Leviticus
24 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔmma wo ngo korɔgyenn a ɛfiri ngodua mu; ɛno na wɔde bɛgu nkanea no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛsi so daa a ɛrennum.+ 3 Nkanea a ɛsisi ahyiaeɛ ntomadan no mu wɔ ntwamutam a ɛsɛn baabi a Adanseɛ Adaka no wɔ akyi no, Aaron nhwɛ mma wɔnsɔ, na ɔnhwɛ sɛ daa ɛbɛsi so afiri anwummerɛ akɔsi anɔpa wɔ Yehowa anim. Ɛyɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. 4 Kaneadua+ a wɔde sika kɔkɔɔ amapa ayɛ no, ɔnhwɛ sɛ ɛso nkanea no bɛyɛ adwuma daa wɔ Yehowa anim.
5 “Fa esiam muhumuhu tõ paanoo 12 a wɔayɛ no sɛ nkawa. Fa esiam efa nkyɛmu du mu mmienu* tõ paanoo no biara. 6 Yɛ no akuo mmienu wɔ sika kɔkɔɔ pono no so wɔ Yehowa anim;+ fa nsia toto so wɔ fã ha, na fa nsia nso toto so wɔ fã ha.+ 7 Fa ɛhyɛ* papa gu kuo biara so, na ɛbɛgyina hɔ* ama afɔreɛ a wɔde paanoo rebɔ no,+ na ɛbɛyɛ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa. 8 Homeda biara ɔmfa mmɛsi Yehowa anim.+ Ɛyɛ apam a me ne Israelfoɔ ayɛ de kɔsi daa. 9 Ɛbɛyɛ Aaron ne ne mma dea,+ na ma wɔnni no baabi a ɛhɔ yɛ kronkron,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ ade kronkron paa a ɛfiri afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa no mu. Ɛyɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa.”
10 Ná Israelni baa bi wɔ babarima wɔ Israelfoɔ mu a ne papa yɛ Egyptni.+ Berɛ bi, saa aberanteɛ no ne Israelni barima bi koo wɔ asoɛeɛ hɔ. 11 Aberanteɛ a ne maame yɛ Israelni yi firii aseɛ domee dinkɛseɛ no,*+ na ɔkaa ho abususɛm. Enti wɔde no brɛɛ Mose.+ Ná ne maame no din de Selomit, na na ɔyɛ Dibri a ɔfiri Dan abusuakuo mu no babaa. 12 Wɔde aberanteɛ no too dan mu twɛn gyinaeɛ a Yehowa bɛsi wɔ asɛm no ho.+
13 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 14 “Fa deɛ ɔdomee me din no bra asoɛeɛ no akyi. Afei wɔn a wɔtee deɛ ɔkaeɛ no nyinaa mfa wɔn nsa ngu ne tiri so, na asafo no nyinaa nsi no aboɔ.+ 15 Na ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Obiara a ɔbɛdome ne Nyankopɔn no, wayɛ bɔne na ɔbɛnya ne bɔne so akatua. 16 Enti deɛ waka Yehowa din ho abususɛm no, ɛsɛ sɛ wɔku no.+ Ɛsɛ sɛ asafo no nyinaa si no aboɔ. Obiara a ɔbɛkasa atia dinkɛseɛ no, ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu oo, kuromanni oo, wɔnku no.
17 “‘Sɛ obi kum onipa* a, ɔno nso ɛsɛ sɛ wɔku no.+ 18 Obiara a ɔbɛbɔ afieboa bi ama no awu no,* ɔnhyɛ anan; nkwa nsi nkwa ananmu.* 19 Sɛ obi pira ne yɔnko nipa a, deɛ ɔde yɛɛ no no, wɔnyɛ ɔno nso bi.+ 20 Deɛ abu nsi deɛ abu ananmu, aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu. Sɛdeɛ ɔpiraa ne yɔnko no, wɔmpira no saa ara.+ 21 Deɛ ɔbɛkum aboa no, ɔnhyɛ anan,+ nanso deɛ ɔbɛkum onipa deɛ, wɔnku no bi.+
22 “‘Ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu oo, kuromanni oo, mmara baako na ɛwɔ hɔ ma mo nyinaa,+ ɛfiri sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”
23 Afei Mose ne Israelfoɔ no kasaeɛ, na wɔde deɛ ɔdomee Onyankopɔn din no baa asoɛeɛ no akyi bɛsii no aboɔ.+ Enti Israelfoɔ yɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no pɛpɛɛpɛ.