ASƐMMISA 1
Hwan ne Onyankopɔn?
“Na nnipa nhunu sɛ wo a wo din de Yehowa no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni, asase nyinaa so.”
“Monhunu sɛ Yehowa ne Nyankopɔn. Ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na ɛnyɛ yɛn ara.”
“Mene Yehowa; me din ne no. Na meremfa m’animuonyam mma obiara, na m’ayeyie nso, meremfa mma ahoni.”
“Obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, wɔbɛgye no nkwa.”
“Nokorɛm no, efie biara obi na ɔsie, na deɛ ɔyɛɛ nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.”
“Momma mo ani so nhwɛ soro. Hwan na ɔbɔɔ yeinom nyinaa? Ɔno na ɔbu wɔn asafodɔm ano yi wɔn adie, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn. Na n’ahoɔden dodoɔ ne ne tumi mmorosoɔ nti, wɔn mu baako mpo nyera.”