HOSEA
1 Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Beeri ba Hosea* nie. Ɔka kyerɛɛ no wɔ Yuda ahemfo+ Usia+ ne Yotam+ ne Ahas+ ne Hesekia+ ne Israel hene Yeroboam+ a ɔyɛ Yoas ba+ no berɛ so. 2 Berɛ a Yehowa firii aseɛ kasa faa Hosea so no, Yehowa ka kyerɛɛ Hosea sɛ: “Kɔ na kɔware ɔbaa dwamanfoɔ.* Wobɛnya adwaman mma, ɛfiri sɛ adwamammɔ nti, asaase no atwe ne ho afiri Yehowa ho koraa.”+
3 Enti ɔkɔwaree Diblaim babaa Gomer, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima maa no.
4 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Hosea sɛ: “To ne din Yesreel,* ɛfiri sɛ aka kakraa bi, mɛma Yehu fie abu Yesreel mogyahwieguo ho akonta,+ na mama Israel fie ahennie to atwa.+ 5 Saa da no, mɛbubu Israel agyan mu wɔ Yesreel Bɔn mu.”*
6 Na ɔsan nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabaa. Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Hosea sɛ: “To ne din Lo-Ruhama,* ɛfiri sɛ merenhu Israel fie mmɔbɔ bio,+ na deɛ ɛbɛyɛ biara, mɛpamo wɔn.+ 7 Nanso mɛhu Yuda fie mmɔbɔ,+ na me, Yehowa wɔn Nyankopɔn, mɛgye wɔn.+ Ɛnyɛ agyan anaa sekan anaa ɛko anaa apɔnkɔ anaa mmarima a wɔtete apɔnkɔ so na mede bɛgye wɔn.”+
8 Berɛ a Gomer twaa Lo-Ruhama nufoɔ no, ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima. 9 Na Onyankopɔn kaa sɛ: “To ne din Lo-Ami,* ɛfiri sɛ ɛnyɛ me man ne mo, na menyɛ mo Nyankopɔn.
10 “Na Israelfoɔ* bɛdɔɔso te sɛ mpoano anwea a ɛnni ano a wɔntumi nkan.+ Na baabi a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ɛnyɛ me man ne mo’ no,+ ɛhɔ ara na wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Onyankopɔn teasefoɔ no mma.’+ 11 Na wɔbɛka Yudafoɔ ne Israelfoɔ abom ayɛ wɔn baako,+ na wɔbɛyi baako adi wɔn anim na wɔafiri asaase no so aba.* Na Yesreel da no bɛyɛ da kɛseɛ.+
2 “Monka nkyerɛ mo nua mmarima sɛ, ‘Me man!’*+
Na monka nkyerɛ mo nua mmaa sɛ, ‘O ɔbaa a wɔahu no mmɔbɔ!’*+
Ɔnyi n’adwamammɔ* no mfiri ne ho,
Na ɔnyi n’awaresɛeɛ no mfiri ne nufo ntam,
3 Anyɛ saa a, mɛpa ne ho ama wada adagya te sɛ ɛda a wɔwoo no no.
Mɛma no ayɛ sɛ serɛ so,
Na mɛma no ayɛ sɛ asaase a ɛso awo,
Na mɛma sukɔm aku no.
4 Na merenhu ne mma mmɔbɔ,
Ɛfiri sɛ wɔyɛ adwaman mma.
Deɛ ɔnyinsɛn wɔn no ayɛ aniwudeɛ,+ ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ,
‘Mɛkɔ akɔdi me mpenafoɔ akyi;+
Wɔn na wɔma me m’aduane ne me nsuo,
Ne me kuntu ne me ntoma ne me ngo ne me nsã.’
6 Enti mede nkasɛɛ bɛgye ban asi wo kwan;
Na mede aboɔ bɛto fasuo asi no kwan,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrenhunu kwan.
8 Wanhunu sɛ me na memaa no hwiit*+ ne bobesa foforɔ ne ngo,
Na wanhunu sɛ me na memaa no dwetɛ pii,
Ɛne sika kɔkɔɔ a wɔde som Baal no.+
9 ‘Ɛno nti, mɛsan aba, na mabɛgye me hwiit* afiri ne nsam twaberɛ mu,
Na mɛgye me bobesa foforɔ afiri ne nsam berɛ a wɔtete bobe,+
Na mɛyi me kuntu ne me ntoma a ɔde kata n’adagya so no afiri ne ho.
11 Mɛma n’anigyeɛ nyinaa to atwa,
N’afahyɛ ahodoɔ,+ n’abosome foforɔ, ne home nna, ne ne nnapɔnna nyinaa, ɛtoɔ bɛtwa.
12 Na mɛsɛe ne bobe nnua ne ne borɔdɔma nnua. Saa nnua no, ɔkaa ho asɛm sɛ:
“Ɛyɛ m’akatua; me mpenafoɔ na ɛde maa me.”
Mɛdane no kwaeɛ,
Na wuram mmoa awe.
13 Na mɛma no abu nna a ɔbɔɔ afɔreɛ maa Baal ahoni no ho akonta,+
Nna a ɔde nkawa ne agudeɛ siesiee ne ho, na ɔkɔdii ne mpenafoɔ akyi no.
Na me deɛ, ne werɛ fii me,’+ Yehowa asɛm nie.
15 Ɛfiri saa berɛ no rekɔ no, mɛsan de ne bobefuo* ama no,+
Na mɛma no afa Akor Bɔn no mu*+ akɔ anidasoɔ mu;
Ɔbɛgye so wɔ hɔ sɛdeɛ ɔyɛɛ ne mmabaaberɛm no,
Te sɛ berɛ a ɔfiri Egypt asaase so baeɛ no.’+
18 Saa da no, me ne wuram mmoa bɛyɛ apam ama wɔn,+
Na me ne wiem nnomaa, ne mmoa a wɔwea fam bɛyɛ apam ama wɔn;+
Mɛyi agyan ne sekan ne akodie afiri asaase no so,+
Na mɛma wɔatena hɔ dwoodwoo.+
19 Mɛgye wo awareɛ,* na woayɛ me dea daa;
Meka ntam sɛ me ne wo bɛtena tenenee ne atɛntenenee mu,
Na mada ɔdɔ a ɛnni hwammɔ ne mmɔborɔhunu adi akyerɛ wo.+
21 Yehowa asɛm nie: ‘Saa da no, mɛgye so;
Mɛgye ɔsoro so,
Na ɔsoro nso agye asaase so;+
Na wɔbɛka sɛ: “Woyɛ me Nyankopɔn.”’”+
3 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “San kɔ, kɔdɔ ɔbaa a ɔbarima foforɔ dɔ no, ɔbaa a wasɛe awareɛ no.+ Kɔdɔ no sɛdeɛ Yehowa dɔɔ Israelfoɔ+ berɛ a wɔfirii n’akyi kɔdii anyame foforɔ akyi,+ a wɔn ani gyee bobe keeki* ho no.”
2 Enti mede nnwetɛbena 15 ne baali* homar susudeɛ* baako ne fã kɔtɔɔ no. 3 Ɛnna meka kyerɛɛ no sɛ: “Wobɛyɛ me dea nna pii. Mmɔ adwaman* bio, na wo ne ɔbarima foforɔ nnkɔda, na me nso saa ara na me ne wo bɛtena.”*
4 Ná Israelfoɔ bɛtena hɔ nna pii a wɔrennya ɔhene+ anaa ɔberempɔn, wɔremmɔ afɔreɛ, wɔrennya bosom dum anaa efɔd*+ anaa terafim honi* biara.+ 5 Ɛno akyi no, Israelfoɔ bɛsan aba, na wɔabɛhwehwɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn+ ne wɔn hene Dawid.+ Na wɔde ahopopoɔ bɛba Yehowa nkyɛn abɛhwehwɛ ne papayɛ wɔ awieeɛ nna no mu.+
4 O Israelfoɔ, montie Yehowa asɛm,
Na Yehowa ne asaase no sofoɔ anya asɛm,+
Ɛfiri sɛ nokorɛ ne ɔdɔ a ɛnni hwammɔ ne Onyankopɔn ho nimdeɛ nni asaase no so.+
2 Ntam hunu ne atorɔdie+ ne awudie+
Ne korɔno ne awaresɛeɛ+ adɔɔso,
Mogyahwieguo di mogyahwieguo akyi.+
3 Ɛno nti, asaase no bɛdi awerɛhoɔ,+
Na wɔn a wɔtete so nyinaa bɛsɛe;
Wuram mmoa ne wiem nnomaa nyinaa bɛwuwu,
Na ɛpo mu mpataa mpo bɛwuwu.
4 “Nanso, mma obi ne obi nnni asie, na mma obi nnka obi anim,+
Ɛfiri sɛ wo man te sɛ wɔn a wɔne ɔsɔfoɔ di asie.+
5 Enti wobɛsunti awia ketee,
Na odiyifoɔ ne wo nyinaa bɛsunti te sɛ deɛ obi sunti anadwo.
Na mɛma wo maame aka n’ano atom.*
6 Me man bɛka wɔn ano atom,* ɛfiri sɛ nimdeɛ abɔ wɔn.
Ɛsiane sɛ woapo nimdeɛ nti,+
Me nso meremma wonyɛ me sɔfoɔ bio;
Na ɛsiane sɛ wo werɛ afi wo Nyankopɔn mmara* nti,+
Me nso, me werɛ bɛfi wo mma.
7 Berɛ a wɔredɔɔso no, na bɔne a wɔyɛ tia me nso redɔɔso.+
Mɛma wɔn animuonyam adane animguaseɛ.*
9 Deɛ ɛbɛto ɔman no, ɛno ara na ɛbɛto ɔsɔfoɔ;
Mɛma wɔabu wɔn abrabɔ* ho akonta,
Na mɛma wɔatwa wɔn nneyɛɛ so aba.+
Wɔbɛbobɔ adwaman, nanso wɔn ase rentrɛ,+
Ɛfiri sɛ wɔmfa Yehowa nyɛ hwee.
12 Me man kɔ abisa wɔ wɔn abosom a wɔde dua ayɛ nkyɛn,
Deɛ wɔn poma* ka kyerɛ wɔn no, ɛno na wɔyɛ;
Ɛfiri sɛ adwaman* honhom ama wɔayera,
Na wɔn adwamammɔ* nti, wɔmpɛ sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ama wɔn Nyankopɔn.
13 Wɔbɔ afɔreɛ wɔ mmepɔ atifi,+
Na wɔhye afɔrebɔdeɛ ma ɛpu wisie wɔ nkokoɔ so,
Wɔyɛ saa wɔ odum ne duafufuo* ne odupɔn* biara ase,+
Ɛfiri sɛ ne nyinaa nwunu yɛ.
Ɛno nti na mo mma mmaa bɔ adwaman*
Na mo nsenom sɛe awareɛ no.
Ɛfiri sɛ mmarima no ne tuutuufoɔ kɔhyɛ baabi,
Na wɔne asɔrefie tuutuufoɔ na ɛbɔ afɔreɛ;
Ɔman a wɔte saa a wɔnni nteaseɛ no,+ wɔbɛsɛe wɔn.
16 Ɛfiri sɛ Israel aso ayɛ den te sɛ nantwie a wasoro.+
Afei na Yehowa rebɛyɛn wɔn te sɛ odwennini kumaa wɔ serɛ* so anaa?
Enti monnyaa no!
19 Mframa de ne ntaban bɛbɔ no akɔ,
Na wɔn ani bɛwu wɔn afɔreɛ ho.”
O Israel fie, monyɛ aso,
O ɔhene fiefoɔ, montie,
Na atemmuo no fa mo ho;
Ɛfiri sɛ moyɛ fidie ma Mispa,
3 Menim Efraim,
Na Israel nso, m’ani tua no.
Na wo, O Efraim, woabɔ adwaman;
Israel agu ne ho fĩ.+
4 Wɔn nneyɛɛ nti, wɔntumi nsan mma wɔn Nyankopɔn nkyɛn,
Ɛfiri sɛ adwamammɔ* honhom wɔ wɔn mu;+
Na wɔmfa Yehowa nyɛ hwee.
5 Israel ahantan adi adanseɛ atia no;*+
Israel ne Efraim nyinaa bɔne ama wɔasunti,
Na Yuda nso ne wɔn asunti.+
6 Wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie kɔhwehwɛɛ Yehowa,
Nanso wɔanhu no,
Ɛfiri sɛ na watwe ne ho afiri wɔn ho.+
Enti bosome baako bɛmene wɔne wɔn agyapadeɛ* nyinaa.*
8 Mommɔ abɛn+ wɔ Gibea, monhyɛn totorobɛnto wɔ Rama!+
Monteam dendeenden wɔ Bet-Awen;+ O Benyamin, di animu!
9 O Efraim, da a wɔbɛtwe w’aso no, nkurɔfoɔ bɛhu wo abɔ hu,+
Mama Israel mmusuakuo ahunu deɛ ɛbɛba wɔn so ɛkwan biara so.
10 Yuda aberempɔn te sɛ wɔn a wɔpiapia hyeɛ.+
Mɛhwie m’abufuo agu wɔn so te sɛ nsuo.
12 Enti meyɛɛ sɛ nweweboaa maa Efraim,
Na meyɛɛ sɛ porɔeɛ maa Yuda fie.
13 Berɛ a Efraim huu ne yareɛ, na Yuda huu ne kuro no,
Efraim kɔɔ Asiria,+ na ɔsoma kɔɔ ɔhenkɛseɛ bi nkyɛn.
Nanso wantumi ansa mo yareɛ,
Na wantumi amma mo kuro no anwu.
Sɛ ebi kã wɔn ani a, wɔbɛhwehwɛ m’akyiri akwan.”+
Wapirapira yɛn, nanso ɔbɛkyekyere yɛn akuro.
2 Nnanu akyi, ɔbɛma yɛanya nkwa.
Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, ɔbɛma yɛn so,
Na yɛbɛtena ase wɔ n’anim.
3 Yɛbɛhu Yehowa, yɛbɛhwehwɛ no dendeenden ahu no.
Sɛdeɛ adekyeeɛ nni hwammɔ no, saa ara na ɔbɛfiri adi;
Ɔbɛba yɛn nkyɛn te sɛ nsuo a ɛretɔ dendeenden,
Te sɛ fefɛ berɛ mu nsuo* a ɛfɔ asaase.”
4 “Efraim, deɛn na menyɛ wo?
Yuda, deɛn na menyɛ wo?
Ɛfiri sɛ mo dɔ a ɛnni hwammɔ te sɛ anɔpa mununkum,
Ɛte sɛ bosuo a ɛyera ntɛm.
Na atemmuo a ɛbɛba wo so no bɛhyerɛn te sɛ kanea.+
7 Nanso wɔabu apam no so te sɛ onipa dasani,+
Na ɛhɔ na wɔayi me ama.
9 Asɔfokuo no te sɛ akorɔmfo-werɛmfoɔ dɔm a wɔtetɛ nnipa.
Wɔkum nnipa wɔ Sekem kwan so,+
Na wɔn suban yɛ aniwu.
10 Mahunu biribi wɔ Israel fie ama me ho adwiri me.
11 Na wo, O Yuda, wo deɛ, wɔayi twaberɛ bi asi hɔ ama wo.
Saa berɛ no, me manfoɔ a wɔakye wɔn kɔ no, mɛboaboa wɔn ano
asan aba.”+
7 “Berɛ biara a mɛyɛ sɛ meresa Israel yareɛ no,
Efraim nso bɔne da adi,+
Na Samaria nso amumuyɛ da adi.+
Ɛfiri sɛ wɔyɛ nnaadaafoɔ;+
Akorɔmfoɔ bubu kɔ afie mu, na akorɔmfo-werɛmfoɔ hwim nneɛma wɔ mmɔnten so.+
2 Nanso ɛmma wɔn akomam da sɛ mɛkae wɔn bɔne no nyinaa.+
Afei wɔn nneyɛɛ atwa wɔn ho ahyia;
Ɛwɔ m’anim pɛɛ.
3 Wɔn bɔne ma ɔhene di ahurisie,
Na wɔn nnaadaa ma aberempɔn ani gye.
4 Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ,
Wɔdɛre te sɛ gya a paanootofoɔ asɔ wɔ fononoo mu.
Sɛ ɔfete esiam no wie a, ɔnka gya nhyɛm bio kɔsi sɛ esiam a wɔafete no mu bɛka.
Ɔne fɛdifoɔ na ɛdi nsawɔsoɔ.
6 Na wɔde akoma a ɛredɛre te sɛ fononoo mu gya na ɛba.*
Deɛ ɔtõ paanoo no da anadwo mu nyinaa;
Ɛduru anɔpa a, fononoo no mu gya dɛre te sɛ gyaframa.
8 Efraim de ne ho afra amanaman no.+
Efraim te sɛ keeki kurukuruwa a wɔankusa.*
9 Ahɔhoɔ atwe n’ahoɔden nyinaa,+ nanso ɔnnim.
Dwene ayɛ ne tiri so fitaa, nanso ɔnhunui.
10 Israel ahantan adi adanseɛ atia no,+
Nanso wɔnsan mmaa Yehowa wɔn Nyankopɔn nkyɛn,+
Na weinom nyinaa akyi, wɔnhwehwɛɛ no.
11 Efraim te sɛ aburuburo kwasea* a ɔnni adwene.*+
Wɔafrɛ Egypt;+ wɔkɔ Asiria nkyɛn.+
12 Baabiara a wɔbɛkɔ biara, mɛto m’atena* agu wɔn so.
Mɛtwe wɔn aba fam te sɛ wiem nnomaa.
Mɛtwe wɔn aso sɛdeɛ kɔkɔbɔ a wɔde ama wɔn asafo no teɛ.+
13 Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔadwane afiri m’anim!
Ɔsɛeɛ mmra wɔn so, ɛfiri sɛ wɔato me mmara!
Ná mayɛ krado sɛ mɛgye wɔn, nanso wɔaka me ho atosɛm.+
Wɔn hwiit* ne wɔn bobesa foforɔ nti, wɔtwitwa wɔn ho,
Na wɔte me so atua.
15 Mekyerɛkyerɛɛ wɔn, na mehyɛɛ wɔn basa mu den,
Nanso wɔsɔre tiaa me, na wɔbɔɔ me ho pɔ.
16 Wɔsesaa wɔn akwan, nanso wɔankɔ deɛ ɛkorɔn ho;*
Ná wɔte sɛ agyan a emu ago a wontumi mfa wo ho nto so.+
Wɔn aberempɔn bɛwuwu sekan ano, ɛfiri sɛ wɔn kɛtrɛma ka abususɛm.
Wei nti, nkurɔfoɔ bɛdi wɔn ho fɛ wɔ Egypt asaase so.”+
2 Wɔsu frɛ me sɛ, ‘O yɛn Nyankopɔn, yɛn Israelfoɔ deɛ, yɛnim wo!’+
Enti ma ɔtamfo nti no.
4 Wɔasisi ahemfo, nanso me nsa nnim.
Wɔasisi aberempɔn, nanso mannye antom.
5 O Samaria, wɔato wo nantwie ba atwene.+
M’abufuo adɛre wɔn so.+
Enti morentumi nyɛ adepa da?*
6 Wei firi Israel.
Samaria nantwie ba no, ɛnyɛ Onyankopɔn. Ɛyɛ biribi a odwumfoɔ ayɛ.
Wɔbɛbubu nantwie ba no pasapasa.
Sɛ wɔnya bi mpo a, ahɔhoɔ* na ɛbɛdi ne nyinaa.+
Wɔbɛyɛ sɛ kukuo bi a obiara mpɛ+
Wɔ amanaman no mu.
9 Wɔaforo kɔ Asiria+ te sɛ serɛ so afunumu a ɔno nko ara ate ne ho.
Efraim abɔ adɔfoɔ paa.+
10 Wɔbɔ wɔn paa firi amanaman no mu deɛ,
Nanso afei mɛboaboa wɔn ano;
Na ahemfo ne aberempɔn adesoa a wɔde bɛto wɔn so nti, wɔbɛfiri aseɛ ahunu amane.+
11 Efraim ama afɔrebukyia adɔɔso, na ama wayɛ bɔne.+
Ɔde afɔrebukyia no yɛɛ bɔne.+
13 Wɔde akyɛdeɛ* bɔ afɔreɛ ma me, na wɔwe nam no.
Nanso Yehowa ani nnye ho.+
Enti ɔbɛkae wɔn amumuyɛ, na watwe wɔn aso wɔn bɔne ho.+
14 Israel werɛ afi ne Yɛfoɔ,+ na wasisi adan ama abosom,+
Na Yuda ama ne nkuro a wɔabɔ ho ban adɔɔso.+
Nanso mɛsoma egya akɔ ne nkuro no mu,
Na aban atenten a ɛwɔ nkuro no mu no, ɛbɛhye ne nyinaa.”+
Ɛfiri sɛ tuutuusie* nti, woafiri wo Nyankopɔn akyi.+
Tuutuuni akatua a wonya wɔ ayuporobea biara no, ɛno na w’ani gye ho.+
3 Wɔrenkɔ so ntena Yehowa asaase so.+
Mmom, Efraim bɛsan akɔ Egypt,
Na wɔbɛdi deɛ ɛho nteɛ wɔ Asiria.+
4 Wɔrenhwie nsã* mmɔ afɔreɛ mma Yehowa bio,+
Na wɔn afɔreɛ rensɔ n’ani.+
Ɛte sɛ ayie berɛ mu aduane;
Obiara a ɔdi bi no ho bɛgu fĩ.
Wɔn aduane yɛ wɔn* nko ara dea;
Ɛremma Yehowa fie.
5 Nhyiamu da no, deɛn na mobɛyɛ?
Na Yehowa afahyɛ da no, deɛn na mobɛyɛ?
Egypt bɛboaboa wɔn ano,+ na Memfis asie wɔn.+
Wɔn nneɛma a ɛsom bo a wɔde dwetɛ ayɛ no, nsansono bɛgye abɔ so,
Na nkasɛɛ bɛgye wɔn ntomadan afa.
Wɔn diyifoɔ bɛyɛ kwasea, na wɔn nkɔmhyɛni bɛbɔ dam;
Mo bɔne bebrebe nti, wɔbɛtan mo bebree.”
8 Ná Efraim wɛmfoɔ+ no wɔ me Nyankopɔn nkyɛn.+
Nanso seesei, n’adiyifoɔ akwan nyinaa+ te sɛ anomaayifoɔ mfidie,
Na ɔtan wɔ ne Nyankopɔn fie.
9 Wɔasɛe pɔtɔɔ te sɛ Gibea nna no.+
Ɔbɛkae wɔn bɔne, na wɔn amumuyɛ nti, ɔbɛtwe wɔn aso.+
10 “Berɛ a mehuu Israel no, na ɛte sɛ deɛ manya serɛ so bobe.+
Berɛ a mehuu mo agyanom no, na ɛte sɛ deɛ manya borɔdɔma a ɛdi kan so wɔ afe no mu aba a ɛdi kan.
Nanso wɔkɔɔ Baal-Peor nkyɛn,+
Na wɔhyiraa wɔn ho so maa aniwudeɛ no.*+
Na wɔn ho yɛɛ abofono te sɛ adeɛ a wɔdɔ no no ara.
12 Na sɛ wɔhwɛ wɔn mma ma wɔnyini mpo a,
Mɛma wɔawuwu, na obiara renka.+
Ampa, sɛ metwe me ho firi wɔn ho a, wɔnnue!+
13 Berɛ a mehuu Efraim no, na ɔte sɛ Tiro.+ Ná wɔadua no wɔ mmoa adidibea frɔmfrɔm;
Nanso Efraim de ne mma bɛba ama wɔakunkum wɔn.”
15 “Wɔn bɔne nyinaa kɔɔ so wɔ Gilgal,+ enti ɛhɔ na metan wɔn.
Wɔn amumuyɛ nti, mɛpamo wɔn afiri me fie.+
Merennɔ wɔn bio.+
Wɔn aberempɔn nyinaa aso yɛ den.
Wɔn nhini bɛwo wesee, na wɔrenso aba biara.
Sɛ wɔwo mpo a, mɛkum wɔn mma a wɔdɔ wɔn no.”
10 “Israel yɛ bobe a ɛresɛe;* ɔso n’aba.+
N’aba redɔɔso no, na n’afɔrebukyia nso redɔɔso;+
Berɛ a n’asaase so nnɔbaeɛ redɔɔso no, na n’abosom adum reyɛ fɛ kɛse.+
Obi bɛba abɛbubu wɔn afɔrebukyia, na wasɛe wɔn abosom adum.
3 Afei wɔbɛka sɛ, ‘Yɛnni hene,+ ɛfiri sɛ yɛnsuro Yehowa.
Na deɛn na ɔhene bɛtumi ayɛ ama yɛn?’
4 Wɔkeka nsɛnhunu ne ntam hunu,+ na wɔyeyɛ apam;
Enti atɛn a wɔbuo no te sɛ nwura bɔne* a atrɛ wɔ afuo mu nkofie so.+
5 Bet-Awen nantwie ba honi no nti, Samariafoɔ bɛbɔ hu.+
Kurom hɔfoɔ bɛdi ho awerɛhoɔ,
Na ananafoɔ anyame akɔmfoɔ a na wɔdi ohoni no ne n’animuonyam ho ahurisie no, wɔn nso bɛdi awerɛhoɔ,
Ɛfiri sɛ wɔbɛtu n’ase afiri wɔn mu akɔ obi man so.
6 Wɔde bɛkɔ Asiria akɔkyɛ ɔhenkɛseɛ no.+
Efraim ani bɛwu,
Na afotuo a Israel tieeɛ nti, n’anim bɛgu ase.+
8 Bet-Awen sorɔnsorɔmmea*+ a ɛde Israel bɔne baeɛ no,+ wɔbɛsɛe no.+
Nkasɛɛ ne nwura* bɛfifi wɔ wɔn afɔrebukyia so.+
Nnipa bɛka akyerɛ mmepɔ sɛ, ‘Monkata yɛn so!’
Na wɔbɛka akyerɛ nkokoɔ sɛ, ‘Mommɛgu yɛn so!’+
9 O Israel, woayɛ bɔne firi Gibea berɛ so.+
Wɔansakra.*
Ɛko a wɔde baa asoɔden mma so wɔ Gibea no ansɛe wɔn koraa.
10 Berɛ a mepɛ na mɛtwe wɔn aso.
Na sɛ mede wɔn bɔne mmienu no sɛn wɔn kɔn mu* a,
Aman bɛboaboa wɔn ano aba wɔn so.
11 Ná Efraim yɛ nantwie a wɔatete no ama n’ani agye ho sɛ ɔbɛporo hwiit,
Enti mamma wamfa ne kɔn fɛfɛɛfɛ no anyɛ adwumaden.
Nanso afei mɛma obi atena Efraim so.*+
Yuda bɛfɛntɛm, na Yakob afuntum ama no.
12 Mongu aba wɔ tenenee mu, na montwa ɔdɔ a ɛnni hwammɔ.
Monnɔ afusaase mfa,+
Ɛnnɛ a berɛ wɔ hɔ a mobɛhwehwɛ Yehowa yi.+
Monhwehwɛ no nkɔsi sɛ ɔbɛba abɛkyerɛkyerɛ mo wɔ tenenee mu.+
13 Nanso moafɛntɛm amumuyɛ,
Moatwa bɔne,+
Na moadi nnaadaa aba.
Ɛfiri sɛ mode mo ho too mo ankasa mo kwan so,
Na mode mo ho too mo mmarima bebrebe a wɔnim ko no so.
14 Ɛko ho dede bɛba wo nkurɔfoɔ so,
Na wɔbɛsɛe wo nkuro a wɔabɔ ho ban no nyinaa,+
Sɛdeɛ Salman sɛee Arbel fie
Wɔ ɛko berɛ mu, berɛ a wɔtetee ɔbaatan mu kaa ne mma ho no.
15 Saa ara na wɔbɛyɛ mo, O Betelfoɔ,+ ɛfiri sɛ mo bɔne dɔɔso dodo.
Sɛdeɛ ɛteɛ biara, wɔbɛtwa Israel hene afiri hɔ* ahomakye.”+
Wɔkɔɔ so bɔɔ afɔreɛ maa Baal ahoni,+
Na wɔbɔɔ afɔreɛ maa ahoni.+
3 Nso me na mekyerɛɛ Efraim nanteɛ,+ na meturuu wɔn m’abasa so.+
Nanso wɔanhunu sɛ me na mesaa wɔn yareɛ.
4 Mekɔɔ so de nnipa nhoma* twee wɔn; ɔdɔ nhoma na mede twee wɔn.+
Mebɛyɛɛ sɛ obi a ɔyi kɔndua firi wɔn kɔn* ho ma wɔn,
Na mede brɛbrɛ maa wɔn mu biara aduane.
5 Wɔrensan nkɔ Egypt asaase so bio, na Asiria na ɛbɛyɛ wɔn hene,+
Ɛfiri sɛ na wɔmpɛ sɛ wɔsan ba me nkyɛn.+
6 Sekan bɛdi ahim wɔ ne nkuro mu;+
Ɛpɔ bɔne a wɔabɔ nti, sekan no bɛsɛe n’apono akyi nnadeɛ, na ɛbɛmene wɔn.+
7 Me man asi wɔn bo sɛ wɔrenni me nokorɛ.+
Wɔfrɛɛ wɔn Ɔsorosoroni no nkyɛn,* nanso obiara ansɔre.
O Israel, mɛyɛ dɛn ayi wo ama?
Mɛyɛ dɛn ayɛ wo sɛ Adma?
Mɛyɛ dɛn ayɛ wo sɛ Seboiim?+
9 Merenyi m’abufuo adi.
Merensɛe Efraim bio,+
Ɛfiri sɛ meyɛ Onyankopɔn, menyɛ onipa.
Mene Ɔkronkronni a ɔwɔ wo mu no;
Meremfa aniberɛ mma wo so.
11 Wɔde ahopopoɔ bɛfiri Egypt aba sɛ anomaa,
Na wɔbɛfiri Asiria asaase so aba te sɛ aburuburo.+
Na mɛma wɔatenatena wɔn afie mu,” Yehowa na aka.+
12 “Efraim aduane ne mframa.
Apueeɛ mframa akyi na ɔdi daa.
Wama atorɔ ne awudisɛm adɔɔso.
Na ɔbɛtua no ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ.+
4 Ɔne ɔbɔfoɔ peree so kɔsii sɛ ɔdii nkonim.
Ɔsui, na ɔpaa no kyɛw sɛ ɔnhyira no.”+
6 “Enti san bra wo Nyankopɔn nkyɛn.+
Kɔ so da ɔdɔ a ɛnni hwammɔ ne atɛntenenee adi,+
Na fa w’ani to wo Nyankopɔn so daa.
Na me brɛ nyinaa mu, wɔbɛhunu sɛ manni mfomsoɔ, na manyɛ bɔne biara.’
9 Mene Yehowa wo Nyankopɔn firi Egypt asaase so.+
Mɛsan ama woatena ntomadan mu
Te sɛ nna a wɔahyɛ no.*
11 Nnaadaa* ne atosɛm aba Gilead.+
14 Efraim ahyɛ Onyankopɔn abufuo paa;+
Ne mogyahwieguo aka ne so;
N’animguaseɛ nti, ne Wura bɛtua no ka.”+
Nanso Baal nti, ɔdii fɔ,+ na ɔwui.
2 Wɔasan ayɛ bɔne bio,
Wɔto wɔn bo ase yɛ abosom; ne nyinaa yɛ adwumfoɔ nsa ano adwuma.
Na wɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nnipa a wɔbɔ afɔreɛ no, ma wɔmfe anantwie mma no ano.’+
3 Enti wɔbɛyɛ sɛ anɔpa mununkum,
Te sɛ bosuo a ɛyera ntɛm,
Te sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ firi ayuporobea,
Na wɔbɛyɛ sɛ wisie a ɛpue firi tokuro mu wɔ ɛdan atifi.
4 Nanso mene Yehowa wo Nyankopɔn firi Egypt asaase so,+
Ná wonnim Onyankopɔn foforɔ biara ka me ho,
Na ɔgyefoɔ biara nni hɔ sɛ me.+
5 Berɛ a wowɔ serɛ so, asaase a ɛso awo so no, na menim wo.+
Ɛno nti, wɔn werɛ fii me.+
Na mɛwe wɔn wɔ hɔ te sɛ gyata;
Na wuram aboa bɛtete wɔn mu pasapasa.
9 O Israel, ɛbɛsɛe wo,
Ɛfiri sɛ woasɔre atia me, me a meyɛ wo boafoɔ no.
10 Afei wo hene no wɔ he? Ma no nnye wo wɔ wo nkuro nyinaa mu ɛ.+
Na wo mpanimfoɔ* a wokaa wɔn ho asɛm sɛ,
‘Ma me ɔhene ne aberempɔn’ no wɔ he?+
12 Wɔakyekyere Efraim amumuyɛ;
Wɔakora ne bɔne so.
13 Ɔbɛte yea te sɛ ɔbaa a ɔrewo.
Nanso ɔyɛ ɔba a ɔnnim nyansa;
Sɛ berɛ so sɛ wɔwo no a, ɔremma.
Owuo, adeɛ a wode wowɔ no wɔ he?+
Adamena, deɛ wode sɛe adeɛ no wɔ he?+
Mmɔborɔhunu bɛyera afiri m’anim.
15 Sɛ ɔso aba te sɛ demmire* mpo a,
Apueeɛ mframa, Yehowa mframa, bɛba.
Ɛfiri serɛ so reba, na ɛbɛma n’abura mu nsuo awe, na n’asutire bɛtwa.
Ɔno na ɔbɛfa n’agyapadeɛ a ɛsom bo a ɔde asie nyinaa.+
16 Wɔbɛbu Samaria fɔ,+ ɛfiri sɛ wasɔre atia ne Nyankopɔn.+
2 Monsan mmra Yehowa nkyɛn, na monka nkyerɛ no sɛ:
‘Fa yɛn bɔne kyɛ yɛn,+ na gye deɛ ɛyɛ,
Na yɛde yɛn ano bɛyi wo ayɛ+ sɛdeɛ yɛde anantwinini bɔ afɔreɛ no.*
Yɛrentena apɔnkɔ so,+
Na yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma bio sɛ, “O yɛn Nyankopɔn!”
Ɛfiri sɛ wo na wohunu agyanka mmɔbɔ.’+
4 Mɛsa wɔn yareɛ, na wɔremfiri m’akyi bio.+
7 Wɔbɛsan atena ne nwunu ase bio.
Wɔbɛdua hwiit,* na wɔbɛfefɛ sɛ bobe.+
Ɔbɛgye din* sɛ Lebanon bobesa.
8 Efraim bɛka sɛ, ‘Deɛn bio na me ne ahoni wɔ yɛ?’+
Mɛma mmuaeɛ, na mahwɛ ne so.+
Mɛyɛ sɛ papao dua frɔmfrɔm.
Me so na wobɛnya w’aba.”
9 Hwan na ɔyɛ onyansafoɔ? Ma ɔnte nsɛm yi ase.
Hwan na ɔyɛ ɔbadwemma? Ma ɔnhunu.
Ɛyɛ din Hosaia a wɔatwa no tia. Ɛkyerɛ “Yah Agye No.”
Anaa “ɔbaa a ɔbɛbɔ adwaman.”
Ɛkyerɛ, “Onyankopɔn Bɛdua Aba.”
Anaa “Asaasetraa so.”
Ɛkyerɛ, “Wɔanhu No Mmɔbɔ.”
Ɛkyerɛ “Wɔnyɛ Me Man.”
Nt., “Israel mma.”
Anaa “na wɔaforo afiri asaase no so aba.”
Hwɛ Ho 1:9 aseɛ hɔ asɛm no.
Hwɛ Ho 1:6 aseɛ hɔ asɛm no.
Anaa “ne brabɔne.”
Anaa “abu brabɔne.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “bobeturo.”
Anaa “Asaasetraa no so.”
Anaa “Me Baal.”
Anaa “ɔremfa wɔn din nkae wɔn bio.”
Anaa “Mɛsi wo asiwa.”
Anaa “me ne wo bɛtena nokorɛdie mu.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Ɛkyerɛ, “Onyankopɔn Bɛdua Aba.”
Hwɛ Ho 1:6 aseɛ hɔ asɛm no.
Hwɛ Ho 1:9 aseɛ hɔ asɛm no.
Kyerɛ sɛ, bobe keeki a wɔde di dwuma wɔ atorɔ som mu.
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.
Homar susudeɛ baako yɛ lita 220 (bɛyɛ olonka 73). Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “Mmu brabɔne.”
Anaa “me ne wo renna.”
Ɛyɛ ataadeɛ bi a na asɔfoɔ hyɛ gu wɔn ntaadeɛ so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “abusua bosom; ohoni.”
Anaa “mɛsɛe wo maame.”
Anaa “Wɔbɛsɛe me man.”
Anaa “akwankyerɛ.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wɔde me ara m’animuonyam asesa animguaseɛ.”
Anaa “wɔn bɔne yɛ wɔn kra akɔnnɔ.” Kyerɛ sɛ, wɔdidi bɔne ho afɔreɛ a ɔman no bɔ no ho. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Ɔkra/Kra.”
Anaa “wɔn akwan.”
Anaa “Ɔbrabɔne.”
Anaa “bobesa.”
Nt., “Ɛyi akoma firi hɔ.”
Anaa “Deɛ wɔn a nkurɔfoɔ kɔ wɔn nkyɛn abisa poma.”
Anaa “Ɔbrabɔne.”
Anaa “brabɔne.”
Ɛyɛ dua bi a ɛpae nhwiren fitaa.
Anaa “dua kɛse.”
Anaa “bu brabɔne.”
Anaa “wɔn brabɔne.”
Anaa “worebu wo brabɔne.”
Anaa “beaeɛ a ɛtrɛ.”
Anaa “nsã a wɔde hwiit ayɛ.”
Nt., “N’akyɛm.”
Anaa “asau.”
Anaa “wɔn a wɔate atua.”
Ɛbɛtumi akyerɛ mmoa anaa nnipa a wɔkunkum wɔn.
Anaa “mɛtene wɔn nyinaa so.”
Anaa “ɔbrabɔne.”
Nt., “n’anim.”
Anaa “nsaase.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wɔbɛmene wɔn bosome baako mu.”
Anaa “gyatanini.”
Nt., “m’anim.”
Ná ɛfiri aseɛ firi April mfimfini hɔ baabi. Hwɛ Nkh. B15.
Anaa “Mogya anammɔn ayɛ mu ma.”
Anaa “Yɛn hene afahyɛ da no.”
Anaa “bobesa.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Na pɔ bɔne a wɔabɔ nti, sɛ wɔreba a, wɔn akoma te sɛ fononoo.”
Nt., “atemmufoɔ.”
Anaa “paanoo kurukuruwa a ne fã pɛ na aben.”
Anaa “tibɔnkɔso.”
Nt., “ɔnni akoma.”
Anaa “m’asau.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Kyerɛ sɛ, wɔankɔ ɔsom a ɛkorɔn ho.
Anaa “morentumi mmɔ bra pa da?”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “abere.”
Anaa “ananafoɔ.”
Anaa “m’akwankyerɛ.”
Anaa “ayɛyɛdeɛ.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wɔbɛsan wɔn akyi akɔ.”
Anaa “adwamammɔ.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “wɔn kra.”
Anaa “nyame a ne ho yɛ aniwu no.”
Anaa “atwintwam.”
Anaa “wɔbɛbɔ asesa.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɛretrɛtrɛ.”
Anaa “toro; toromtorom.”
Anaa “nwura a awuduro wom.”
Nt., “wɔbɛma wɔaka wɔn ano atom.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “nkyɛkyerɛ.”
Anaa “Ɛhɔ na wɔtoaa so.”
Kyerɛ sɛ, mema wɔsoa wɔn asotwe te sɛ kɔndua.
Anaa “obi de ahoma asɔ ne kɔn ama ɔde atwe adeɛ.”
Nt., “wɔbɛma no aka n’ano atom.”
‘Wɔn a wɔgu so refrɛ’ no gyina hɔ ma adiyifoɔ ne nnipa foforɔ a wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔkyerɛkyerɛ Israelfoɔ no.
Anaa “ayamyɛ nhoma,” te sɛ awofoɔ nhoma.
Nt., “apantan.”
Kyerɛ sɛ, ɔfrɛɛ wɔn kɔɔ ɔsom a ɛkorɔn mu.
Anaa “M’akoma asesa.”
Anaa “nante.”
Adeɛ a wɔde susu biribi mu duro.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “afahyɛ.”
Anaa “Abusudeɛ; Nkonyaa.”
Anaa “Siria.”
Nt., “afuo mu.”
Anaa “ɔwɔ tumi.”
Anaa “ahoni a wɔaguo.”
Anaa “mmoa adidibea frɔmfrɔm.”
Nt., “mɛtete deɛ ɛdura wɔn akoma ho no mu.”
Nt., “w’atemmufoɔ.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛwɔ nsuo ho.
Anaa “woawatiri.”
Nt., “yɛde yɛn ano bɛyɛ anantwinini abɛbɔ afɔreɛ ama wo.”
Anaa “mɛma no agye nhini.”
Anaa “bɛdendan.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Nt., “Ɔbɛnya nkaeɛ.”
Anaa “wɔbɛwatiri.”