ASƐMMISA 19
Bible mu nwoma ahodoɔ no, ɛdeɛn na ɛwɔ mu?
HEBRI TWERƐNSƐM (“APAM DADA”)
BIBLE NWOMA NNUM A ƐDI KAN NO (NWOMA 5):
Genesis, Exodus, Leviticus, Numeri, Deuteronomium
Ɛfiri adebɔ so kɔsi berɛ a tete Israel bɛyɛɛ ɔman
ABAKƆSƐM NWOMA (NWOMA 12):
Yosua, Atemmufoɔ, Rut
Berɛ a Israelfoɔ kɔduruu Bɔhyɛ Asase no so ne nsɛm a ɛsisii wɔ ɛno akyi
1 Samuel, 2 Samuel, 1 Ahemfo, 2 Ahemfo, 1 Berɛsosɛm, 2 Berɛsosɛm
Israel man no abakɔsɛm; ɛkɔsi berɛ a wɔsɛee Yerusalem
Esra, Nehemia, Ester
Yudafoɔ abakɔsɛm; berɛ a wɔfirii Babilon san baeɛ
ANWENSƐM NWOMA (NWOMA 5):
Hiob, Nnwom, Mmebusɛm, Ɔsɛnkafoɔ, Solomon Dwom
Nsɛm a nyansa wom ne nnwom
NKƆMHYƐ NWOMA (NWOMA 17):
Yesaia, Yeremia, Kwadwom, Hesekiel, Daniel, Hosea, Yoel, Amos, Obadia, Yona, Mika, Nahum, Habakuk, Sefania, Hagai, Sakaria, Malaki
Nkɔmhyɛ ahodoɔ a ɛfa Onyankopɔn nkurɔfoɔ ho
KRISTOFOƆ GREEK TWERƐNSƐM (“APAM FOFORƆ”)
NSƐMPA NNAN NO (NWOMA 4):
Mateo, Marko, Luka, Yohane
Yesu asetena ne n’asɛnka adwuma ho nsɛm
ASOMAFOƆ NNWUMA (NWOMA 1):
Kristofoɔ asafo no mfitiaseɛ ne asɛmpatrɛ adwuma no ho nsɛm
NKRATAA (NWOMA 21):
Romafoɔ, 1 Korintofoɔ, 2 Korintofoɔ, Galatifoɔ, Efesofoɔ, Filipifoɔ, Kolosefoɔ, 1 Tesalonikafoɔ, 2 Tesalonikafoɔ
Nkrataa a wɔtwerɛ kɔmaa Kristofoɔ asafo ahodoɔ
1 Timoteo, 2 Timoteo, Tito, Filemon
Nkrataa a wɔtwerɛ kɔmaa ankorankoro bi a wɔyɛ Kristofoɔ
Hebrifoɔ, Yakobo, 1 Petro, 2 Petro, 1 Yohane, 2 Yohane, Yohane, Yuda
Nkrataa a wɔtwerɛ kɔmaa Kristofoɔ nyinaa
ADIYISƐM (NWOMA 1):
Nneɛma a ɛbɛsisi daakye ho anisoadehunu a ɔsomafoɔ Yohane nyaeɛ