Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 32:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mahu sɛ nkurɔfoɔ yi aso yɛ den.*+

  • 2 Ahemfo 17:13, 14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Yehowa nam n’adiyifoɔ ne adehunufoɔ no nyinaa so+ bɔɔ Israel ne Yuda kɔkɔ sɛ: “Montwe mo ho mfiri mo akwammɔne ho!+ Afei me mmara nsɛm, m’ahyɛdeɛ, ne mmara a mede maa mo agyanom na menam me nkoa a wɔyɛ adiyifoɔ no so de brɛɛ mo no nyinaa, monni so.” 14 Nanso wɔantie, na wɔyɛɛ asoɔden* te sɛ wɔn agyanom a wɔannye Yehowa wɔn Nyankopɔn anni no.+

  • 2 Berɛsosɛm 36:15, 16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa somaa ne nkoa kɔkasa kyerɛɛ wɔn mprɛ pii, ɛfiri sɛ na ne man ne n’asɔrefie* no yɛ no mmɔbɔ. 16 Nanso wɔkɔɔ so goroo nokorɛ Nyankopɔn nkoa no ho+ buu ne nsɛm animtia,+ na wɔdii n’adiyifoɔ no ho fɛ+ kɔsii sɛ Yehowa abufuo baa ne man so,+ kɔsii sɛ wɔannya ayaresa bio.

  • Dwom 78:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  8 Ɛno remma wɔnyɛ sɛ wɔn agyanom,

      Awoɔ ntoatoasoɔ asoɔdenfoɔ ne atuatefoɔ no,+

      Awoɔ ntoatoasoɔ a wɔansiesie wɔn akoma+

      Na wɔanyi wɔn yam anni Onyankopɔn nokorɛ no.

  • Hesekiel 3:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Nanso Israel fie deɛ, wɔrentie wo, ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔtie me.+ Israel fie nyinaa yɛ asobrakyeɛ na wɔn akoma yɛ den.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane