ASƐMMISA 7
Ɛdeɛn na Bible kaa sɛ ɛbɛsisi wɔ yɛn berɛ yi so?
“Ɔman bɛsɔre atia ɔman, na ahennie asɔre atia ahennie . . . Weinom nyinaa yɛ awoɔ mu yea mfitiaseɛ.”
“Atorɔ adiyifoɔ bebree bɛsɔre, na wɔbɛdaadaa nnipa pii; na amumuyɛ a ɛbɛdɔɔso nti, nnipa dodoɔ no ara dɔ ano bɛdwo.”
“Sɛ mote ɛko, ne ɛko ho nsɛm a, mommmɔ hu; ɛsɛ sɛ weinom sisi, nanso na awieeɛ no nnya nnurui.”
“Asaasewosoɔ akɛseɛ bɛba, na nsanyareɛ a ɛdi awuo ne ɛkɔm bɛba mmeammea; na nnipa bɛhunu nneɛma a ɛyɛ hu ne nsɛnkyerɛnne akɛseɛ a ɛfiri soro.”
“Awieeɛ mmerɛ no mu no, mmerɛ a emu yɛ den bɛba. Ɛfiri sɛ nnipa bɛyɛ pɛsɛmenkomenya, wɔbɛyɛ sikaniberɛ, wɔbɛhoahoa wɔn ho, wɔbɛyɛ ahantan, wɔbɛkeka abususɛm, wɔrentie wɔn awofoɔ asɛm, wɔbɛyɛ bonniayɛ, wɔbɛdi nkurɔfoɔ hwammɔ, wɔrennya tema, nkurɔfoɔ rentumi ne wɔn nyɛ apam, wɔbɛsɛe nkurɔfoɔ din, wɔrentumi nhyɛ wɔn ho so, wɔbɛdi atirimuɔdensɛm, wɔbɛyɛ wɔn a wɔmpɛ papa, wɔbɛyi nkurɔfoɔ ama, wɔbɛyɛ asoɔden, wɔbɛyɛ ahomasoɔ, sɛ́ anka wɔbɛdɔ Onyankopɔn no, anigyeɛ mmom na wɔbɛpɛ; wohu wɔn a wobɛka sɛ wɔsom Onyankopɔn, nanso wɔmmɔ wɔn bra sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ.”