ASƐMMISA 8
Nnipa amanehunu firi Onyankopɔn anaa?
“Ɛrentumi mma da sɛ nokorɛ Nyankopɔn no bɛyɛ bɔne! Na ɛrentumi mma da sɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no bɛyɛ adebɔne!”
“Obiara a sɔhwɛ bɛto no no, ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ: ‘Onyankopɔn na ɔresɔ me ahwɛ.’ Ɛfiri sɛ obi ntumi mfa bɔne nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.”
“Monto mo dadwene nyinaa ngu ne so, ɛfiri sɛ ɔdwene mo ho.”
“Yehowa nkyɛ ne bɔhyɛ ho sɛdeɛ ebinom bu biribi sɛ ɛkyɛ no, na mmom ɔwɔ mo ho aboterɛ ɛfiri sɛ ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe; deɛ ɔpɛ ne sɛ obiara bɛsakra n’adwene.”