11 Saa berɛ no, na Basan hene Og nko ara ne Refaimni a waka. Mpa a wɔde ne funu too so no, dadeɛ* na wɔde yɛeɛ. Mpa yi da so si Ammonfoɔ kuro Raba. Sɛ wɔsusu no basafa* mu sɛdeɛ obiara nim no a, ne tenten yɛ basafa nkron, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa nnan.