Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • sgd nkr. 34-35
  • 5 Bible no Mu Nsɛntitiriw

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 5 Bible no Mu Nsɛntitiriw
  • Fa Sua Onyankopɔn Asɛm
  • Nsɛmti Nketewa
  • 4026 A.Y.B. akyi
  • 1943 A.Y.B.
  • 1070 A.Y.B. akyi
  • 29 Y.B.
  • 33 Y.B.
  • Bɛyɛ 1914 Y.B.
  • Daakye
Fa Sua Onyankopɔn Asɛm
sgd nkr. 34-35

5

Bible no Mu Nsɛntitire

Deɛ Yɛaprente

Yehowa Nyankopɔn na ɔfata sɛ ɔdi yɛn soɔ. Ne nnisoɔ yɛ kyɛn nnisoɔ foforɔ biara. Deɛ enti a ɔbɔɔ asase ne nnipa no bɛba mu.

Adam ne Hawa wɔ Eden Turo no mu, na ɔwɔ bi nso wɔ hɔ

4026 A.Y.B. akyi

“Ɔwɔ” no kekaa nsɛm bi de kyerɛɛ sɛ ɔkwan a Yehowa fa so di adasamma soɔ no nyɛ papa, enti ɔmfata sɛ ɔdi nnipa so. Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma ‘aseni’ bi abɛbɔ ɔwɔ no, anaa Satan ti. (Genesis 3:1-5, 15) Nanso Yehowa gyaee nnipa sɛ wɔnni wɔn ho so kɔsi sɛ saa berɛ no bɛso. Enti nnipa bɛhyɛɛ ɔwɔ no ase.

Abraham tee Onyankopɔn bɔhyɛ

1943 A.Y.B.

Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ n’abusua mu na ‘aseni’ no bɛfiri aba.—Genesis 22:18.

Ɔhene Dawid

1070 A.Y.B. akyi

Yehowa maa Ɔhene Dawid awerɛhyem sɛ, n’abusua mu na ‘aseni’ no bɛfiri aba. Akyire yi, ɔsan sii so dua kyerɛɛ ne ba Solomon.—2 Samuel 7:12, 16; 1 Ahemfo 9:3-5; Yesaia 9:6, 7.

Yesu asubɔ

29 Y.B.

Yehowa maa nnipa huu sɛ Yesu ne ‘aseni’ a wɔahyɛ ne ho bɔ no, na ɔno na ɔbɛdi Dawid adeɛ.—Galatifoɔ 3:16; Luka 1:31-33; 3:21, 22.

Yesu wu

33 Y.B.

Ɔwɔ a ɔne Satan no kaa ‘aseni’ no nantin, kyerɛ sɛ, ɔkum Yesu. Yehowa nyanee Yesu maa no kɔɔ soro, na ɔde ne ho kɔkyerɛɛ n’Agya sɛ ɔde ne nipadua a ɛyɛ pɛ no abɔ afɔdeɛ, na Yehowa nso gye toom. Ɛno abue bɔne fafirie ne daa nkwa ho kwan ama Adam asefoɔ.—Genesis 3:15; Asomafoɔ Nnwuma 2:32-36; 1 Korintofoɔ 15:21, 22.

Ɔwɔ no a ɔne ara ne Satan no, wɔato no afi soro reba asase so sɛnea Adiyisɛm nhoma no kae no

Bɛyɛ 1914 Y.B.

Yesu too ɔwɔ a ɔne Satan no too asase so sɛ ɔnni ne nna kakra a aka no wɔ so.—Adiyisɛm 12:7-9, 12.

Yesu te n’ahengua so wɔ soro redi asase so sɛnea Adiyisɛm nhoma no kae no

Daakye

Yesu de Satan bɛto afiase mfeɛ 1,000 na afei wasɛe no, kyerɛ sɛ, ɔbɛpɛkyɛ ne ti. Deɛ enti a Yehowa bɔɔ asase ne nnipa no bɛba mu. Ne din a wɔasɛe no no ho bɛte, na obiara bɛhunu sɛ ne nnisoɔ na ɛyɛ papa.—Adiyisɛm 20:1-3, 10; 21:3, 4.

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane