14 Nanso berɛ a mehuu sɛ wɔamfa asɛmpa no ho nokorɛ anyɛ adwuma no,+ meka kyerɛɛ Kefa wɔ wɔn nyinaa anim sɛ: “Wo a woyɛ Yudani no, sɛ woanyɛ w’adeɛ sɛ Yudani na mmom wobɔ wo bra sɛ amanaman muni a, adɛn nti na worehyɛ amanaman mufoɔ sɛ wɔmmɔ wɔn bra sɛ Yudafoɔ?”+