2
Onyankopɔn Din a Ɛpue Wɔ Kristofoɔ Hela Twerɛnsɛm no Mu
Bible ho abenfoɔ gye tom sɛ Tetragrammaton (יהוה) a wɔde gyina hɔ ma Onyankopɔn din no, ɛpue wɔ Hebri Twerɛnsɛm no mu bɛyɛ 7,000. Nanso, nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ ampue wɔ Kristofoɔ Hela Twerɛnsɛm no mu. Enti, ɛnnɛ, wofa Bible pii a, wonhunu edin Yehowa no wɔ ɛfã a nkurɔfoɔ taa frɛ no Apam Foforɔ no. Sɛ Hela Twerɛnsɛm no fa nsɛm bi firi Hebri Twerɛnsɛm no mu ka asɛm na sɛ Tetragrammaton no pue wom mpo a, nsɛm asekyerɛfoɔ dodoɔ no ara de “Awurade” na ɛhyɛ Onyankopɔn din ankasa no anan.
Nanso, ɛnte saa wɔ Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no mu. Ɛno deɛ, edin Yehowa no pue Kristofoɔ Hela Twerɛnsɛm no mu 237. Deɛ ɛmaa wɔn a wɔkyerɛɛ aseɛ no de edin no baa mu ne nneɛma titire mmienu yi: (1) Hela nsaano ntwerɛeɛ a ɛwɔ hɔ nnɛ no nyinaa, nkurɔfoɔ hwɛɛ bi so na wɔtwerɛeɛ. Berɛ a Bible atwerɛfoɔ dii kan twerɛɛ Hela Twerɛnsɛm no, ɛdii mfeɛ ahanu ne akyire ansa na nkurɔfoɔ reyɛ nsaano ntwerɛeɛ a ɛwɔ hɔ nnɛ no fã kɛseɛ no ara. (2) Saa berɛ no, atwerɛfoɔ no sesaa Tetragrammaton no de Hela asɛmfua Kyʹri·os a ɛkyerɛ “Awurade” sii anan. Ebi nso wɔ hɔ a, deɛ na wɔayiyi Tetragrammaton no afiri mu dada na wɔhwɛɛ so twerɛɛ bie.
Wɔn a wɔyɛɛ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no, wɔhuu sɛ biribiara kyerɛ sɛ Tetragrammaton no puee tete Hela nsaano ntwerɛeɛ no mu. Ɛno nti na wɔde Onyankopɔn din no baa Hela Twerɛnsɛm no mu. Wɔn nnyinasoɔ nie:
Hebri Twerɛnsɛm a na nkurɔfoɔ de yɛ adwuma wɔ Yesu ne n’asomafoɔ no berɛ soɔ no, na Tetragrammaton no wom bebree. Berɛ bi a atwam no, nnipa mmaako mmaako bi gyee saa asɛm yi ho akyinnyeɛ. Nanso seesei, nhwehwɛmufoɔ akɔhunu Hebri Twerɛnsɛm no bi a wɔyɛɛ no asomafoɔ no berɛ so wɔ baabi a ɛbɛn Kumran. Ɛno ama akyinnyegyeɛ no nyinaa to atwa.
Yesu ne n’asomafoɔ no berɛ soɔ no, na Tetragrammaton no san wɔ Hebri Twerɛnsɛm a wɔakyerɛ aseɛ kɔ Hela kasa mu no mu. Tete no, wɔkyerɛɛ Hebri Twerɛnsɛm no ase kɔɔ Hela mu, na na wɔfrɛ no Septuagint. Akyire yi, nkurɔfoɔ hwɛɛ so twerɛɛ bi. Saa nsaano ntwerɛeɛ no, dadaada nyinaa, na abenfoɔ adwene yɛ wɔn sɛ Tetragrammaton no nni mu. Nanso mfeɛ kakra nie, nwomanimfoɔ yɛɛ Septuagint nsaano ntwerɛeɛ bi mu nhwehwɛmu. Ɛyɛ nkratafa asinasin a akyɛ paa a Yesu berɛ so nyinaa na ɛwɔ hɔ. Wɔhunuu sɛ wɔde Hebri atwerɛ Onyankopɔn din wom. Ɛno kyerɛ sɛ Yesu berɛ soɔ no, nsaano ntwerɛeɛ a na ɛwɔ Hela kasa mu no, na Onyankopɔn din wom. Bɛyɛ mfeɛ ahasa akyi no, wɔyɛɛ Hela Septuagint nsaano ntwerɛeɛ bi a ɛnte sɛ nsaano ntwerɛeɛ a akyɛ paa no. Ebi ne Codex Vaticanus ne Codex Sinaiticus a agye din no. Ɛno deɛ, na Onyankopɔn din nni Genesis kɔsi Malaki. Enti ɛnyɛ nwanwa sɛ nsaano ntwerɛeɛ a wɔyɛɛ no saa berɛ no nyinaa, wohwɛ ɛfã a wɔfrɛ no Apam Foforɔ anaa Hela Twerɛnsɛm no mu a, wonhunu Onyankopɔn din.
Yesu kaa no pefee sɛ: “M’Agya din mu na mebaeɛ.” Ɔsan sii so dua sɛ nnwuma a ɔyɛeɛ nyinaa, ɔyɛɛ no n’Agya “din mu”
Kristofoɔ Hela Twerɛnsɛm no ara mpo ma yɛhunu sɛ na Yesu taa bɔ Onyankopɔn din, na ɔdaa edin no adi kyerɛɛ nkurɔfoɔ. (Yohane 17:6, 11, 12, 26) Yesu kaa no pefee sɛ: “M’Agya din mu na mebaeɛ.” Ɔsan sii so dua sɛ nnwuma a ɔyɛeɛ nyinaa, ɔyɛɛ no n’Agya “din mu.”—Yohane 5:43; 10:25.
Onyankopɔn honhom a ɔde kaa nnipa ma wɔtwerɛɛ Hebri Twerɛnsɛm no, ɛno ara na ɔde kaa nnipa ma wɔtwerɛɛ Kristofoɔ Hela Twerɛnsɛm no. Enti ɛbɛyɛ nwanwa sɛ Yehowa din bɛtumi ayera afiri Hela Twerɛnsɛm no mu prɛko pɛ. Asomafoɔ no berɛ soɔ no, osuani Yakobo ka kyerɛɛ Yerusalem mpanimfoɔ no sɛ: “Simeon akyerɛkyerɛ mu fann sɛdeɛ Onyankopɔn danee n’ani baa amanaman no so deɛ ɛdi kan yii nnipa bi firii wɔn mu maa ne din no.” (Asomafoɔ Nnwuma 15:14) Saa berɛ no, sɛ obiara nnim Onyankopɔn din anaa obiara mmɔ din no a, anka hwan na ɔbɛhunu deɛ Yakobo repɛ akyerɛ?
Onyankopɔn din a wɔatwa no tia wɔ Kristofoɔ Hela Twerɛnsɛm no mu. “Haleluia” a ɛwɔ Adiyisɛm 19:1, 3, 4, 6 no, ɛfiri Hebri asɛmfua bi mu, na ɛkyerɛ: “Monyi Yah ayɛ.” “Yah” nso yɛ Yehowa din no a wɔatwa no tia. Edin bebree wɔ Kristofoɔ Hela Twerɛnsɛm no mu a wɔnya firii Onyankopɔn din no mu. Yesu mpo, nwoma ahodoɔ bi ka sɛ ne din no kyerɛ “Yehowa Ne Nkwagyeɛ.”
Nwoma ahodoɔ a tete Yudafoɔ twerɛeɛ no ma yɛhunu sɛ, na Yudafoɔ Kristofoɔ a wɔwɔ hɔ no twerɛ Onyankopɔn din wɔ wɔn nwoma ahodoɔ mu. Yudafoɔ wɔ mmara nwoma bi a wɔfrɛ no Tosefta. Wɔtwerɛ wiee bɛyɛ afe 300 Y.B., na ɛkaa sɛdeɛ na Homeda biara, atamfo hye Kristofoɔ nwoma no ho asɛm sɛ: “Wɔhyee Asɛmpakafoɔ no nwoma ne minimfoɔ no nwoma. [Minimfoɔ no, wɔkyerɛ mu sɛ wɔyɛ Yudafoɔ Kristofoɔ.] Wɔde guu gya mu maa ɛne Onyankopɔn Din a ɛwom no nyinaa hyee dwerɛbee.” Nwoma korɔ no ara faa Galileani kyerɛkyerɛfoɔ Yosé anom asɛm kaeɛ. Ɔtenaa ase Yesu awoɔ akyi bɛyɛ mfeɛ 200, na ɔkaa sɛ da a ɛnyɛ Homeda no, “na wɔtwitwa baabi a Onyankopɔn Din pue wɔ [Kristofoɔ nwoma no] mu de sie, na afei wɔhye deɛ aka no.”
Bible ho abenfoɔ binom gye tom sɛ, sɛ Kristofoɔ Hela Twerɛnsɛm no fa Hebri Twerɛnsɛm no mu nsɛm bi ka a, ɛnyɛ dɛn ara a, Onyankopɔn din no bɛpue wom. Nsɛm asekyerɛ nwoma bi kaa Tetragrammaton no ho asɛm sɛ: “Nneɛma bi wɔ hɔ a yɛbɛtumi agyina so aka sɛ berɛ a wɔretwerɛ Apam Foforɔ no, sɛ Apam Dada no mu nsɛm bi pue wom a, ne nyinaa anaa ne fã bi deɛ, Tetragrammaton a ɛyɛ Onyankopɔn din, Yahwe no, bɛpue wom.” (The Anchor Bible Dictionary) Ɔbenfoɔ George Howard ka sɛ: “Hela Bible [Septuagint] a ɛno ne Twerɛnsɛm a na tete asɔre no [anaa Kristofoɔ] kenkan no, ɛsiane sɛ na wɔda so ara twerɛ [Tetragrammaton] no wom nti, nteaseɛ wom sɛ yɛbɛgye adi sɛ, sɛ Apam Foforɔ no atwerɛfoɔ refa Apam Dada no mu asɛm aka a, na wɔnyi [Tetragrammaton] no mfiri mu.”
Bible asekyerɛfoɔ bi a wɔbu wɔn paa de Onyankopɔn din baa wɔn nkyerɛaseɛ mu wɔ Kristofoɔ Hela Twerɛnsɛm no mu. Edin no baa wɔn mu bi nkyerɛaseɛ mu koraa ansa na Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no reba. Bible asekyerɛfoɔ no bi Bible ne wɔn din na ɛdidi soɔ yi: A Literal Translation of the New Testament . . . From the Text of the Vatican Manuscript, Herman Heinfetter (1863); The Emphatic Diaglott, Benjamin Wilson (1864); The Epistles of Paul in Modern English, George Barker Stevens (1898); St. Paul’s Epistle to the Romans, W. G. Rutherford (1900); The New Testament Letters, J.W.C. Wand, London Sɔfopɔn (1946). Deɛ ɛka ho bie ne Bible a Pablo Besson kyerɛɛ aseɛ kɔɔ Spain kasa mu wɔ afe 1919 mu no. Wokan ne Bible no a, wobɛhunu “Jehová” wɔ Luka 2:15 ne Yuda 14. Afei nso, aseɛ hɔ nsɛm a ɛwɔ saa Bible no mu no, emu bɛyɛ 100 twe adwene si mmeaeɛ bi a ebia anka ɛsɛ sɛ Onyankopɔn din no ba. Bɛboro mfeɛ 200 ansa na Bible ahodoɔ a yɛaka ho asɛm yi nyinaa reba no, na nkurɔfoɔ akyerɛ Kristofoɔ Hela Twerɛnsɛm no ase kɔ Hebri kasa mu, na na Tetragrammaton no pue wɔ mmeaeɛ pii. German kasa nko ara mu no, anyɛ yie koraa, Bible ahodoɔ bɛyɛ 11 na edin “Jehovah” (anaa “Yahweh”) no pue wɔ Kristofoɔ Hela Twerɛnsɛm no mu. German Bible asekyerɛfoɔ nnan bi nso, wɔtwerɛ “Awurade” a, na wɔde Onyankopɔn din no ahyɛ nkahyemdeɛ mu aka ho. Bible a wɔakyerɛ aseɛ kɔ German kasa mu no, bɛboro 70 na wɔde Onyankopɔn din no hyɛɛ aseɛ hɔ nsɛm mu anaa nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Onyankopɔn din no pue wɔ Kristofoɔ Hela Twerɛnsɛm no mu wɔ Bible a wɔakyerɛ aseɛ kɔ kasa bɛboro ɔha mu. Onyankopɔn din nyɛ nã wɔ Bible a wɔakyerɛ aseɛ kɔ kasa ahodoɔ pii mu te sɛ deɛ wɔka no Afrika, Amerika, Asia, Europe, ne Pacific aman mu no. (Hwɛ kratafa 12 ne 13.) Nkyerɛkyerɛmu a yɛadi kan de ama no, ɛno ara bi na ɛmaa Bible asekyerɛfoɔ de Onyankopɔn din baa Bible no mu wɔ kasa ahodoɔ yi mu. Kasa no bi wɔ hɔ a, nnansa yi ara na wɔrekyerɛ Kristofoɔ Hela Twerɛnsɛm no ase akɔ mu. Saa Bible no bi ne Rotuman Bible (1999) a “Jihova” pue wom 51 wɔ nkyekyɛm mmaako mmaako 48. Batak (Toba) Bible (1989) a wɔkyerɛɛ aseɛ wɔ Indonesia no nso, “Jahowa” pue wom 110.
Onyankopɔn din a ɛwɔ Marko 12:29, 30 wɔ Bible a wɔkyerɛɛ aseɛ kɔɔ Hawaii kasa mu afe 1816 mu
Yeinom nyinaa nti, nteaseɛ wom paa sɛ obi rekyerɛ Kristofoɔ Hela Twerɛnsɛm no ase a, ɔde Onyankopɔn din Yehowa no bɛba mu. Ɛno nti na wɔn a wɔyɛɛ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no nso yɛɛ saa. Wɔwɔ obuo kɛseɛ ma Onyankopɔn din no, na wɔsuro sɛ wɔbɛyi biribi afiri Onyankopɔn Asɛm mu.—Adiyisɛm 22:18, 19.