ASƐMMISA 5
Asɛm bɛn na ɛwɔ Bible mu?
“Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ntam ne w’aseni ne n’aseni ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti na wo nso woaka ne nantin.”
“W’aseni so na asase so aman nyinaa nam bɛnya nhyira, ɛfiri sɛ woayɛ aso ama me.”
“W’ahennie mmra. W’apɛdeɛ nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.”
“Onyankopɔn a ɔma asomdwoeɛ no bɛpɛkyɛ Satan mo nan ase ntɛm.”
“Sɛ ɔnya de nneɛma nyinaa gu ne nan ase a, afei Ɔba no ara nso de ne ho bɛhyɛ Deɛ ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ n’ase no ase, na Onyankopɔn ayɛ adeɛ nyinaa ama obiara.”
“Abraham ne n’aseni [Kristo] na wɔhyɛɛ wɔn bɔ . . . . Bio nso, sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnneɛ na moyɛ Abraham asefoɔ ampa.”
“Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea, na ɔbɛdi hene daa daa.”
“Enti wɔtoo ɔtweaseɛ kɛseɛ no tweneeɛ, ɔwɔ dada no, deɛ wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan a ɔredaadaa asase sofoɔ nyinaa no; wɔtoo no twenee asase so, na wɔtoo n’abɔfoɔ kaa ne ho guiɛ.”
“Ɔkyee ɔtweaseɛ no, ɔwɔ dada a ɔne Ɔbonsam ne Satan no, na ɔkyekyeree no mfeɛ apem.”