ASƐMMISA 15
Ɛdeɛn na woyɛ a, ɛbɛma w’ani agyeɛ?
“Nhahamma aduane a ɔdɔ wom yɛ sene nantwie a wadɔ na ɔtan bata ho.”
“Me Yehowa, mene wo Nyankopɔn, deɛ ɔkyerɛ wo adeɛ a ɛyɛ ma woɔ, deɛ ɔgya wo fa ɛkwan a ɛsɛ sɛ wofa soɔ no so.”
“Anigyeɛ ne wɔn a wɔnim wɔn honhom mu ahiadeɛ, ɛfiri sɛ ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea.”
“Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”
“Sɛdeɛ mopɛ sɛ nnipa yɛ mo no, monyɛ wɔn saa ara.”
“Anigyeɛ ne wɔn a wɔtie Onyankopɔn asɛm na wɔdi soɔ!”
“Sɛ onipa nya ma no bu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fire.”
“Enti sɛ yɛwɔ yɛn ano aduane ne deɛ yɛde kata yɛn ho a, yɛbɛma ɛno ara adɔɔso ama yɛn.”
“Ɔma mu wɔ anigyeɛ pii sene ɔgyeɛ.”