Ɛdeɛn na Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu?
Deɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɛnnɛ yɛhu no, ɛno na ɛwɔ Bible mu. Bible ma yɛhunu sɛdeɛ yɛbɛbɔ bra pa ne deɛ yɛyɛ a Onyankopɔn ani bɛgye yɛn ho. Ɛsan ma yɛnya nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi ho mmuaeɛ:
SUA BIBLE NO BUE
Nwoma 66 na ɛka bom yɛ Bible. Wɔakyɛ mu mmienu. Ɛfã a ɛdi kan no ne deɛ wɔde Hebri ne Aram kasa twerɛeɛ no (“Apam Dada”). Ɛfã a ɛtɔ so mmienu (“Apam Foforɔ”) no, wɔde Hela kasa na ɛtwerɛeɛ. Wɔakyekyɛ Bible nwoma no mu biara ayɛ no etire ne nkyekyɛmu. Sɛ wohunu twerɛsɛm bi a, nɔma a ɛdi Bible nwoma no din akyi no yɛ nwoma no ti. Nɔma a ɛdi hɔ no nso yɛ nkyekyɛmu no. Enti sɛ wohunu Genesis 1:1 a, ɛkyerɛ Genesis ti 1, nkyekyɛmu 1.