Deuteronomium
34 Afei Mose firi Moab serɛ so kɔɔ Nebo Bepɔ+ so wɔ Pisga+ a ɛne Yeriko+ di nhwɛanimu no. Na Yehowa de asaase no nyinaa kyerɛɛ no, ɛfiri Gilead kɔsi Dan,+ 2 ne Naftali nyinaa ne Efraim ne Manase ne Yuda asaase nyinaa kɔsi ɛpo a ɛda atɔeɛ fam* no ho,+ 3 ne Negeb+ ne Yordan mantam,+ ne Yeriko serɛ so, ne mmɛ kuro no, de kɔsi Soar.+
4 Ɛnna Yehowa toaa so ka kyerɛɛ no sɛ: “Asaase yi na mekaa ntam kyerɛɛ Abraham, Isak, ne Yakob sɛ, ‘Mede bɛma w’asefoɔ’* no.+ Mama wode w’ani ahunu, nanso worentwa nkɔ hɔ.”+
5 Afei Yehowa akoa Mose wuu wɔ Moab asaase so sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.+ 6 Ɔsiee no wɔ bɔn mu wɔ Moab asaase so, baabi a ɛne Bet-Peor di nhwɛanimu, na obiara nnim baabi a ne damena wɔ bɛsi nnɛ.+ 7 Berɛ a Mose wuiɛ no, na wadi mfeɛ 120.+ N’ani so anyɛ no wisiwisi, na n’ahoɔden so ante. 8 Israelfoɔ suu Mose nnafua 30+ wɔ Moab serɛ so. Afei berɛ a wɔde suu Mose na wɔgyam no no baa awieeɛ.
9 Nyansa* bɛhyɛɛ Nun ba Yosua ma, ɛfiri sɛ na Mose de ne nsa agu ne so.+ Na Israelfoɔ yɛɛ aso tiee no, na wɔyɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no pɛpɛɛpɛ.+ 10 Nanso odiyifoɔ foforɔ biara amma Israel a na ɔte sɛ Mose;+ ɔno deɛ, na Yehowa nim no animu ne animu.+ 11 Nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ a Yehowa somaa no sɛ ɔnkɔyɛ no Egypt asaase so no, ɔyɛɛ ne nyinaa wɔ Farao ne ne nkoa nyinaa anim wɔ n’asaase so baabiara.+ 12 Afei nso, Mose yɛɛ sɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ akɛseɛ wɔ Israelfoɔ nyinaa anim.+