Asɛmmisa 8
Nnipa amanehunu, ɛfiri Onyankopɔn anaa?
“Ɛmpare nokorɛ Nyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ bɔne, ne adeɛ nyinaa so Tumfoɔ sɛ ɔbɛyɛ deɛ ɛntene!”
“Sɛ sɔhwɛ to obi a, ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ: ‘Onyankopɔn na ɔresɔ me ahwɛ.’ Ɛfiri sɛ wɔntumi mfa nnebɔne nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.”
“Monto mo dadwene nyinaa ngu ne so, ɛfiri sɛ ɔdwene mo ho.”
“Yehowa nkyɛ ne bɔhyɛ ho sɛdeɛ ebinom bu biribi sɛ ɛkyɛ no, na mmom ɔwɔ mo ho aboterɛ ɛfiri sɛ ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛeɛ, na mmom ɔpɛ sɛ obiara nya adwensakra.”