ASƐMMISA 16
Nneɛma hyɛ wo so a, ɛdeɛn na wobɛtumi ayɛ?
“Dane w’adesoa to Yehowa so, na ɔbɛsɔ wo mu. Ɔremma ɔteneneeni nhinhim da.”
“Nsiyɛfoɔ nhyehyɛeɛ de mfasoɔ ba, na obiara a ɔpere ne ho deɛ, ohia na ɛbɛhia no.”
“Nsuro ɛfiri sɛ meka wo ho. Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den. Mɛboa wo. Mede me tenenee nsa nifa bɛsɔ wo mu dendeenden.”
“Mo mu hwan na sɛ ɔdwendwene a ɔbɛtumi de basafa baako aka ne nkwa nna ho?”
“Monnnwennwene ɔkyena ho, na ɔkyena no ara bɛnya ne dadwene. Da biara mu bɔne no ara dɔɔso ma da no.”
“[Mompɛɛpɛɛ mu nhunu] nneɛma a ɛhia koraa no.”
“Monnnwennwene biribiara nnha mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim adeɛ nyinaa mu; na Onyankopɔn asomdwoeɛ a ɛboro adwene nyinaa soɔ no nam Kristo Yesu so bɛbɔ mo akoma ne mo adwene nsusuiɛ ho ban.”