24 Ɛnna nkurɔfoɔ no firii aseɛ nwiinwii tiaa Mose sɛ:+ “Ɛdeɛn na yɛbɛnom?” 25 Enti ɔsu frɛɛ Yehowa,+ na Yehowa kyerɛɛ no dua bi. Berɛ a ɔde too nsuo no mu no, ɛyɛɛ dɛ.
Ɛhɔ na Onyankopɔn maa wɔn ahyɛdeɛ ne atemmusɛm, na ɛhɔ na ɔsɔɔ wɔn hwɛeɛ.+
14 mma w’akoma mmma ne ho so+ na wo werɛ amfi Yehowa wo Nyankopɔn a ɔyii wo firii nkoafie wɔ Egypt asaase so no.+15 Ɔno na ɔde wo faa serɛ kɛseɛ a ɛso yɛ hu so,+ serɛ a awɔ a borɔ wɔ wɔn ano ne nyanyankyerɛ wɔ so, asaase kesee a nsuo nni so. Ɔmaa wo nsuo firii ɔbotan a ɛyɛ den mu.+