Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Atemmufoɔ 20
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Atemmufoɔ Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Wɔne Benyaminfoɔ koe (1-48)

Atemmufoɔ 20:1

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “te sɛ onipa baako.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 19:47, 48; Ate 18:29
  • +Yos 22:9
  • +1Sa 7:5; 10:17; 2Ah 25:23

Atemmufoɔ 20:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 20:17; 2Sa 24:9

Atemmufoɔ 20:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 19:22

Atemmufoɔ 20:4

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “mpena.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 19:1, 2
  • +Ate 19:12, 14

Atemmufoɔ 20:5

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Gibea nsaasewuranom.”

  • *

    Nt., “mpena.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 19:25, 26

Atemmufoɔ 20:6

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “mpena.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 19:29

Atemmufoɔ 20:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 19:30

Atemmufoɔ 20:8

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “sɔree te sɛ onipa baako.”

Atemmufoɔ 20:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 20:18; Mme 16:33

Atemmufoɔ 20:11

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “boaa wɔn ho ano sɛ onipa baako.”

Atemmufoɔ 20:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 19:22, 25
  • +De 13:5; 17:7; 22:22; 1Ko 5:6, 13

Atemmufoɔ 20:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 20:2

Atemmufoɔ 20:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 28:30; Nu 27:21; Ate 20:27

Atemmufoɔ 20:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 20:28

Atemmufoɔ 20:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 20:21

Atemmufoɔ 20:26

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔdii mmuada.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 20:23
  • +2Be 20:3; Esr 8:21
  • +Le 1:3
  • +Le 3:1

Atemmufoɔ 20:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 27:21; Ate 20:18

Atemmufoɔ 20:28

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “ɔgyina.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 6:25; Nu 25:7
  • +Ate 20:23

Atemmufoɔ 20:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 8:3, 4

Atemmufoɔ 20:30

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 20:20, 22

Atemmufoɔ 20:31

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 20:36
  • +Ate 20:39

Atemmufoɔ 20:32

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 20:21, 25

Atemmufoɔ 20:35

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 20:28, 48
  • +Ate 20:14, 15, 46

Atemmufoɔ 20:36

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 20:31
  • +Ate 20:29

Atemmufoɔ 20:39

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 20:31
  • +Ate 20:21, 25

Atemmufoɔ 20:40

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wisie dum.”

Atemmufoɔ 20:44

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 20:15

Atemmufoɔ 20:45

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “sesaa wɔn mu 5,000 sɛ nnɔbaeɛ ase.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 21:13

Atemmufoɔ 20:46

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 20:15, 35

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Atem. 20:1Yos 19:47, 48; Ate 18:29
Atem. 20:1Yos 22:9
Atem. 20:11Sa 7:5; 10:17; 2Ah 25:23
Atem. 20:2Ate 20:17; 2Sa 24:9
Atem. 20:3Ate 19:22
Atem. 20:4Ate 19:1, 2
Atem. 20:4Ate 19:12, 14
Atem. 20:5Ate 19:25, 26
Atem. 20:6Ate 19:29
Atem. 20:7Ate 19:30
Atem. 20:9Ate 20:18; Mme 16:33
Atem. 20:13Ate 19:22, 25
Atem. 20:13De 13:5; 17:7; 22:22; 1Ko 5:6, 13
Atem. 20:17Ate 20:2
Atem. 20:18Ex 28:30; Nu 27:21; Ate 20:27
Atem. 20:23Ate 20:28
Atem. 20:25Ate 20:21
Atem. 20:26Ate 20:23
Atem. 20:262Be 20:3; Esr 8:21
Atem. 20:26Le 1:3
Atem. 20:26Le 3:1
Atem. 20:27Nu 27:21; Ate 20:18
Atem. 20:28Ex 6:25; Nu 25:7
Atem. 20:28Ate 20:23
Atem. 20:29Yos 8:3, 4
Atem. 20:30Ate 20:20, 22
Atem. 20:31Ate 20:36
Atem. 20:31Ate 20:39
Atem. 20:32Ate 20:21, 25
Atem. 20:35Ate 20:28, 48
Atem. 20:35Ate 20:14, 15, 46
Atem. 20:36Ate 20:31
Atem. 20:36Ate 20:29
Atem. 20:39Ate 20:31
Atem. 20:39Ate 20:21, 25
Atem. 20:44Ate 20:15
Atem. 20:45Ate 21:13
Atem. 20:46Ate 20:15, 35
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
  • 37
  • 38
  • 39
  • 40
  • 41
  • 42
  • 43
  • 44
  • 45
  • 46
  • 47
  • 48
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Atemmufoɔ 20:1-48

Atemmufoɔ

20 Enti Israelfoɔ nyinaa pue bae, ɛfiri Dan+ kɔsi Beer-Seba ne Gilead asaase so,+ na asafo no nyinaa boaa wɔn ano kaa wɔn ho boom* wɔ Yehowa anim wɔ Mispa.+ 2 Ɛnna Israel man ne mmusuakuo no nyinaa mu atitire bɛgyinaa Onyankopɔn man asafo no mu. Wɔyɛ asraafoɔ 400,000 a wɔnam fam a sekan hyehyɛ wɔn ho.+

3 Na Benyaminfoɔ tee sɛ Israelfoɔ no aforo kɔ Mispa.

Ɛnna Israelfoɔ no kaa sɛ: “Monka nkyerɛ yɛn; ɛyɛɛ dɛn na awudisɛm a ɛnte sɛɛ siiɛ?”+ 4 Ɛnna Lewini no,+ ɔbarima a wɔkum ne yere no kaa sɛ: “Me ne me yere* kɔɔ Benyaminfoɔ kuro Gibea+ mu sɛ yɛrekɔpɛ baabi ada. 5 Ɛnna Gibeafoɔ* baa me so, na wɔbɛtwaa efie a mewom no ho hyiaa anadwo no. Ná wɔpɛ sɛ wɔku me, nanso me yere* mmom na wɔtoo no mmonnaa maa no wuiɛ.+ 6 Enti mefaa me yere* no funu no, na metwitwaa mu; ɛnna mede bi kɔɔ Israel asaase nyinaa so,+ ɛfiri sɛ na wɔayɛ adeɛ a ɛyɛ aniwu na ɛyɛ asefem wɔ Israel. 7 Enti Israelfoɔ, mo nyinaa monkyerɛ mo adwene+ na monkyerɛ yɛn deɛ yɛnyɛ seesei ara.”

8 Ɛnna ɔman no nyinaa boom sɔreeɛ,* na wɔkaa sɛ: “Yɛn mu baako mpo renkɔ ne ntomadan mu, na obiara rensan nkɔ ne fie. 9 Deɛ yɛde bɛyɛ Gibea nie: Yɛbɛbɔ ntonto na yɛaforo akɔ wɔn so.+ 10 Israel mmusuakuo nyinaa mu, yɛbɛyi mmarima 10 afiri mmarima 100 biara mu, mmarima 100 afiri mmarima 1,000 biara mu, mmarima 1,000 afiri mmarima 10,000 biara mu ama wɔakɔfa aduane abrɛ asraafoɔ no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a asraafoɔ no bɛkɔ akɔto ahyɛ Benyaminfoɔ kuro Gibea so, ɛfiri sɛ wɔayɛ aniwudeɛ wɔ Israel.” 11 Enti Israel mmarima nyinaa boaa wɔn ano kaa wɔn ho boom* sɛ wɔrekɔto ahyɛ kuro no so.

12 Afei Israel mmusuakuo no somaa mmarima kɔɔ Benyamin abusuakuo no nyinaa nkyɛn kɔbisaa sɛ: “Awudisɛm bɛn na asi mo mu saa no? 13 Monyi mmarima akwasampafoɔ a wɔwɔ Gibea+ no mmra mma yɛnku wɔn, na yɛnyi mmusuo biara mfiri Israel.”+ Nanso Benyaminfoɔ no antie deɛ na wɔn nuanom Israelfoɔ reka no.

14 Na Benyaminfoɔ no boaboaa wɔn ho ano firii wɔn nkuro mu kɔɔ Gibea sɛ wɔne Israelfoɔ no rekɔko. 15 Saa da no, Benyaminfoɔ boaboaa asraafoɔ 26,000 ano firii wɔn nkuro ahodoɔ mu, asraafoɔ a sekan hyehyɛ wɔn ho. Weinom akyi no, wɔsan boaboaa Gibeafoɔ mmarima 700 ano. 16 Asraafoɔ no, na emu mmarima 700 a wɔayi wɔn no yɛ abenkumma. Sɛ nwi mpo sɛn hɔ a, wɔn mu biara bɛtumi ato ataaboɔ ate a ɔrento mfom.

17 Woyi Benyaminfoɔ firi mu a, Israelfoɔ mmarima a wɔboaboaa wɔn ano no si mmarima 400,000 a sekan hyehyɛ wɔn ho.+ Ná wɔn mu biara yɛ ɔsabarima a waben wɔ ɛko mu. 18 Na Israelfoɔ sɔree, na wɔforo kɔɔ Betel kɔhwehwɛɛ Onyankopɔn akwankyerɛ.+ Na Israelfoɔ no bisaa sɛ: “Yɛn mu hwan na ɔnni kan mforo ne Benyaminfoɔ nkɔko?” Na Yehowa kaa sɛ: “Yuda nni kan nkɔ.”

19 Ɛno akyi no, Israelfoɔ sɔree anɔpa, na wɔkɔkyekyeree asoɛeɛ sɛ wɔne Gibea rekɔko.

20 Na Israelfoɔ siim sɛ wɔne Benyaminfoɔ rekɔko. Wɔhyehyɛɛ wɔn ho, na wɔne wɔn kɔkoo wɔ Gibea. 21 Na saa da no, Benyaminfoɔ no firi Gibea bɛkunkum Israelfoɔ mmarima 22,000. 22 Nanso Israelfoɔ asraafoɔ no nyaa akokoɔduro, na wɔsan hyehyɛɛ wɔn ho kɔɔ baabi a wɔkoo da a ɛdi kan no. 23 Na Israelfoɔ no foro kɔe, na wɔkɔsuu wɔ Yehowa anim kɔsii anwummerɛ, na wɔbisaa Yehowa sɛ: “Yɛnsan ne yɛn nuanom Benyaminfoɔ nkɔko anaa?”+ Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Momforo nkɔ wɔn so.”

24 Enti da a ɛtɔ so mmienu no, Israelfoɔ no bɔ pinii Benyaminfoɔ no. 25 Ɛnna Benyaminfoɔ no firii Gibea bɛhyiaa wɔn da a ɛtɔ so mmienu no. Na saa da no nso, wɔkunkum Israelfoɔ 18,000.+ Ná wɔn nyinaa yɛ mmarima a sekan hyehyɛ wɔn ho. 26 Ɛnna Israelfoɔ nyinaa foro kɔɔ Betel. Wɔsui, na wɔtenatenaa Yehowa anim wɔ hɔ,+ na saa da no, wɔyɛɛ akɔnkyene*+ kɔsii anwummerɛ, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ+ ne asomdwoeɛ afɔreɛ+ wɔ Yehowa anim. 27 Ɛno akyi no, Israelfoɔ no kɔbisaa Yehowa akwankyerɛ,+ ɛfiri sɛ saa nna no mu no, na nokorɛ Nyankopɔn no apam adaka no wɔ hɔ. 28 Saa berɛ no, na Finehas,+ Aaron ba Eleasar ba no na ɔsom wɔ* adaka no anim. Enti wɔbisaa no sɛ: “Yɛnsan nkɔ ne yɛn nuanom Benyaminfoɔ no nkɔko anaa yɛnnyae?”+ Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Momforo nkɔ, ɛfiri sɛ ɔkyena mede wɔn bɛhyɛ mo nsa.” 29 Enti Israel maa mmarima kɔtetɛɛ+ Gibea ho nyinaa hyiae.

30 Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Israelfoɔ foro kɔɔ Benyaminfoɔ so, na wɔhyehyɛɛ wɔn ho sɛ wɔne Gibeafoɔ rekɔko sɛdeɛ wɔyɛɛ kane no.+ 31 Berɛ a Benyaminfoɔ pue bɛhyiaa Israelfoɔ asraafoɔ no, Israelfoɔ asraafoɔ no maa wɔdii wɔn akyi kɔsii sɛ wɔtwee Benyaminfoɔ no firii kuro no ho.+ Na sɛdeɛ Benyaminfoɔ no yɛɛ kane no, wɔfirii aseɛ to hyɛɛ Israelfoɔ no so kunkum nnipa no bi wɔ akwantempɔn no so, akwantempɔn a baako foro kɔ Betel na baako nso kɔ Gibea no. Na wɔkunkum Israel mmarima bɛyɛ 30 wɔ wuram.+ 32 Enti Benyaminfoɔ no kaa sɛ: “Wɔredi nkoguo wɔ yɛn anim te sɛ kane no.”+ Na Israelfoɔ no deɛ, wɔkaa sɛ: “Momma yɛnnwane, na yɛntwe wɔn mfiri kuro no ho nkɔ akwantempɔn no so.” 33 Enti Israelfoɔ no nyinaa sɔre firii baabi a wɔwɔ, na wɔhyehyɛɛ wɔn ho wɔ Baal-Tamar, ɛnna Israelfoɔ a wɔakɔtetɛ Gibea mpɔtamu no nso pue firii baabi a wɔtetɛ no. 34 Ɛnna mmarima 10,000 a wɔayi wɔn afiri Israelfoɔ nyinaa mu no baa Gibea anim, na ɛko no mu yɛɛ den. Nanso na Benyaminfoɔ no nnim sɛ asɛm rebɛto wɔn.

35 Na Yehowa de Benyaminfoɔ+ no hyɛɛ Israelfoɔ nsa maa wɔdii wɔn so nkonim. Na saa da no, Israelfoɔ kunkum Benyaminfoɔ 25,100; wɔn nyinaa yɛ mmarima a sekan hyehyɛ wɔn ho.+

36 Benyaminfoɔ no deɛ, na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ wɔbɛdi Israelfoɔ so nkonim, ɛfiri sɛ na Israelfoɔ no redwane afiri Benyaminfoɔ no anim.+ Nanso deɛ enti a Israelfoɔ no dwaneeɛ ne sɛ, na wɔn ani da wɔn a wɔkɔtetɛɛ Gibea nkyɛn baabi no so.+ 37 Na wɔn a wɔkɔtetɛeɛ no yɛɛ ntɛm kɔɔ Gibea. Afei wɔto hyɛɛ kuro no so, na wɔbɔ wuraa kuro no mu baabiara de sekan kunkum wɔn nyinaa.

38 Ná Israelfoɔ no ne mmarima a wɔkɔtetɛeɛ no ahyehyɛ ho sɛ wɔbɛma wisie afiri hɔ aforo akɔ wiem de ayɛ sɛnkyerɛnne ama wɔn.

39 Berɛ a Israelfoɔ dwane firii akono no, Benyaminfoɔ no firii aseɛ to hyɛɛ wɔn so kunkum Israelfoɔ bɛyɛ 30,+ na wɔkaa sɛ: “Biribiara kyerɛ sɛ wɔresan adi nkoguo bio wɔ yɛn anim sɛdeɛ wɔdii nkoguo kane no.”+ 40 Nanso wisie kumɔnn* a ɛyɛ sɛnkyerɛnne no firii aseɛ foro firii kuro no mu kɔɔ wiem. Enti berɛ a Benyaminfoɔ no twaa wɔn ani no, wɔhuu sɛ egya da kuro no nyinaa mu ama wisie ayɛ kumɔnn wɔ wiem. 41 Ɛnna Israel mmarima no danee wɔn ho, na Benyaminfoɔ no bɔɔ hu, ɛfiri sɛ wɔhuu sɛ asɛm ato wɔn. 42 Enti wɔdwane firii Israelfoɔ no anim de wɔn ani kyerɛɛ serɛ so. Nanso Israelfoɔ no de ɛko no toaa wɔn, na Israelfoɔ a wɔfiri kuro no mu reba no bɛkaa ho kunkum wɔn. 43 Wɔtwaa Benyaminfoɔ no ho hyiae, na wɔtaa wɔn dendeenden a wɔannyae. Wɔtiatiaa wɔn so wɔ Gibea anim pɛɛ, baabi a ɛhwɛ apueeɛ fam no. 44 Ɛwiee aseɛ no, Benyaminfoɔ 18,000 wuwui; wɔn nyinaa yɛ mmarima akatakyie.+

45 Afei Benyaminfoɔ no danee wɔn ho dwane kɔɔ serɛ so, na wɔkɔɔ Rimon botan so.+ Na Israelfoɔ no kunkum wɔn mu 5,000* wɔ akwantempɔn no so. Wɔtaa wɔn ara kɔduruu Gidom, na wɔkunkum mmarima 2,000 kaa ho. 46 Saa da no, Benyaminfoɔ a wɔwuwuiɛ nyinaa dodoɔ si 25,000. Ná wɔn nyinaa yɛ mmarima akatakyie a sekan hyehyɛ wɔn ho.+ 47 Nanso wɔn mu 600 dwane kɔɔ serɛ so, na wɔkɔɔ Rimon botan so. Na wɔtenaa Rimon botan no so abosome nnan.

48 Afei Israelfoɔ no san wɔn akyi baa Benyaminfoɔ no so, na wɔde sekan bɛkunkum wɔn a wɔwɔ kuro no mu, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, biribiara a ɛkaeɛ biara. Na kuro biara a wɔpuee so no, wɔde egya hyee.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane