Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt nkr. 1894-1895
  • B1 Asɛntitire a Ɛwɔ Bible Mu

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • B1 Asɛntitire a Ɛwɔ Bible Mu
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Nsɛmti Nketewa
  • Afe 4026 A.Y.B. akyi
  • Afe 1943 A.Y.B.
  • Afe 1070 A.Y.B. akyi
  • Afe 29 Y.B.
  • Afe 33 Y.B.
  • Bɛyɛ afe 1914 Y.B.
  • Daakye
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
B1 Asɛntitire a Ɛwɔ Bible Mu

B1

Asɛntitire a Ɛwɔ Bible Mu

Deɛ Yɛaprente

Yehowa Nyankopɔn na ɔfata sɛ ɔdi yɛn so. Ne tumidie yɛ kyɛn tumidie foforɔ biara. Deɛ enti a ɔbɔɔ asaase ne nnipa no bɛba mu.

Adam ne Hawa wɔ Eden turo no mu, na ɔwɔ bi bɛn wɔn

Afe 4026 A.Y.B. akyi

“Ɔwɔ” no kekaa nsɛm bi de kyerɛɛ sɛ ɛkwan a Yehowa fa so di tumi no nyɛ papa, na ɔmfata sɛ ɔdi yɛn so. Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma ‘aseni’ anaa ‘aba’ bi abɛbɔ ɔwɔ no, kyerɛ sɛ, Satan ti. (Genesis 3:1-5, 15, aseɛ hɔ asɛm) Nanso Yehowa gyaee nnipa sɛ wɔnni wɔn ho so kɔsi sɛ saa berɛ no bɛso. Enti nnipa bɛhyɛɛ ɔwɔ no ase.

Abraham retie Onyankopɔn bɔhyɛ

Afe 1943 A.Y.B.

Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ n’abusua mu na ‘aseni’ a ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛba no bɛfiri aba. —Genesis 22:18.

Ɔhene Dawid

Afe 1070 A.Y.B. akyi

Yehowa maa Ɔhene Dawid awerɛhyɛmu sɛ, n’abusua mu na ‘aseni’ a ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛba no bɛfiri aba. Akyire yi, ɔkaa asɛm korɔ no ara kyerɛɛ Dawid ba Solomon.—2 Samuel 7:12, 16; 1 Ahene 9:3-5; Yesaia 9:6, 7.

Berɛ a wɔbɔɔ Yesu asu no

Afe 29 Y.B.

Yehowa maa nnipa huu sɛ Yesu ne ‘aseni’ a ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛba no, na ɔno na ɔbɛdi Dawid adeɛ. —Galatifoɔ 3:16; Luka 1:31-33; 3:21, 22.

Berɛ a Yesu sɛn dua so rewu no

Afe 33 Y.B.

Ɔwɔ a ɔne Satan no kaa ‘aseni’ no hyɛɛ kakra, kyerɛ sɛ, ɔkum Yesu. Yehowa nyanee Yesu maa no kɔɔ soro, na afɔreɛ a ɛsom bo a Yesu de ne nipadua a bɔne biara nni ho bɔeɛ no, n’Agya gye toom. Ɛno abue bɔnefakyɛ ne daa nkwa ho kwan ama Adam asefoɔ. —Genesis 3:15; Asomafoɔ Nnwuma 2:32-36; 1 Korintofoɔ 15:21, 22.

Sɛdeɛ Adiyisɛm nwoma no ka too hɔ no, wɔato Satan a ɔgyina hɔ ma ɔwɔ no ato asaase so

Bɛyɛ afe 1914 Y.B.

Yesu too ɔwɔ a ɔne Satan no too asaase so sɛ ɔnni ne nna kakra a aka no wɔ so.—Adiyisɛm 12:7-9, 12.

Sɛdeɛ Adiyisɛm nwoma no ka too hɔ no, Yesu te n’ahennwa so wɔ soro, na ɔredi asaase ho hene

Daakye

Yesu de Satan bɛto afiase mfeɛ 1,000 na afei wasɛe no, kyerɛ sɛ, ɔbɛpɛkyɛ ne ti. Deɛ enti a Yehowa bɔɔ asaase ne nnipa no bɛba mu. Ne din a wɔasɛe no no ho bɛte, na obiara bɛhu sɛ ne tumidie na ɛyɛ papa.—Adiyisɛm 20:1-3, 10; 21:3, 4.

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane