-
2 Berɛsosɛm 7:6Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
6 Ná asɔfoɔ no gyinagyina wɔn gyinabea reyɛ wɔn nnwuma, na Lewifoɔ no nso kurakura nnwontoɔ nneɛma a wɔbɔ di nnwontofoɔ a wɔyi Yehowa ayɛ no akyi.+ (Ɔhene Dawid yɛɛ nnwontoɔ nneɛma no sɛ berɛ biara a ɔne wɔn* bɛyi Onyankopɔn ayɛ no, wɔmfa nna Yehowa ase sɛ, “ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”) Asɔfoɔ no nso gyinagyinaa wɔn anim hyɛn ntotorobɛnto dendeenden;+ saa berɛ no, na Israelfoɔ no nyinaa gyinagyina hɔ.
-