
Nt., “nardo.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Dua bi a wɔyam n’ahaban de yeyɛ nsa ne nan ho ma ɛyɛ kɔkɔɔ. Wɔtumi nso de hyɛ nneɛma foforɔ ma ɛyɛ kɔɔ.
Anaa “fie kɛseɛ.”
Anaa “yɛn mpuna.”
Anaa “Sukooko.”
Anaa “sukooko.”
Nt., “nsã dan mu.”
Anaa “wansane bedeɛ.”
Anaa “sutɔberɛ.”
Anaa “bobeturo.”
Anaa “sukooko.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Beter mmepɔ.” Anaa “mmepɔ a emu apaapae.”
Nt., “ɛda no ahome.” Anaa “enwunu adwo.”
Anaa “deɛ me kra dɔ no no.”
Anaa “deɛ me kra dɔ no no.”
Anaa “deɛ me kra dɔ no no?”
Anaa “deɛ me kra dɔ no no.”
Anaa “pia.”
Anaa “wansane bedeɛ.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛyɛ adeɛ bi a ntoma kata ho a wɔde soa ɔhene anaa onipa titire bi.
Anaa “nhwiren abotire.”
Anaa “W’asontorɔm.”
Anaa “pomegranate.”
Anaa “sukooko.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “kokoɔ.”
Nt., “ɛda no ahome.” Anaa “onwunu adwo.”
Anaa “Mmepɔ a Ɛne Lebanon Mmepɔ Di Nhwɛanimu no.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “w’ano sosɔ sɛ ɛwoɔkyɛm.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “honam.”
Anaa “turo.”
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛyɛ hwam. Nanso obiara nhyɛ da nnim afifideɛ pɔtee a ɛyɛ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Bɛbɔ brɛoo.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “dɛm biara nni wo ho!”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Berɛ a ɔrekasa no, me ho mmoaa nyinaa dwanee.”
Anaa “ɔyɛ kɔkɔɔ.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “adɔbɛ aba.”
Anaa “asukɔn so.”
Anaa “sukooko.”
Anaa “kurobo nsuonsuo.”
Anaa “ɔsono se.”
Nt., “ne dodom.”
Anaa “sukooko.”
Anaa “sukooko.”
Anaa “Anika Kuro.”
Anaa “W’asontorɔm.”
Anaa “pomegranate.”
Tete mmerɛ mu no, na wɔyɛ mmaa a wɔtɔ awareɛ so, kyerɛ sɛ, mmaa a nkurɔfoɔ aware wɔn aka wɔn yere ho.
Anaa “dɛm biara nni ne ho.”
Nt., “deɛ asɛm biara nni ne ho.”
Nt., “ɔhwɛ fam.”
Ná dua a wɔreka ho asɛm yi wɔ Israel, na ɛte sɛ atea.
Anaa “me kra.”
Anaa “ayamyɛfoɔ.”
Anaa “Ɔte sɛ Mahanaim asa!”
Anaa “Bobesa.”
Anaa “sukooko.”
Anaa “ɔsono se.”
Nt., “wo ti.”
Nt., “wo dodom.”
Anaa “bobesa.”
Dua bi a wɔyam n’ahaban de yeyɛ nsa ne nan ho ma ɛyɛ kɔkɔɔ. Wɔtumi nso de hyɛ nneɛma foforɔ ma ɛyɛ kɔɔ.
Anaa “bobeturo.”
Anaa “pomegranate.”
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ntɔmmɔ anaa aborɔdwommaa a ɛso aba. Ná nkurɔfoɔ susu sɛ ɛma awoɔ.
Anaa “bobesa.”
Anaa “Pomegranate.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
“Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tia.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɔbarima no.”
Anaa “bobeturo.”
Nt., “Apem no.”