-
Yeremia 40:5Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
5 Berɛ a Yeremia da so gyina hɔ a ɔnnya nsan n’akyi no, Nebusaradan kaa sɛ: “San kɔ Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ a Babilon hene de no asi Yuda nkuro so no nkyɛn, na tena ne nkyɛn wɔ nkurɔfoɔ no mu, anaa baabiara a wopɛ sɛ wokɔ biara, kɔ.”
Na awɛmfoɔ so panin no maa no aduane ne akyɛdeɛ, na ɔmaa no kɔe.
-