Yesaia
48 Montie wei, O Yakob fie,
Mo a mode Israel din ato mo so+
Na mofiri Yuda nsuo mu,*
Mo a mode Yehowa din ka ntam+
Na mofrɛ Israel Nyankopɔn no,
Nanso ɛnyɛ nokorɛ anaa tenenee mu.+
2 Wɔde kuro kronkron no din frɛ wɔn ho,+
Na wɔde wɔn ani ato Israel Nyankopɔn no so;+
Ɔno na ne din de asafo Yehowa.
3 “Tete* nneɛma no, meka kyerɛɛ wo akyɛ.
Ɛpue firii me ara m’anom,
Na memaa wɔhunui.+
Mekekaa me ho prɛko pɛ na ɛbaeɛ.+
4 Ɛsiane sɛ menim sɛ w’aso yɛ den,
Na wo kɔn yɛ dadeɛ ntini, na wo moma yɛ kɔbere+ nti,
5 Meka kyerɛɛ wo akyɛ.
Ɛnnya mmaeɛ no, memaa wotee,
Na amma woanka sɛ, ‘Me bosom na ɛyɛeɛ,
Me honi a wɔasene ne me dadeɛ honi* na ɛmaa ɛbaeɛ.’
6 Moate na moahunu wei nyinaa.
Morenka ho asɛm anaa?+
Ɛfiri nnɛ merema moate nsɛm foforɔ,+
Nsɛm a wɔde asie a monnim ho hwee.
7 Afei na merebɔ, na ɛmfiri tete.
Ɛyɛ biribi a wontee da, gye nnɛ,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a worentumi nka sɛ, ‘Hwɛ! Menim dada.’
9 Nanso me din nti, mɛtwentwɛn m’abufuo so;+
M’ayeyie nti, mɛhyɛ me ho so wɔ wo ho,
Na merenyi wo mfiri hɔ.+
10 Hwɛ! Manane wo, nanso ɛnte sɛ dwetɛ.+
Masɔ wo ahwɛ* wɔ ahoyera fononoo* mu.+
Meremfa m’animuonyam mma obiara.*
12 Tie me, O Yakob, ne Israel a mafrɛ wo.
Mete sɛdeɛ meteɛ.+ Mene odikanfoɔ, na me ara nso mene okyikafoɔ.+
Sɛ mefrɛ wɔn a, wɔn nyinaa sɔre gyina hɔ.
14 Mo nyinaa, mommoaboa mo ho ano, na montie.
Wɔn mu hwan na ɔde weinom ato dwa?
Yehowa dɔ no.+
15 Me ara na makasa, na mafrɛ no.+
Mede no aba, na ne kwan bɛsi yie.+
16 Montwe mmɛn me, na montie wei.
Ɛfiri mfitiaseɛ pɛɛ menkaa biribiara wɔ ahintaeɛ mu.+
Berɛ a ɛsiiɛ no, na mewɔ hɔ.”
Na afei Awurade Tumfoɔ Yehowa asoma me, ne ne honhom.*
17 Deɛ Yehowa, wo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no,+ seɛ nie:
“Me, Yehowa, mene wo Nyankopɔn,
Deɛ ɔkyerɛkyerɛ wo ma ɛsi wo yie,*+
Deɛ ɔkyerɛ wo ɛkwan a ɛsɛ sɛ wofa so no.+
18 Sɛ wobɛtie me mmara nsɛm a,+
Wɔrentwa wɔn din ntwene, na wɔrenhye wɔn ase mfiri m’anim da.”
Monnwane mfiri Kaldeafoɔ nkyɛn!
Momfa anigyeɛ nka ho asɛm! Momfa nto dwa!+
Momma no nnuru asaase ano baabiara.+
Monka sɛ: “Yehowa agye n’akoa Yakob.+
21 Berɛ a ɔde wɔn nam anwea pradadaa so no, sukɔm anne wɔn.+
Ɔmaa nsuo firii ɔbotan mu ba maa wɔn;
Ɔpaee ɔbotan mu maa nsuo tueeɛ.”+