Dawid dwom. Ɔtoo dwom yi berɛ a ɔyɛɛ ne ho sɛ bɔdamfoɔ+ wɔ Abimelek anim na ɔpamoo no maa no kɔeɛ no.
א [Aleph]
34 Mɛyi Yehowa ayɛ berɛ nyinaa;
N’ayeyie rempa m’anom da.
ב [Beth]
2 Mede Yehowa bɛhoahoa me ho;+
Ahobrɛasefoɔ bɛte na wɔadi ahurisie.
ג [Gimel]
3 Mo ne me mmom nkamfo Yehowa;+
Momma yɛmma ne din so.
ד [Daleth]
4 Mede abisadeɛ too Yehowa anim, na ɔtiee me.+
Nneɛma a ɛbɔɔ me hu no, ɔgyee me firii ne nyinaa mu.+
ה [He]
5 Nnipa a wɔde wɔn ani too ne so no ani gyeeɛ,
Na wɔn anim angu ase.
ז [Zayin]
6 Mmɔborɔwa yi frɛeɛ, na Yehowa tiee no.
Ɔgyee no n’ahohia nyinaa mu.+
ח [Heth]
7 Yehowa bɔfoɔ bɔ wɔn a wɔsuro no no ho ban,+
Na ɔgye wɔn.+
ט [Teth]
8 Monka nhwɛ na monhu sɛ Yehowa yɛ;+
Anigyeɛ ne onipa a ɔde no yɛ ne dwankɔbea.
י [Yod]
9 Yehowa akronkronfoɔ nyinaa, monsuro no,
Ɛfiri sɛ wɔn a wɔsuro no no, biribiara nhia wɔn.+
כ [Kaph]
10 Agyata a wɔn ho yɛ den mpo, adeɛ tumi hia wɔn ma ɛkɔm de wɔn,
Nanso wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no deɛ, adepa biara remmɔ wɔn.+
ל [Lamed]
11 Me mma, mommra mmɛtie me;
Mɛkyerɛ mo Yehowa suro.+
מ [Mem]
12 Mo mu hwan na ɔpɛ sɛ ɔdi dɛ wɔ asetenam,
Na ɔpɛ sɛ n’ani gye mfeɛ pii?+
נ [Nun]
13 Ɛnneɛ hwɛ wo kɛtrɛma yie na anka asɛmmɔne,+
Na hwɛ w’ano yie na anka nnaadaasɛm.+
ס [Samekh]
14 Twe wo ho firi bɔne ho na yɛ papa;+
Hwehwɛ asomdwoeɛ na di akyire.+
ע [Ayin]
15 Yehowa ani wɔ ateneneefoɔ so,+
Na ɔyɛ aso ma wɔn sufrɛ.+
פ [Pe]
16 Wɔn a wɔyɛ bɔne no deɛ, Yehowa ani sa wɔn,
Na ɔbɛpepa wɔn din afiri asaase so koraa.+
צ [Tsade]
17 Ateneneefoɔ teaam, na Yehowa nso tiee wɔn;+
Ɔgyee wɔn firii wɔn ahohia nyinaa mu.+
ק [Qoph]
18 Yehowa bɛn wɔn a wɔn akoma abubuo;+
Ɔgye wɔn a wɔn abam abu.+
ר [Resh]
19 Ɔteneneeni amanehunu dɔɔso,+
Nanso Yehowa gye no firi ne nyinaa mu.+
ש [Shin]
20 Ɔhwɛ ne nnompe nyinaa so;
Emu baako mpo mmu.+
ת [Taw]
21 Mmusuo na ɛde ɔdebɔneyɛfoɔ bɛkɔ wuo mu;
Ɔteneneeni atamfo nso, wɔbɛbu wɔn fɔ.
22 Yehowa gye n’asomfoɔ nkwa,
Na obiara a ɔde no yɛ ne dwankɔbea no, wɔremmu no fɔ.+