-
Yeremia 7:24-26Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
24 Nanso wɔantie, na wɔanyɛ aso;+ mmom wɔdii wɔn ankasa adwemmɔne* akyi yɛɛ asoɔden dii wɔn akoma bɔne akyi.+ Enti wɔsan wɔn akyi, na wɔankɔ wɔn anim; 25 wɔayɛ saa firi da a mo agyanom firii Egypt asaase so baeɛ no de bɛsi nnɛ.+ Enti mekɔɔ so somaa me nkoa adiyifoɔ no nyinaa baa mo nkyɛn; daa na mesoma wɔn ba mo nkyɛn mprɛ pii.*+ 26 Nanso wɔantie me; wɔanyɛ aso amma me.+ Mmom wɔyɛɛ asoɔden,* na wɔyɛɛ bɔne senee wɔn agyanom mpo!
-