-
Deuteronomium 6:1, 2Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
6 “Wei ne mmara nsɛm, ahyɛdeɛ, ne atemmusɛm a Yehowa mo Nyankopɔn aka sɛ memfa nkyerɛkyerɛ mo, na sɛ motwa kɔ asaase a morekɔfa no so a, moadi so. 2 Ɛbɛma moasuro Yehowa mo Nyankopɔn na mo ne mo mma ne mo mmanana adi n’ahyɛdeɛ ne ne mmara a merekyerɛkyerɛ mo yi nyinaa so+ mo nkwa nna nyinaa, na moanyini akyɛ.+
-
-
Deuteronomium 30:19, 20Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
19 Ɛnnɛ mede nkwa ne owuo, ne nhyira ne nnome asi w’anim,+ na ɔsoro ne asaase ne m’adansefoɔ; fa nkwa na wo ne w’asefoɔ+ anya nkwa.+ 20 Enti dɔ Yehowa wo Nyankopɔn+ na tie n’asɛm na bata ne ho,+ ɛfiri sɛ ɔno na ɔma wo nkwa. Na asaase a Yehowa kaa ntam sɛ ɔde bɛma w’agyanom Abraham, Isak, ne Yakob+ no nso, ɔno na ɔbɛma woatena so akyɛ.”
-
-
1 Petro 3:10-12Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
10 Na “deɛ ɔdɔ nkwa na ɔpɛ sɛ n’ani gye wɔ asetenam* no, ma no nhwɛ ne kɛtrɛma yie na anka asɛmmɔne,+ na ɔnhwɛ n’ano yie na anka nnaadaasɛm. 11 Ma no ntwe ne ho mfiri bɔne ho+ na ɔnyɛ papa;+ ɔnhwehwɛ asomdwoeɛ na ɔnni akyire.+ 12 Yehowa* ani wɔ ateneneefoɔ so, na wayɛ aso ama wɔn nkotosrɛ;+ wɔn a wɔyɛ bɔne no deɛ, Yehowa* ani sa wɔn.”+
-