4-A
Yesu Asase so Asetena Mu Nsɛm—Ansa na Yesu Refiri Ne Som Adwuma Ase
Nsɛmpa Nnan Mu Nsɛm; Yɛahyehyɛ no Sɛdeɛ Ɛsisii
Nsɛm a yɛahyehyɛ yi, map ka ho, na ɛkyerɛ Yesu akwantu ne mmeae a ɔkɔkaa asɛmpa no. Map no kyerɛ mmeae a Yesu kɔe nanso ɛnkyerɛ akwan pɔtee a ɔfaa so. Ahyɛnsode “b.” no kyerɛ “bɛyɛ.”
Ansa na Yesu Refiri Ne Som Adwuma Ase
BERƐ |
BEAEƐ |
DEƐ ƐSIIƐ |
MATEO |
MARKO |
LUKA |
YOHANE |
---|---|---|---|---|---|---|
Afe 3 A.Y.B. |
Yerusalem, asɔrefie |
Ɔbɔfoɔ Gabriel hyɛɛ Yohane Suboni awoɔ ho nkɔm kyerɛɛ Sakaria |
||||
b. afe 2 A.Y.B. |
Nasaret; Yudea |
Ɔbɔfoɔ Gabriel hyɛɛ Yesu awoɔ ho nkɔm kyerɛɛ Maria; Maria kɔsraa ne busuani Elisabet |
||||
Afe 2 A.Y.B. |
Yudea mmepɔ so nkuro |
Wɔwoo abɔfra too ne din Yohane Suboni; Sakaria hyɛɛ nkɔm; Yohane asetena wɔ serɛ so |
||||
Afe 2 A.Y.B., b. Oct. 1 |
Betlehem |
Wɔwoo Yesu; “Asɛm no bɛyɛɛ honam” |
||||
Betlehem nkyɛn baabi; Betlehem |
Ɔbɔfoɔ bi kaa asɛmpa kyerɛɛ nnwan- hwɛfoɔ; abɔfoɔ yii Onyankopɔn ayɛ; nnwanhwɛfoɔ kɔsraa abɔfra no |
|||||
Betlehem; Yerusalem |
Wɔtwaa Yesu twetia (da a ɛtɔ so 8); n’awofoɔ de no kɔɔ asɔrefie (adaduanan akyi) |
|||||
Afe 1 A.Y.B. anaa afe 1 Y.B. |
Yerusalem; Betlehem; Egypt; Nasaret |
Nsoromma mu ahwɛfoɔ kɔsraa wɔn; abusua no dwane kɔɔ Egypt; Herode kunkum mmarimaa; abusua no firi Egypt baeɛ, na wɔkɔtenaa Nasaret |
||||
Afe 12 Y.B., Twam |
Yerusalem |
Yesu a wadi mfeɛ 12 no kɔɔ asɔrefie; ɔbisabisaa akyerɛkyerɛfoɔ nsɛm |
||||
Nasaret |
Ɔsan kɔɔ Nasaret; ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase maa n’awofoɔ; ɔsuaa dua- dwumfoɔ adwuma; Maria woo mma mmarima foforɔ nnan; ɔwoo mma mmaa nso (Mt 13:55, 56; Mr 6:3) |
|||||
Afe 29, sutɔ berɛ |
Serɛ so, Yordan Asubɔnten |
Yohane Suboni firii n’asɛnka adwuma ase |