Atemmufoɔ
19 Saa nna no mu, berɛ a na ɔhene biara nni Israel+ no, Lewini bi a na ɔte Efraim+ mmepɔ mu akyirikyiri baabi kɔwaree ɔbaa* bi firii Betlehem+ wɔ Yuda. 2 Nanso ne yere* no kɔbɔɔ adwaman, na ɔgyaa ne kunu no hɔ kɔtenaa ne papa fie wɔ Betlehem a ɛwɔ Yuda. Ɔdii abosome nnan wɔ hɔ. 3 Ɛnna ne kunu no toaa no wɔ hɔ sɛ ɔne no rekɔka no bɔkɔɔ na wasan de no aba. Ɔrekɔ no, ɔde ne somfoɔ* ne mfunumu mmienu kaa ne ho. Na ɔbaa no de no kɔɔ ne papa fie. Berɛ a ɔbaa no papa huu aberanteɛ no, ɛyɛɛ no dɛ sɛ wahu no. 4 Enti ababaawa no papa, n’ase no, ne no ka maa ɔtenaa hɔ nnansa. Nnansa no nyinaa, wɔdidi nomee, na ɔdaa hɔ.
5 Ɛda a ɛtɔ so nnan no, berɛ a wɔsɔree anɔpatutuutu sɛ wɔrekɔ no, ababaawa no papa ka kyerɛɛ n’ase no sɛ: “Di biribi kakra na nya ahoɔden,* wowie a na mokɔ.” 6 Enti wɔtenaa ase, na wɔn mmienu didi nomee. Berɛ a wɔwieeɛ no, ababaawa no papa ka kyerɛɛ aberanteɛ no sɛ: “Mepa wo kyɛw, da ma adeɛ nkye, na gye w’ani.”* 7 Berɛ a aberanteɛ no sɔree sɛ ɔrekɔ no, n’ase no paa no kyɛw ara sɛ ɔnsan, enti ɔsan da maa adeɛ kyee.
8 Da a ɛtɔ so nnum a ɔsɔree anɔpatutuutu sɛ ɔrekɔ no, ababaawa no papa kaa sɛ: “Mepa wo kyɛw, di biribi kakra na nya ahoɔden.”* Enti wɔtenatenaa hɔ ara maa enwunu dwoe, na wɔn mmienu toaa so didii. 9 Berɛ a aberanteɛ no sɔree sɛ ɔne ne yere* ne ne somfoɔ no rekɔ no, ababaawa no papa, n’ase no, ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Adeɛ reyɛ asa. Mepa wo kyɛw, monna mma adeɛ nkye. Awia na ɛrekɔtɔ yi. Enti da ma adeɛ nkye, na gye w’ani. Ɔkyena na moasɔre anɔpatutuutu atu mo kwan no, na wokɔ wo fie.”* 10 Nanso na aberanteɛ no mpɛ sɛ ɔsan da hɔ ma adeɛ kye, enti ɔsɔre siim kɔduruu Yebus anaa Yerusalem.+ Berɛ a ɔrekɔ no, na ne mfunumu mmienu a wahyehyɛ wɔn no, ne ne yere* no, ne ne somfoɔ no ka ne ho.
11 Berɛ a wɔbɛn Yebus no, na adeɛ asa ara ne sa. Enti ɔsomfoɔ no bisaa ne wura sɛ: “Yɛnkɔ Yebusifoɔ kuro yi mu nkɔda hɔ anadwo yi anaa?” 12 Ɛnna ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnsɛ sɛ yɛkɔ ananafoɔ a wɔnyɛ Israelfoɔ kurom. Ma yɛntwam nkɔ Gibea.”+ 13 Na ɔka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: “Ma yɛmmɔ mmɔden nkɔduru nkuro yi baako mu. Yɛbɛda Gibea anaa Rama.”+ 14 Enti wɔtoaa so kɔe, na berɛ a wɔbɛn Benyaminfoɔ kuro Gibea no, na awia rekɔtɔ.
15 Enti wɔmane kɔwuraa Gibea sɛ wɔrekɔda hɔ ama adeɛ akye. Berɛ a wɔwuraa kuro no mu no, wɔkɔtenaa kuro no abɔnten, nanso obiara ammɛfa wɔn ankɔ ne fie sɛ wɔnkɔda mma adeɛ nkye.+ 16 Akyire yi, akɔkoraa bi a ɔfiri afuo mu reba bɛpuee hɔ saa anwummerɛ no. Ná ɔfiri Efraim mmepɔ mu,+ na na wabɛsoɛ Gibea kakra. Kurom hɔfoɔ deɛ, na wɔyɛ Benyaminfoɔ.+ 17 Berɛ a akɔkoraa no too n’ani a ɔhuu sɛ aberanteɛ kwantuni no te kuro no abɔnten so no, ɔbisaa aberanteɛ no sɛ: “Wofiri he, na worekɔ he?” 18 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛfiri Betlehem a ɛwɔ Yuda, na yɛrekɔ Efraim mmepɔ mu tɔnn. Ɛhɔ na mefire. Mekɔɔ Betlehem a ɛwɔ Yuda,+ na merebɛsen akɔ Yehowa fie,* nanso mennya obiara mfa me nkɔ ne fie. 19 Yɛwɔ serɛ ne mmoa aduane a yɛde bɛma yɛn mfunumu no,+ na me ne ɔbaa no ne yɛn somfoɔ no nso wɔ yɛn paanoo+ ne yɛn nsã.* Yɛwɔ biribiara.” 20 Ɛnna akɔkoraa no kaa sɛ: “Asomdwoeɛ nka wo! Deɛ wohia biara, mɛyɛ ama wo. Na mmom abɔnten ha deɛ, monnna ha.” 21 Enti ɔde no kɔɔ ne fie, na ɔmaa mfunumu no aduane.* Afei wɔhohoroo wɔn nan ase, na wɔdidi nomee.
22 Berɛ a wɔgu so regye wɔn ani no, kurom hɔ mmarima akwasampafoɔ bi bɛtwaa efie no ho hyiae. Wɔpempem pono no, na wɔkaa no mprɛ pii kyerɛɛ efiewura akɔkoraa no sɛ: “Yi ɔbarima a waba wo fie ha no bra na yɛne no nna.”+ 23 Ɛnna fiewura no pue kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Daabi, me nuanom, monnni awurukasɛm saa.* Mepa mo kyɛw, ɔbarima yi abɛsoɛ me. Monnyɛ aniwudeɛ a ɛte saa. 24 Me babaa a ɔyɛ ɔbaabunu nie, na ɔbarima yi nso yere* nie. Momma memfa wɔn mmrɛ mo, na sɛ basabasa ara na mopɛ sɛ moyɛ wɔn a, mo deɛ monyɛ.*+ Na ɔbarima yi deɛ, mommfa aniwudeɛ a ɛte saa nnyɛ no.”
25 Nanso mmarima no antie no. Enti ɔbarima no sɔɔ ne yere* no mu de no kɔmaa wɔn wɔ abɔnten hɔ.+ Wɔtoo no mmonnaa, na wɔyɛɛ no basabasa anadwo no nyinaa maa adeɛ kyee. Na berɛ a animu retete no, wɔgyaa no maa no kɔe. 26 Na adeɛ reyɛ akye no, ɔbaa no bae, na ɔbɛhwee akɔkoraa no fie kwan ano, baabi a ne wura wɔ no, na ɔdaa hɔ kɔsii sɛ animu teteeɛ. 27 Berɛ a ne wura sɔree anɔpa a ɔbuebuee fie no apono sɛ ɔrepue atoa n’akwantuo so no, ɔhuu sɛ ɔbaa no, ne yere* no, da efie no aboboano a ne nsa gu pono no ano. 28 Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre; ma yɛnkɔ.” Nanso wannye so. Ɛnna ɔbarima no faa no too afunumu no so, na ɔsiim kɔɔ ne kurom.
29 Berɛ a ɔduruu fie no, ɔfaa sekan,* na ɔfaa ne yere* no twitwaa ne mu asinasini 12, n’apɔ so n’apɔ so, na ɔde baako kɔɔ Israel asaase biara so. 30 Na obiara a ɔhunuiɛ no kaa sɛ: “Ɛfiri berɛ a Israelfoɔ firii* Egypt baeɛ yi, biribi a ɛte sei nsii da, na yɛnhunuu bi saa da. Monnwene ho,* montu agyina,+ na monkyerɛ yɛn deɛ yɛnyɛ.”