18 Ɛnna honhom baa Amasai,+ aduasa so panin no so, na ɔkaa sɛ:
“O Dawid, yɛyɛ wo dea, na w’afã na yɛwɔ, O Yese ba.+
Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ nka wo, na asomdwoeɛ nka wo boafoɔ,
Ɛfiri sɛ wo Nyankopɔn ne wo boafoɔ.”+
Enti Dawid gyee wɔn, na ɔde wɔn kaa asraafoɔ mpanimfoɔ no ho.