53 Hwan na wagye deɛ wate afiri yɛn nkyɛn no adi?+
Na hwan na wɔayi Yehowa basa akyerɛ no?+
2 Ɔbɛyɛ sɛ dua a afifi+ wɔ n’anim, te sɛ nhini wɔ asaase a ɛso awo so.
Ɔnyɛ onipa a ɔdi mu, na ɔnni animuonyam biara,+
Na yɛhu no a, biribiara nni ne ho a ɛbɛma yɛaka akɔ ne ho.
3 Nnipa buu no animtia, na wɔpoo no;+
Ɔyɛ onipa a ɔhunuu yea na ɔhunuu sɛdeɛ yareɛ teɛ.
Ná ɛte sɛ deɛ wɔde n’anim ahinta yɛn.
Nnipa buu no animtia, na yɛamfa no anyɛ hwee.+
4 Nokorɛm no, ɔno na ɔsoaa yɛn nyarewa,+
Na ɔgyee yɛn yea hyɛɛ ne ho.+
Nso yɛbuu no sɛ obi a Onyankopɔn atwe n’aso, wahwe no, na wama ne ho ayera no.
5 Nanso yɛn mmarato nti+ na wɔde adeɛ wɔɔ no;+
Yɛn mfomsoɔ nti na wɔbubuu no.+
Ɔgyee asotwe a ɛbɛma yɛanya asomdwoeɛ,+
N’akuro nti, wɔsaa yɛn yareɛ.+
6 Yɛn nyinaa afom kwan te sɛ nnwan;+
Obiara afa ne kwan.
Na Yehowa ama yɛn nyinaa bɔne abɛgu ne so.+
7 Wɔhyɛɛ no ahometeɛ,+ na ɔmaa kwan maa wɔtan n’ani,+
Nanso wammue n’ano.
Wɔde no kɔɔ te sɛ odwan a wɔrekɔku no,+
Te sɛ odwan a wɔretwitwa ne nwi a wayɛ komm,
Na wammue n’ano.+
8 Wɔhyɛɛ ne so, na wɔde no kɔe a wɔammu atɛntenenee amma no;
Na hwan na ɔbɛha ne ho sɛ ɔbɛhunu n’awoɔ ntoatoasoɔ?
Wɔtwaa no firii ateasefoɔ asaase so;+
Me man mmarato nti na wɔboroo no.+
9 Na ɔwuiɛ no, wɔsiee no wɔ abɔnefoɔ+
Ne asikafoɔ asieeɛ,+
Ɛwom sɛ wanyɛ bɔne biara,
Na na nnaadaasɛm biara nni n’anom.+
10 Nanso, na ɛsɔ Yehowa ani sɛ ɔbɛbubu no, enti ɔmaa no yaree.
Sɛ wode ne nkwa bɛma sɛ afɔdie afɔreɛ+ a,
Ɔbɛhunu n’asefoɔ, ɔbɛma ne nna akyɛ,+
Na ɛnam ne so na deɛ ɛsɔ Yehowa ani bɛgyina.+
11 Ɔbɛhunu n’amanehunu, na n’akoma atɔ ne yam.
M’akoa+ a ɔyɛ teneneeni no nam ne nimdeɛ so
Bɛma nnipa pii anya tenenee gyinabea,+
Na wasoa wɔn bɔne.+
12 Ɛno nti, mɛma no anya kyɛfa wɔ nnipa pii mu,
Na ɔne mmarima a wɔnim ko akyɛ nneɛma a wɔanya wɔ ɛko mu,
Ɛfiri sɛ ɔde ne nkwa too hɔ maa owuo,+
Na wɔkan no fraa mmaratofoɔ;+
Ɔsoaa nnipa pii bɔne,+
Na ɔgyinaa mu maa mmaratofoɔ.+