ASƐMMISA 2
Wobɛyɛ dɛn asua Onyankopɔn ho adeɛ?
“Mma mmara nwoma yi mmfiri w’anom, na mmom kenkan na dwendwene ho awia ne anadwo na woadi deɛ wɔatwerɛ no mu nyinaa so. Woyɛ saa a, ɛbɛsi wo yie na woayɛ w’adeɛ nyansam.”
“Wɔtoaa so kenkan nokorɛ Nyankopɔn mmara nwoma no den, na wɔkyerɛkyerɛɛ mu maa emu daa hɔ yie, na wɔboa maa wɔnyaa akenkan no mu nteaseɛ.”
“Anigyeɛ ne onipa a ɔnnante nnebɔneyɛfoɔ agyina mu . . . , na mmom n’ani gye Yehowa mmara ho, na ɔkenkan ne mmara dwendwene ho awia ne anadwo. . . . Deɛ ɔyɛ biara bɛwie yie.”
“Filipo tuu mmirika kɔɔ ho na ɔtee sɛ ɔrekenkan odiyifoɔ Yesaia nwoma no, na ɔse: ‘Wote deɛ worekenkan no ase?’ Ɔkaa sɛ: ‘Sɛ obi ankyerɛ me a, mɛyɛ dɛn atumi ate aseɛ?’”
“Ne su hodoɔ a wɔnhunu no ada adi pefee firi wiase bɔ so, ɛfiri sɛ wɔnam nneɛma a wayɛ so na ɛhunu, ɛno ne ne daa tumi ne ne Nyamesu, enti wɔnni anoyie biara.”
“Dwendwene yeinom ho; fa w’akoma nyinaa si so, na ama wo nkɔsoɔ ada adi nnipa nyinaa anim.”
“Momma yɛnsusu yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, na mommma yɛnnkwati sɛ yɛne yɛn ho bɛhyiam.”
“Sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma no nkɔ so ara mmisa Onyankopɔn ɛfiri sɛ ɔyi ne yam ma nnipa nyinaa adeɛ a ahohora biara nnim, na ɔde bɛma no.”