ASƐMMISA 14
Wobɛyɛ dɛn ahwɛ deɛ wowɔ so yie?
“Deɛ ɔdɔ anigyeɛ no bɛdi hia; deɛ ɔpɛ nsã ne ngo dodo no, ɔrennya ne ho.”
“Deɛ ɔgye obi hɔ bosea no yɛ akoa ma deɛ ɔbɔ no bosea no.”
“Mo mu hwan na ɔpɛ sɛ ɔsi aban na ɔnni kan ntena ase nsẽsẽ nhwɛ sɛ ɔwɔ deɛ ɛdɔɔso a ɔde bɛwie? Anyɛ saa a, ɔbɛto fapem no nanso ɔrentumi nwie, na wɔn a wɔhwɛ nyinaa bɛfiri aseɛ adi ne ho fɛ, aka sɛ, ‘Onipa yi firii aseɛ siiɛ nanso wantumi anwie.’”
“Berɛ a wɔmeemeeɛ no, ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: ‘Mommoaboa deɛ aka aseɛ no ano na biribiara ansɛe kwa.’”