-
Hebrifoɔ 11:32-34Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
32 Na deɛn bio na menka? Sɛ mereka Gideon,+ Barak,+ Samson,+ Yefta,+ Dawid+ ne Samuel+ ne adiyifoɔ nkaeɛ no ho asɛm a, anka adagyeɛ bɛbɔ me. 33 Wɔnam gyidie so ko dii ahennie ahodoɔ so nkonim,+ maa tenenee kɔɔ so, nyaa bɔhyɛ ahodoɔ,+ sii agyata ano,+ 34 dwodwoo egya ano,+ nyaa wɔn ho tetee a sekan annya wɔn,+ nyaa ahoɔden berɛ a wɔyɛɛ mmerɛ,+ bɛyɛɛ mmarima a wɔnim akodie yie,+ yɛɛ asraafoɔ a wɔbɛto hyɛɛ wɔn so no pasaa.+
-