ASƐMMISA 3
Bible no, hwan na ɔtwerɛeɛ?
“Mose twerɛɛ Yehowa nsɛm no nyinaa.”
“Daniel soo daeɛ, na ɔnyaa anisoadehunu wɔ ne mpa so. Saa berɛ no, ɔtwerɛɛ daeɛ no too hɔ. Ɔkaa asɛm no nyinaa.”
“Berɛ a mogyee Onyankopɔn asɛm a mote firii yɛn hɔ no, moannye no sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛdeɛ ɛteɛ ampa.”
“Twerɛnsɛm no nyinaa firi Onyankopɔn honhom mu, na ɛyɛ ma nkyerɛkyerɛ.”
“Nkɔmhyɛ mfaa onipa pɛ so mmaa da, na mmom deɛ ɛfiri Onyankopɔn hɔ na nnipa kaeɛ sɛdeɛ honhom kronkron kaa wɔn no.”