Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Atemmufoɔ 21
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Atemmufoɔ Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Wɔgyee Benyaminfoɔ, na wɔn abusuakuo no ase anhye (1-25)

Atemmufoɔ 21:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 20:1
  • +Ate 21:18

Atemmufoɔ 21:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 20:18, 26

Atemmufoɔ 21:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 3:1

Atemmufoɔ 21:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 5:4; 19:12; Mt 5:33
  • +Ate 21:1, 18

Atemmufoɔ 21:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 20:1

Atemmufoɔ 21:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 21:5

Atemmufoɔ 21:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 18:1

Atemmufoɔ 21:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 20:46, 47

Atemmufoɔ 21:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 21:8, 12

Atemmufoɔ 21:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 21:6

Atemmufoɔ 21:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 19:12; Ate 21:1

Atemmufoɔ 21:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 18:1

Atemmufoɔ 21:21

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “mma mmaa.”

Atemmufoɔ 21:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 21:12, 14
  • +Ate 21:1, 18

Atemmufoɔ 21:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 20:48

Atemmufoɔ 21:25

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “deɛ n’adwene kyerɛ no sɛ ɛyɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 17:6; 1Sa 8:4, 5

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Atem. 21:1Ate 20:1
Atem. 21:1Ate 21:18
Atem. 21:2Ate 20:18, 26
Atem. 21:4Le 3:1
Atem. 21:7Le 5:4; 19:12; Mt 5:33
Atem. 21:7Ate 21:1, 18
Atem. 21:8Ate 20:1
Atem. 21:10Ate 21:5
Atem. 21:12Yos 18:1
Atem. 21:13Ate 20:46, 47
Atem. 21:14Ate 21:8, 12
Atem. 21:15Ate 21:6
Atem. 21:18Le 19:12; Ate 21:1
Atem. 21:19Yos 18:1
Atem. 21:22Ate 21:12, 14
Atem. 21:22Ate 21:1, 18
Atem. 21:23Ate 20:48
Atem. 21:25Ate 17:6; 1Sa 8:4, 5
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Atemmufoɔ 21:1-25

Atemmufoɔ

21 Ná Israel mmarima aka ntam wɔ Mispa+ sɛ: “Yɛn mu biara nni hɔ a ɔde ne babaa bɛma Benyaminni barima awareɛ.”+ 2 Na ɔman no baa Betel+ bɛtenaa nokorɛ Nyankopɔn no anim kɔsii anwummerɛ, na wɔtee nisuo suu yayaaya. 3 Na wɔkaa sɛ: “O Israel Nyankopɔn Yehowa, adɛn nti na asɛm a ɛnte sɛɛ asi wɔ Israel? Adɛn nti na nnɛ, abusuakuo baako ayera afiri Israel yi?” 4 Adeɛ kyeeɛ no, nkurɔfoɔ no sɔree ntɛm sii afɔrebukyia wɔ hɔ, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ+ wɔ hɔ.

5 Ɛnna Israelfoɔ no bisaa sɛ: “Israel mmusuakuo nyinaa, hwan na amma Yehowa anim wɔ adwabɔ no ase?” Ɛfiri sɛ na wɔaka ntam kɛseɛ sɛ obiara a wamma Yehowa anim wɔ Mispa no, deɛ ɛteɛ biara wɔbɛku no. 6 Na Israelfoɔ no dii deɛ ato wɔn nua Benyamin no ho awerɛhoɔ. Wɔkaa sɛ: “Ɛnnɛ wɔatwa abusuakuo baako afiri Israel. 7 Seesei a yɛaka Yehowa ntam+ sɛ yɛremfa yɛn babaa biara mma wɔn awareɛ yi, yɛbɛyɛ dɛn anya mmaa ama wɔn a aka no aware?”+

8 Na wɔbisaa sɛ: “Israel mmusuakuo no, hwan na amma Yehowa anim wɔ Mispa?”+ Ɛnna wɔhuu sɛ obiara amfiri Yebes-Gilead amma asoɛeɛ hɔ, baabi a na asafo no ahyia no. 9 Berɛ a wɔkan nnipa no, wɔhuu sɛ Yebes-Gileadfoɔ no biara nni hɔ. 10 Enti asafo no somaa mmarima akatakyie mu akatakyie 12,000 kɔɔ hɔ. Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa sekan nkɔkunkum Yebes-Gileadfoɔ; mmaa ne mmɔfra mpo, monkunkum wɔn.+ 11 Deɛ monyɛ nie: Monkum ɔbarima biara. Ɔbaa biara a ɔne ɔbarima ada pɛn nso, monku no.” 12 Na wɔnyaa mmabaawa 400 wɔ Yebes-Gileadfoɔ no mu a wɔyɛ mmaabunu a wɔne mmarima nnaa da. Enti wɔde wɔn baa wɔn asoɛeɛ hɔ wɔ Silo+ a ɛwɔ Kaanan asaase so no.

13 Afei asafo no nyinaa somaa nnipa kɔɔ Benyaminfoɔ no nkyɛn wɔ Rimon botan so,+ na wɔne wɔn kɔkasa maa asomdwoeɛ bae. 14 Enti Benyaminfoɔ no san baa saa berɛ no. Na wɔde Yebes-Gileadfoɔ+ mmaa a wɔanku wɔn no maa wɔn, nanso anso wɔn nyinaa so. 15 Na ɔman no dii awerɛhoɔ wɔ deɛ ato Benyamin no ho,+ ɛfiri sɛ na Yehowa ama mpaapaamu aba Israel mmusuakuo no mu. 16 Na asafo no mu mpanimfoɔ no bisaa sɛ: “Seesei a wɔakunkum Benyaminfoɔ mmaa nyinaa yi, ɛdeɛn na yɛbɛyɛ na yɛanya mmaa ama mmarima a aka no aware?” 17 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ Benyaminfoɔ a wɔnyaa wɔn tiri didii mu no nya agyapadeɛ, na wɔampepa abusuakuo biara amfiri Israel. 18 Na yɛn deɛ, yɛrentumi mfa yɛn mma mmaa mma wɔn awareɛ, ɛfiri sɛ Israelfoɔ aka ntam sɛ: ‘Nnome nka deɛ ɔde ɔbaa bɛma Benyaminni awareɛ.’”+

19 Afei wɔkaa sɛ: “Hwɛ! Afe biara wɔdi Yehowa afahyɛ bi wɔ Silo+ a ɛwɔ Betel atifi, kwantempɔn a ɛfiri Betel foro kɔ Sekem no apueeɛ, wɔ Lebona anaafoɔ.” 20 Enti wɔka kyerɛɛ Benyaminfoɔ no sɛ: “Monkɔ nkɔtetɛ bobe mfuo no mu. 21 Na sɛ mohu sɛ Silo mmabaawa* no aba sɛ wɔrebɛsa wɔn kanko asa no a, mo mu biara mfiri bobe mfuo no mu mmra mmɛkye Silo mmabaawa no bi mfa no nyɛ ne yere, na monsan nkɔ Benyamin asaase so. 22 Na sɛ ɛba sɛ wɔn papanom ne wɔn nua mmarima ne yɛn bɛtwe manso a, yɛbɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Monhwɛ yɛn anim nhu wɔn mmɔbɔ, ɛfiri sɛ berɛ a yɛkɔkoeɛ no, yɛannya yere amma wɔn nyinaa.+ Na mo nso morentumi mma wɔn mmaa nware. Anka mobɛdi fɔ.’”+

23 Enti Benyaminfoɔ no yɛɛ saa pɛpɛɛpɛ, na wɔkyee mmabaawa a wɔbɛsaeɛ no bi maa obiara nyaa ne yere. Afei wɔsan wɔn akyi kɔɔ wɔn agyapadeɛ so, na wɔsan kɔkyekyeree wɔn nkuro+ no tenatenaa mu.

24 Na Israelfoɔ no nso firii hɔ kɔɔ saa berɛ no, na obiara kɔɔ n’abusuakuo ne n’abusua mu, na wɔfirii hɔ, na obiara kɔɔ n’agyapadeɛ so.

25 Saa berɛ no, na ɔhene biara nni Israel.+ Ná obiara yɛ deɛ ɛyɛ wɔ ɔno ara n’ani so.*

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane