1
Onyankopɔn Din a Ɛpue Wɔ Hebri Twerɛnsɛm no Mu
Ansa na Israelfoɔ rekɔ nkoasom mu wɔ Babilon no, sɛdeɛ na wɔtwerɛ Onyankopɔn din wɔ tete Hebri mu nie
Berɛ a Israelfoɔ fi Babilon nkoasom mu baeɛ no, sɛdeɛ na wɔtwerɛ Onyankopɔn din wɔ Hebri mu nie
Onyankopɔn din pue bɛyɛ 7,000 wɔ Hebri Twerɛnsɛm no mu. Hebri ntwerɛdeɛ nnan a wɔde gyina hɔ ma Onyankopɔn din no ne יהוה. Wɔfrɛ ntwerɛdeɛ yi Tetragrammaton, na Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no kyerɛ aseɛ “Yehowa.” Ɛno ne edin a ɛdɔɔso paa wɔ Bible mu. Nnipa a Onyankopɔn de ne honhom kaa wɔn ma wɔtwerɛɛ Bible no de abodin pii frɛɛ no. Ebi ne “adeɛ nyinaa so Tumfoɔ,” “Ɔsorosoroni,” ne “Awurade.” Nanso, Tetragrammaton no nko ara na wɔsii no pi sɛ ɛyɛ Onyankopɔn din.
Yehowa Nyankopɔn hwɛ maa nnipa a wɔtwerɛɛ Bible no de ne din baa mu. Nhwɛsoɔ bi ne sɛ, ɔde ne honhom kaa odiyifoɔ Yoel ma ɔtwerɛɛ sɛ: “Obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, ɔbɛnya nkwa.” ( Yoel 2:32) Onyankopɔn maa dwontofoɔ bi nso twerɛɛ sɛ: “Nnipa nhunu sɛ wo a wo din de Yehowa no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni, asase nyinaa so.” (Dwom 83:18) Nnwom nwoma no yɛ anwensɛm nwoma a na Onyankopɔn nkurɔfoɔ to emu nsɛm no sɛ nnwom anaa wɔka no sɛ anwensɛm. Saa nwoma yi nko ara mu no, Onyankopɔn din no pue bɛyɛ 700. Ɛnneɛ deɛn nti na wohwɛ Bible pii mu a, wonhunu din no wom? Dɛn nti na Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no kyerɛ din no ase “Yehowa”? Ɛdeɛn na Onyankopɔn din “Yehowa” no kyerɛ?
Nnwom nwoma no mu nsɛm bi a ɛwɔ Po a Awuo nwoma mmobɔeɛ bi mu. Ɛbɛyɛ sɛ Yesu berɛ so na wɔyɛeɛ. Hebri a wɔde twerɛeɛ no yɛ deɛ na wɔtwerɛ wɔ Babilon nkoasom no akyi. Nanso Tetragrammaton no nko ara deɛ, tete Hebri ntwerɛdeɛ na wɔde twerɛeɛ
Adɛn nti na Onyankopɔn din no nni Bible pii mu? Nneɛma pii ntira. Ebinom susu sɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn deɛ, ɛnhia sɛ ɔnya din pɔtee biara. Afei nso, na Yudafoɔ wɔ atetesɛm bi sɛ Onyankopɔn din deɛ, yɛmmɔ no basabasa, anyɛ saa a ɛho bɛgu fĩ. Ɛbɛtumi aba sɛ ɛno ka ho bi nti na ebinom ayi Onyankopɔn din afiri Bible mu. Ebinom nso gye di sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛtumi akyerɛ sɛdeɛ wɔbɔ Onyankopɔn din no pɔtee, enti ɛbɛyɛ papa sɛ wɔde abodin bi te sɛ “Awurade” anaa “Onyankopɔn” mmom frɛ no. Nanso, nsɛm a ɛdidi soɔ yi ma yɛhunu sɛ saa nsɛm no ntɔ asom.
Wɔn a wɔka sɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn nhia din pɔtee biara no, ɛyɛ a wɔbu wɔn ani gu biribi so. Ɛne sɛ, tete no, na nkurɔfoɔ hwɛ Onyankopɔn Asɛm a ɛwɔ hɔ so twerɛ bi, na deɛ wɔyɛeɛ ansa na wɔrewo Kristo no mpo, na Onyankopɔn din no wom. Yɛadi kan aka sɛ Onyankopɔn hwɛ maa ne din puee n’Asɛm no mu bɛyɛ 7,000. Ɛno ma yɛhu pefee sɛ ɔpɛ sɛ yɛhunu ne din no na yɛbɔ.
Bible asekyerɛfoɔ a Yudafoɔ atetesɛm nti wɔyii Onyankopɔn din firii wɔn nkyerɛaseɛ mu no buu wɔn ani guu asɛnhia bi so. Ɛno ne sɛ, Yudafoɔ atwerɛfoɔ bi wɔ hɔ a, wɔrekasa a, na wɔmmɔ Onyankopɔn din, nanso berɛ a wɔrehwɛ Bible no so atwerɛ foforɔ no, wɔanyi Onyankopɔn din no amfiri mu. Nkurɔfoɔ kɔhuu tete nwoma mmobɔeɛ bi wɔ Po a Awuo no mpɔtam baabi a wɔfrɛ hɔ Kumran, na na Onyankopɔn din no dɔɔso wɔ saa nwoma mmobɔeɛ no mu. Bible asekyerɛfoɔ bi nso yɛɛ biribi de kyerɛɛ mmeaeɛ a anka ɛsɛ sɛ wɔde Onyankopɔn din no hyɛ wɔ Bible mu. Wɔde ntwerɛdeɛ akɛseɛ twerɛɛ “AWURADE” wɔ saa mmeaeɛ no. Nanso asɛm no ne sɛ, Bible asekyerɛfoɔ no ara gye tom sɛ edin no wɔ Bible mu bebree. Ɛnneɛ deɛn na ɛkaa wɔn ma wɔyi firii wɔn nkyerɛaseɛ mu? Hwan na ɔmaa wɔn kwan sɛ wɔnsesa din no? Wɔn nko ara na wɔnim.
Nnipa a wɔka sɛ obiara nnim sɛdeɛ yɛbɔ Onyankopɔn din no pɔtee nti ɛnsɛ sɛ yɛbɔ no, saa nnipa yi ara nso, Yesu din deɛ, wɔbɔ. Nanso sɛdeɛ Yesu berɛ so na n’asuafoɔ bɔ ne din no, seesei ɛnyɛ saa koraa na Kristofoɔ dodoɔ no ara bɔ no. Ɛbɛyɛ sɛ na Yudafoɔ Kristofoɔ no bɔ Yesu din no Ye·shuʹa‛. Afei “Kristo” nso, na wɔka no Ma·shiʹach, anaa “Mesia.” Kristofoɔ a na wɔka Hela kasa no frɛɛ no I·e·sousʹ Khri·stosʹ, na Kristofoɔ a wɔka Latin nso frɛɛ no Ieʹsus Chriʹstus. Wɔn a Onyankopɔn honhom kaa wɔn ma wɔtwerɛɛ Kristofoɔ Hela Twerɛnsɛm no mpo, sɛ wɔretwerɛ Yesu din a, na wɔtwerɛ no sɛdeɛ wɔbɔ no wɔ Hela kasa mu no. Wohwɛ nso a, na ɛtɔ asom, ɛfiri sɛ Hela ne kasa a na nnipa dodoɔ no ara ka. Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no nso frɛ Onyankopɔn “Yehowa.” Wɔn a wɔyɛeɛ no nim sɛ ɛnyɛ saa pɛpɛɛpɛ na na wɔbɔ din no wɔ tete Hebri kasa mu. Nanso wɔhu sɛ nteaseɛ wom sɛ wɔbɛfrɛ no saa.
Adɛn nti na Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no frɛ Onyankopɔn “Yehowa”? Twi kasa mu no, wɔde YHWH na ɛgyina hɔ ma Tetragrammaton (יהוה) ntwerɛdeɛ nnan no. Tete no, sɛ wɔretwerɛ Hebri a, na wɔmfa ɛnne ntwerɛdeɛ te sɛ a, e, ɛ, i, o, ɔ, anaa u, nhyehyɛ mu. Enti Tetragrammaton no nso, na saa ntwerɛdeɛ no bi nnim. Berɛ a na nnipa pii ka Hebri kasa no, sɛ obi rekenkan biribi a, ɔno ankasa de ɛnne ntwerɛdeɛ hyehyɛ mu.
Berɛ a wɔtwerɛɛ Hebri Twerɛnsɛm no wieeɛ no, bɛyɛ mfeɛ apem akyi, Yudafoɔ pii bɛnyaa adwene bi sɛ ɛyɛ mfomsoɔ sɛ obi bɛbɔ Onyankopɔn din. Enti berɛ biara, sɛ wɔrekenkan adeɛ na wɔkɔpue Onyankopɔn din so a, na wɔde abodin bi te sɛ “Awurade” ahyɛ anan. Ne saa nti, ɛnnɛ yɛnnim sɛdeɛ na Onyankopɔn asomfoɔ a wɔtenaa ase tete no bɔ Onyankopɔn din no. (Genesis 13:4; Exodus 3:15) Nwomanimfoɔ binom susu sɛ na wɔbɔ no “Yahwe.” Afoforɔ nso ka sɛ sɛdeɛ na tete Hela atwerɛfoɔ twerɛ edin no, ebia saa na na nkurɔfoɔ bɔ no. Ná wɔtwerɛ no Iae, I·a·beʹ, anaa I·a·ou·eʹ. Ɛwom sɛ yɛnnim sɛdeɛ na wɔbɔ din no wɔ tete Hebri mu deɛ, nanso yɛnim sɛ, sɛ Onyankopɔn asomfoɔ a wɔtenaa ase tete no ne nnipa anaa Onyankopɔn rekasa a, na wɔbɔ ne din no.—Exodus 6:2; 1 Ahemfo 8:23; Dwom 99:9.
Sɛdeɛ William Tyndale kyerɛɛ Onyankopɔn din ase wɔ Genesis 15:2 nie. Bible mu nwoma nnum a ɛdi kan a ɔkyerɛɛ aseɛ afe 1530 no mu na ɛwɔ
Ɛnneɛ adɛn nti na Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no frɛ Onyankopɔn “Yehowa”? Ɛfiri sɛ ɛnyɛ nnɛ na wɔfirii aseɛ frɛɛ no saa wɔ Twi kasa mu. Onyankopɔn din “Yehowa” no dii kan puee Twi Bible mu wɔ nkyerɛaseɛ a Johann Gottlieb Christaller yɛɛ no 1871 no mu.
Ebinom te nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛfrɛ Onyankopɔn “Yahwe,” na ebinom nso se “Yehowa.” Afe 1911 no, Bible ho ɔbenfoɔ Joseph Bryant Rotherham a nkurɔfoɔ bu no paa no twerɛɛ nwoma bi a wɔato din Studies in the Psalms. Ɔkyerɛɛ mu wɔ nwoma no mu sɛ, ɔno deɛ, “nnipa a wɔtaa kenkan Bible no, edin a wɔn mu dodoɔ no ara nim (na wɔgye tom)” no, ɛno na ɔde baa ne Bible nkyerɛaseɛ no mu. Afe 1930 mu no, A. F. Kirkpatrick nso kaa biribi saa. Ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ deɛ ɛhia ne sɛdeɛ yɛbɔ din no; deɛ ɛhia ne sɛ obiara bɛhu sɛ ɛyɛ Din Paa, na ɛnyɛ abodin te sɛ ‘Awurade.’”
Tetragrammaton ntwerɛdeɛ YHWH no kyerɛ: “Deɛ Ɔma Ɛyɛ Hɔ”
Hebri asɛmfua a wɔtwerɛ no YHWH no kyerɛ: “ɛyɛ hɔ”
Dɛn na edin Yehowa kyerɛ? Edin Yehowa no firi Hebri asɛmfua bi mu, na saa asɛmfua no kyerɛ “ɛyɛ hɔ.” Nwomanimfoɔ binom susu sɛ adwene a ɛwɔ saa asɛmfua no akyi ne sɛ obi na ɔma biribi yɛ hɔ. Enti wɔn a wɔyɛɛ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no te Onyankopɔn din no ase sɛ, “Deɛ Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Nwomanimfoɔ adwene nhyia wɔ edin no nkyerɛaseɛ ho, enti yɛrentumi nka sɛ kyinkyin ara a, saa na ɛkyerɛ. Nanso Yehowa yɛ Ɔbɔadeɛ, na deɛ ɔbɔ ne tirim biara, ɔma ɛyɛ hɔ. Ɔno na ɔmaa abɔfoɔ, nnipa, ne amansan yi mu nneɛma a aka nyinaa baeɛ. Afei nso tebea biara mu no, ɔhwɛ ma n’apɛdeɛ ne n’atirimpɔ yɛ hɔ.
Hebri asɛmfua a Yehowa din firi mu no, wɔde asɛmfua bi a ɛne no sɛ dii dwuma wɔ Exodus 3:14, na ɛhɔ kan sɛ: “Mɛyɛ Me Ho Deɛ Mepɛ sɛ Meyɛ.” Nanso ɛnyɛ Onyankopɔn din no nkyerɛaseɛ nyinaa ne no. Enti yɛreka paa a, saa nsɛm no nkyerɛkyerɛ Onyankopɔn din mu nwie. Mmom no, ɛma yɛhu biribi fa Onyankopɔn ho, kyerɛ sɛ, tebea biara mu no, ɔyɛ ne ho sɛdeɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ ma n’atirimpɔ yɛ hɔ. Edin Yehowa no san kyerɛ sɛ ɔtumi ma n’abɔdeɛ yɛ deɛ ɔpɛ ma n’atirimpɔ ba mu.