ASƐMMISA 9
Adɛn nti na nnipa hunu amane?
“Ɛnyɛ ahoɔherɛfoɔ na wɔdi nkonim ammirikatuo mu, na ɛnyɛ ahoɔdenfoɔ na wɔdi nkonim ɛko mu, na ɛnyɛ anyansafoɔ na wɔnya aduane, na ɛnyɛ nhunumufoɔ na wɔnya ahonyadeɛ, na ɛnyɛ animdefoɔ na wɔnya nnipa anim adom; ɛfiri sɛ asiane to wɔn nyinaa berɛ a wɔnhwɛ kwan.”
“Ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owuo nam bɔne so baeɛ, maa owuo trɛ kaa nnipa nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.”
“Yei nti na wɔyii Onyankopɔn Ba no adie, sɛdeɛ ɔbɛsɛe Ɔbonsam nnwuma.”
“Wiase nyinaa da ɔbɔnefoɔ no tumi mu.”