Atemmufoɔ
18 Saa berɛ no, na ɔhene biara nni Israel.+ Na saa nna no mu no, na Dan abusuakuo+ no rehwehwɛ baabi atena,* ɛfiri sɛ ɛde bɛsi saa berɛ no, na wɔnnyaa agyapadeɛ biara wɔ Israel mmusua no mu.+
2 Enti Danfoɔ no somaa wɔn abusua no mu mmarima akokoɔdurofoɔ nnum firii Sora ne Estaol+ sɛ wɔnkɔkyinkyini asaase no so nhwɛ sɛdeɛ ɛteɛ. Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ, monkɔkyinkyini asaase no so.” Berɛ a wɔkɔduruu Mika fie wɔ Efraim mmepɔ mu no,+ wɔdaa hɔ maa adeɛ kyee. 3 Berɛ a wɔbɛn Mika fie no, wɔtee Lewini aberanteɛ no nne,* enti wɔkɔɔ ne nkyɛn kɔbisaa no sɛ: “Hwan na ɔde wo baa ha? Woreyɛ dɛn wɔ ha? Deɛn na agye wo aka ha?” 4 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sei ne sei na Mika yɛ maa me, na wabɔ me paa sɛ menyɛ ne sɔfoɔ.”+ 5 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, bisa Onyankopɔn ma yɛn na yɛnhu sɛ ɛkwan a yɛrekɔ no bɛsi yɛn yie anaa.” 6 Na ɔsɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa asomdwoeɛ nkɔ. Yehowa ka mo ho wɔ mo akwantuo no mu.”
7 Enti mmarima nnum no siim kɔe, na wɔkɔduruu Lais.+ Wɔhuu sɛ nkurɔfoɔ no nhia biribiara mfiri obiara hɔ te sɛ Sidonfoɔ no. Ná wɔte hɔ dwoodwoo a wɔnnwene sɛ bɔne bi bɛto wɔn,+ na na otirimuɔdenfoɔ biara mmaa asaase no so mmɛteetee wɔn. Ná wɔne Sidonfoɔ ntam ware, na na wɔne obiara nni nkitaho.
8 Berɛ a wɔsan baa wɔn nuanom nkyɛn wɔ Sora ne Estaol+ no, wɔn nuanom no bisaa wɔn sɛ: “Ɛkɔɔ sɛn?” 9 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Momma yɛnsɔre nkɔto nhyɛ wɔn so, ɛfiri sɛ yɛakɔhu sɛ asaase no yɛ. Mote hɔ retwɛn deɛn? Monnsɛe berɛ; monkɔfa asaase no. 10 Sɛ moduru hɔ a, mobɛhu sɛ nkurɔfoɔ no te hɔ a wɔnnwene sɛ bɔne bi bɛto wɔn,+ na asaase no so paa. Onyankopɔn de ahyɛ mo nsa, na biribiara a mopɛ wɔ asaase so biara, mobɛnya bi wɔ hɔ.”+
11 Afei Dan abusuakuo no mu mmarima 600 a wɔde akodeɛ ahyehyɛ wɔn ho siim firii Sora ne Estaol kɔe.+ 12 Wɔforo kɔɔ Kiriat-Yearim+ wɔ Yuda, na wɔkɔkyekyeree asoɛeɛ wɔ hɔ. Enti wɔtoo hɔ din Mahane-Dan,*+ na saa na wɔfrɛ hɔ de bɛsi nnɛ. Ɛwɔ Kiriat-Yearim atɔeɛ fam. 13 Wɔfiri hɔ kɔɔ Efraim mmepɔ mu, na wɔkɔduruu Mika fie.+
14 Ɛnna mmarima nnum a wɔkɔhwɛɛ Lais asaase no+ ka kyerɛɛ wɔn nuanom no sɛ: “Monim sɛ efɔd* ne terafim ahoni* ne ohoni a wɔasene ne dadeɛ honi*+ wɔ saa afie yi mu? Mo ara monhwɛ deɛ mobɛyɛ.” 15 Enti wɔgyinae wɔ hɔ, na wɔkɔɔ Lewini aberanteɛ no+ fie wɔ Mika fie hɔ, na wɔbisaa no sɛdeɛ ne ho teɛ. 16 Saa berɛ no nyinaa, na Danfoɔ mmarima 600+ a wɔde akodeɛ ahyehyɛ wɔn ho no gyinagyina ɛpono no ano. 17 Na mmarima nnum a wɔkɔhwɛɛ asaase no+ wuraa fie hɔ sɛ wɔrekɔfa ohoni a wɔasene ne efɔd+ ne terafim ahoni*+ ne dadeɛ honi*+ no. (Saa berɛ no, na ɔsɔfoɔ no+ ne mmarima 600 a wɔde akodeɛ ahyehyɛ wɔn ho no gyinagyina ɛpono no ano.) 18 Na wɔkɔɔ Mika fie hɔ kɔfaa ohoni a wɔasene ne efɔd ne terafim ahoni* ne dadeɛ honi* no. Ɛnna ɔsɔfoɔ no bisaa wɔn sɛ: “Ɛdeɛn na moreyɛ yi?” 19 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛ komm. Fa wo nsa to w’ano, na wo ne yɛn nkɔ, na yɛmfa wo nyɛ yɛn papa* ne yɛn sɔfoɔ. Wohwɛ a, sɛ́ wobɛyɛ ɔsɔfoɔ ama onipa baako fie+ ne sɛ wobɛyɛ ɔsɔfoɔ ama abusuakuo ne abusua bi wɔ Israel, deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ?”+ 20 Enti ɔsɔfoɔ no penee so, na ɔfaa efɔd ne terafim ahoni* ne ohoni a wɔasene no,+ na ɔne nnipa no kɔe.
21 Afei wɔsii kwan so toaa wɔn akwantuo no so, na wɔmaa mmɔfra, wɔn nyɛmmoa, ne wɔn agyapadeɛ dii wɔn anim. 22 Berɛ a wɔfiri Mika fie kɔɔ akyiri kakra no, mmarima a wɔtete afie a ɛbɛn Mika fie no bɛhyiae, na wɔtaa Danfoɔ no kɔtoo wɔn. 23 Berɛ a wɔteaam frɛɛ Danfoɔ no, wɔtwaa wɔn ani hwɛɛ wɔn, na wɔbisaa Mika sɛ: “Ɛyɛ deɛn asɛm? Ɛdɔm bebrebe yi nso ɛ?” 24 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Moafa m’anyame a mayɛ, na ɔsɔfoɔ no nso mode no kɔ. Moafa me biribiara. Enti adɛn nti na moresan abisa me sɛ, ‘Ɛyɛ deɛn asɛm?’” 25 Ɛnna Danfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Nteateam ngu yɛn so. Anyɛ saa a, mmarima a wɔn bo afu* no bɛto ahyɛ mo so, na wɔbɛku wo* na wɔakum wo fiefoɔ nso.”* 26 Enti Danfoɔ no toaa so kɔɔ wɔn kwan. Berɛ a Mika huu sɛ wɔn ho yɛ den sene no no, ɔsan n’akyi kɔɔ ne fie.
27 Berɛ a wɔfaa nneɛma a Mika ayɛ, ne ne sɔfoɔ no, wɔkɔɔ Lais,+ baabi a na nkurɔfoɔ no te hɔ dwoodwoo a wɔnnwene sɛ bɔne bi bɛto wɔn no.+ Wɔde sekan kunkum wɔn, na wɔde egya hyee kuro no. 28 Obiara nni hɔ a na ɔbɛgye wɔn, ɛfiri sɛ na kuro no ne Sidon ntam ware, na na wɔne obiara nni nkitaho. Afei nso, na kuro no da Bet-Rehob+ asaasetraa no so.* Na Danfoɔ no san kyekyeree kuro no tenaa mu. 29 Afei wɔde kuro no too wɔn papa Dan+ a Israel woo no no, enti wɔfrɛɛ hɔ Dan.+ Nanso kane no deɛ, na wɔfrɛ kuro no Lais.+ 30 Ɛno akyi no, Danfoɔ no de ohoni a wɔasene+ no sii hɔ fae. Na Yonatan+ a ɔyɛ Mose ba Gersom+ ba no ne ne mma bɛyɛɛ Dan abusuakuo no asɔfoɔ kɔsii da a wɔtuu nnipa a wɔtete asaase no so kɔeɛ. 31 Enti wɔde Mika honi a wɔasene no sii hɔ, na berɛ a nokorɛ Nyankopɔn no fie da so wɔ Silo+ no nyinaa, na ɛwɔ wɔn nkyɛn.