Atemmufoɔ
17 Ɔbarima bi tenaa Efraim mmepɔ mu+ a ne din de Mika. 2 Ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ: “Nnwetɛbena 1,100 a obi faeɛ a wobɔɔ dua maa meteeɛ no, hwɛ! dwetɛ no wɔ me hɔ. Me na mefaeɛ.” Ɛnna ne maame kaa sɛ: “Yehowa nhyira me ba yi.” 3 Enti ɔsan de nnwetɛbena 1,100 no maa ne maame, nanso ne maame kaa sɛ: “Deɛ ɛteɛ biara, mɛhyira dwetɛ a ɛwɔ me nsam no so ama Yehowa, na me ba yi de ayɛ ohoni a wɔasene ne dadeɛ honi.*+ Enti meresan de ama wo.”
4 Berɛ a ɔsan de dwetɛ no maa ne maame no, ne maame yii mu nnwetɛbena 200, na ɔde maa obi a ɔyɛ dwetɛ ho adwuma.* Ɔde yɛɛ ohoni a wɔasene ne dadeɛ honi,* na wɔde sisii Mika fie. 5 Saa Mika yi, na ɔwɔ abosomfie bi wɔ hɔ, na ɔyɛɛ efɔd*+ ne terafim ahoni,*+ na ɔmaa ne ba baako yɛɛ ɔsɔfoɔ* maa no.+ 6 Saa berɛ no, na ɔhene biara nni Israel.+ Ná obiara yɛ deɛ ɛyɛ wɔ ɔno ara n’ani so.*+
7 Ná aberanteɛ bi te Betlehem+ wɔ Yuda a ɔfiri Yuda abusua mu. Ná ɔyɛ Lewini,+ na na watena hɔ akyɛ kakra. 8 Aberanteɛ no firii Betlehem kuro a ɛwɔ Yuda no mu sɛ ɔrekɔhwehwɛ baabi atena. Berɛ a ɔrekɔ no, ɔkɔpuee Mika fie wɔ Efraim mmepɔ mu.+ 9 Ɛnna Mika bisaa no sɛ: “Wofiri he?” Na ɔkaa sɛ: “Meyɛ Lewini a mefiri Betlehem wɔ Yuda, na merekɔpɛ baabi atena.” 10 Enti Mika ka kyerɛɛ no sɛ: “Tena me nkyɛn, na memfa wo nyɛ me papa* ne me sɔfoɔ. Afe biara, mɛma wo nnwetɛbena du, na mɛma wo asɔfotaadeɛ ne aduane a wobɛdie.” Ɛno nti, Lewini no wuraa fie hɔ. 11 Na Lewini no penee so ne Mika tenae, na ɔfaa Lewini no sɛ ne mma no mu baako. 12 Afei nso, Mika de Lewini no yɛɛ ne sɔfoɔ,*+ na ɔtenaa Mika fie. 13 Ɛnna Mika kaa sɛ: “Afei na mahu sɛ Yehowa ne me bɛdi no yie, ɛfiri sɛ manya Lewini no de no ayɛ me sɔfoɔ.”