Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • igw kr. 10-kr. 11
  • Asɛmmisa 6: Ɛdeɛn na Bible ka faa Mesia no ho?

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa 6: Ɛdeɛn na Bible ka faa Mesia no ho?
  • Ɛdeɛn na Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu?
Ɛdeɛn na Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu?
igw kr. 10-kr. 11

ASƐMMISA 6

Ɛdeɛn na Bible ka faa Mesia no ho?

NKƆMHYƐ

“Wo, Betlehem Efrata, . . . wo mu na mɛma obi afiri abɛyɛ Israel sodifoɔ.”

Mika 5:2

SƐDEƐ ƐBAA MU

“Berɛ a wɔwoo Yesu wɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea, Ɔhene Herode nna no mu no, hwɛ! nsoromma mu ahwɛfoɔ firi apueeɛ fam baa Yerusalem.”

Mateo 2:1

NKƆMHYƐ

“Wɔkyekyɛ me ngugusoɔ mu fa, na m’atadeɛ nso, wɔbɔ so ntonto.”

Dwom 22:18

SƐDEƐ ƐBAA MU

“Afei berɛ a asraafoɔ no bɔɔ Yesu asɛndua mu no, wɔfaa n’atadeɛ ngugusoɔ kyɛɛ mu nnan . . . Nanso na atadeɛ nhyɛaseɛ no nni mpameeɛ, na na wɔanwene firi soro abɛsi fam. Enti wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: ‘Mommma yɛnnsunsuane mu, mmom momma yɛmmɔ so ntonto nhwɛ deɛ ɛbɛyɛ ne dea.’”

Yohane 19:23, 24

NKƆMHYƐ

“Ɔhwɛ ne nnompe nyinaa so; emu baako mpo mmu.”

Dwom 34:20

SƐDEƐ ƐBAA MU

“Wɔduruu Yesu nkyɛn a wɔhunuu sɛ wawu dada no, wɔammubu ne nan mu.”

Yohane 19:33

NKƆMHYƐ

“Yɛn mmarato nti na wɔpiraa no..”

Yesaia 53:5

SƐDEƐ ƐBAA MU

“Asraafoɔ no baako de pea wɔɔ ne mfe na ntɛm ara mogya ne nsuo firi baeɛ.”

Yohane 19:34

NKƆMHYƐ

“Wɔde nnwetɛbena aduasa tuaa me ka.”

Sakaria 11:12, 13

SƐDEƐ ƐBAA MU

“Ɛnna dumienu no mu baako a wɔfrɛ no Yuda Iskariot no kɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn kɔkaa sɛ: ‘Ɛdeɛn na mobɛma me na mayi no ama mo?’ Na wɔyɛɛ sɛ wɔbɛma no nnwetɛbena aduasa.”

Mateo 26:14, 15; 27:5

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane