2 Ɛsoma nkurɔfoɔ fa po so,
Ɛma wɔde ahyɛn a wɔde mmɛwa ayɛ fa nsuo so, na ɛka sɛ:
“Monkɔ, asomafoɔ a mo ho yɛ hare,
Monkɔ ɔman a emufoɔ yɛ atenten na wɔn ho yɛ tromtrom no nkyɛn,
Monkɔ nnipa a wɔsuro wɔn wɔ baabiara no nkyɛn,+
Monkɔ ɔman a wɔn ho yɛ den na wɔredi nkonim no nkyɛn,
Ɔman a nsubɔnten ahohoro wɔn asaase no.”