Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt Filemon 1-25
  • Filemon

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Filemon
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Filemon

ƆDE KƆMAA FILEMON

1 Me Paul a Kristo Yesu nti meda afiase,+ a yɛn nua Timoteo+ ka me ho, meretwerɛ abrɛ Filemon a woyɛ yɛn dɔfo ne yɛn yɔnko dwumayɛni, 2 ne yɛn nuabaa Apia, ne afei yɛn yɔnko sraani Arkipo,+ ne asafo a ɛwɔ wo fie no:+

3 Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agya, ne Awurade Yesu Kristo adom ne asomdwoeɛ nka mo.

4 Berɛ biara a mɛkae wo wɔ me mpaebɔ mu no, meda me Nyankopɔn ase,+ 5 ɛfiri sɛ wo gyidie ne ɔdɔ a wowɔ ma Awurade Yesu ne akronkronfoɔ nyinaa no, daa mete ho asɛm. 6 Mebɔ mpaeɛ sɛ gyidie a wo ne ebinom wɔ no bɛma woagye adepa biara a Kristo nti yɛwɔ no atom. 7 Onua, wo dɔ a metee ho asɛm nti, menyaa anigyeɛ ne awerɛkyekyerɛ bebree, ɛfiri sɛ wodwodwoo akronkronfoɔ akoma.

8 Enti ɛwom, anka mɛtumi aka nsɛm penpen de ahyɛ wo wɔ Kristo mu ama woayɛ deɛ ɛsɛ, 9 nanso mede ɔdɔ mmom na ɛresrɛ wo, ɛfiri sɛ wonim sɛ me Paul, mabɔ akɔkoraa, na seesei nso Kristo Yesu nti meda afiase. 10 Meresrɛ ama m’abɔfra Onesimo+ a mebɛyɛɛ ne papa+ wɔ afiase* no. 11 Berɛ bi a atwam no, na ne so nni mfasoɔ mma wo, nanso seesei deɛ ne ho hia me ne wo nyinaa. 12 Deɛ m’akoma da ne so* no, merema no asan aba wo nkyɛn.

13 Menyae a anka ɔte me nkyɛn na wasi w’anan akɔ so asom me, berɛ a asɛmpa no nti meda afiase no.+ 14 Nanso mempɛ sɛ mefiri w’akyi yɛ biribiara, na anyɛ sɛ merehyɛ wo ama woayɛ papa, na mmom mepɛ sɛ wo ankasa wode wo pɛ yɛ.+ 15 Ebia wei nti na ɔtee ne ho kakra,* na ama woanya no bio afebɔɔ, 16 ɛnyɛ sɛ akoa bio,+ na mmom deɛ ɔsene akoa, sɛ ɔnyɛ onua dɔfoɔ,+ titire mma me, nanso ɔbɛyɛ deɛ ɛsene saa ama wo wɔ honam fam ne afei Awurade mu. 17 Enti sɛ wobu me sɛ w’adamfo* deɛ a, gye no fɛ so sɛdeɛ anka wobɛgye me no. 18 Bio nso, sɛ wayɛ wo bɔne anaasɛ ɔde wo ka bi a, bu brɛ me. 19 Me Paul ankasa na mede me nsa retwerɛ: mɛtua ama wo. Wo koraa nso ɛka a wode me deɛ, gye sɛ wode wo ho nyinaa ma me. 20 Aane, onua, ma mennya wo ho mfasoɔ Awurade mu: dwodwo m’akoma wɔ Kristo mu.

21 Mewɔ ahotɔsoɔ sɛ wobɛtie; ɛno nti na meretwerɛ wo yi. Menim nso sɛ wobɛyɛ aboro deɛ maka yi mpo. 22 Bio nso, siesie baabi a mɛtena ma me, ɛfiri sɛ mewɔ anidasoɔ sɛ mo mpaebɔ nti, wɔbɛsan de me abrɛ mo.*+

23 Epafra+ a Kristo Yesu nti ɔno nso da afiase no kyea wo; 24 Marko, Aristarko,+ Dema,+ ne Luka+ a wɔn nyinaa yɛ me mfɛfoɔ adwumayɛfoɔ no nso kyea wo.

25 Berɛ a moreda suban pa adi no, yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo ho.

Nt., “mpokyerɛ mu.”

Anaa “Deɛ medɔ no paa.”

Nt., “dɔnhwere baako.”

Nt., “wo yɔnko.”

Anaa “wɔbɛyi me afiri afiase ama mo.”

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane