Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; ɛkwan a wɔfa so to no: “Adekyeeɛ Wansane.” Dawid dwom.
22 Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagya me?+
Adɛn nti na wommɛgye me?
Adɛn nti na wontie me sufrɛ?+
2 Me Nyankopɔn, mefrɛ wo adekyeeɛ, nanso
wommua me;+
Ɛduru anadwo nso a, menka m’ano ntom.
3 Ne nyinaa mu no, woyɛ kronkron,+
Na Israel ayeyie atwa wo ho ahyia.
4 Wo na yɛn agyanom de wɔn ho too wo so;+
Wɔde wɔn ho too wo so, na wogyee wɔn.+
5 Wo na wɔsu frɛɛ wo, na wogyee wɔn nkwa;
Wɔde wɔn ho too wo so, na wɔn nsa ansi fam.+
6 Nanso me deɛ, meyɛ sonsono, menyɛ onipa.
Nkurɔfoɔ dii me ho fɛ, na aman buu me animtia.+
7 Wɔn a wɔhu me nyinaa di me ho fɛ;+
Wɔtweetwee me woso wɔn ti+ ka sɛ:
8 “Ɔde ne ho ato Yehowa so. Ma no nnye no ɛ!
Ma no nnye no nkwa, ɛfiri sɛ ne ho hia no!”+
9 Wo na woyii me firii yafunu mu;+
Berɛ a metua me maame nufoɔ ano no, womaa m’akoma tɔɔ me yam.
10 Wɔwoo me ara pɛ na wɔde me hyɛɛ wo nsa;
Wone me Nyankopɔn firi me maame yam.
11 Ntwe wo ho mfiri me ho, ɛfiri sɛ ahohia abɛn me,+
Na menni ɔboafoɔ foforɔ biara.+
12 Anantwinini bebree atwa me ho ahyia;+
Basan anantwinini a wɔn ho yɛ den atwa me ho kanko.+
13 Wɔbaabae wɔn anom kyerɛ me+
Te sɛ gyata a ɔrebobom na ɔretete nam mu.+
14 Wɔahwie me agu sɛ nsuo,
Na me nnompe nyinaa ahwinhwan.
M’akoma ayɛ sɛ ɛwoɔkyɛm;+
Anane wɔ me mu tɔnn.+
15 M’ahoɔden asa; mete sɛ ayowa sini,+
Me kɛtrɛma afam me dodom;+
Woretwe me akɔ owuo mu akɔhyɛ dɔteɛ mu.+
16 Nkraman atwa me ho ahyia;+
Wɔaka me ahyem sɛdeɛ nnebɔneyɛfoɔ asafodɔm yɛ.+
Wɔrekeka me nsa ne me nan te sɛ gyata.+
17 Metumi kan me nnompe nyinaa.+
Wɔtɛɛ wɔn anom hwɛ me hãã.
18 Wɔkyekyɛ me ntaadeɛ mu fa,
Na wɔbɔ m’ataadeɛ so ntonto.+
19 O Yehowa, wo deɛ, mma me ne wo ntam kwan nnware.+
Wone m’ahoɔden, enti yɛ ntɛm bɛboa me.+
20 Gye me firi sekan ano;
Me nkwa a ɛsom bo no, gye firi kraman nsam.+
21 Gye me firi gyata anom;+
Tie me na gye me firi ɛkoɔ mmɛn mu.
22 Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom;+
Mɛyi wo ayɛ wɔ asafo no mu.+
23 Mo a mosuro Yehowa nyinaa, monyi no ayɛ!
Yakob asefoɔ, mo nyinaa monhyɛ no animuonyam!+
Israel asefoɔ nyinaa, mo ho mpopo n’anim.
24 Ɔno na wammu mmɔborɔwa animtia, na wammu n’ani angu n’amanehunu so;+
Wamfa n’anim anhinta no.+
Berɛ a ɔsu frɛɛ no no, ɔtieeɛ.+
25 Mɛyi wo ayɛ wɔ asafo kɛseɛ mu;+
Mɛtua me bɔhyɛ adeɛ wɔ wɔn a wɔsuro wo no anim.
26 Ahobrɛasefoɔ bɛdidi amee;+
Wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no bɛyi no ayɛ.+
Montena ase daa na mo ani nnye.
27 Asaase ano nyinaa bɛkae, na wɔadane aba Yehowa nkyɛn.
Amanaman mmusuakuo nyinaa bɛkoto w’anim.+
28 Yehowa na ahennie wɔ no;+
Ɔno na ɔdi amanaman no so hene.
29 Asaase so asikafoɔ nyinaa bɛdidi na wɔakoto;
Wɔn a wɔkɔ dɔteɛ mu nyinaa bɛkoto n’anim;
Wɔn mu biara rentumi nkora ne nkwa so.
30 Wɔn asefoɔ bɛsom no;
Wɔbɛka Yehowa ho asɛm akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba.
31 Wɔbɛba abɛka ne tenenee ho asɛm.
Wɔbɛka deɛ wayɛ akyerɛ nkyirimma.