Samuel Nwoma a Ɛdi Kan
4 Enti Samuel kɔɔ so kasa kyerɛɛ Israel nyinaa.
Na Israel kɔɔ sɛ wɔrekɔhyia Filistifoɔ ne wɔn akɔko, na wɔkɔsoɛɛ baabi a ɛbɛn Ebeneser; Filistifoɔ no nso kɔsoɛɛ Afek. 2 Filistifoɔ asraafoɔ boaa wɔn ho ano kɔhyiaa Israel, na Israelfoɔ dii nkoguo wɔ Filistifoɔ anim maa wɔkunkum mmarima bɛyɛ 4,000 wɔ akono. 3 Berɛ a ɔman no san baa asoɛeɛ hɔ no, Israel mpanimfoɔ no kaa sɛ: “Adɛn nti na nnɛ Yehowa ama yɛadi nkoguo* wɔ Filistifoɔ anim yi?+ Momma yɛnkɔfa Yehowa apam adaka no mfiri Silo mmra yɛn nkyɛn,+ na ɛnnye yɛn mfiri yɛn atamfo nsam.” 4 Enti ɔman no somaa mmarima kɔɔ Silo sɛ wɔnkɔfa asafo Yehowa a ɔte kerubim so*+ no apam adaka no mmra. Ná Eli mma mmarima mmienu no, Hofni ne Finehas,+ nso wɔ nokorɛ Nyankopɔn no apam adaka no ho.
5 Berɛ a Yehowa apam adaka no bɛduruu asoɛeɛ hɔ ara pɛ, Israelfoɔ nyinaa bɔɔ ose kɛseɛ maa asaase wosoeɛ. 6 Filistifoɔ no nso tee osebɔ no, na wɔbisaa sɛ: “Osebɔ bɛn na ɛrekɔ so wɔ Hebrifoɔ asoɛeɛ hɔ no?” Akyire yi, wɔtee sɛ Yehowa Adaka no na wɔde aba asoɛeɛ hɔ. 7 Filistifoɔ no suroeɛ, na wɔkaa sɛ: “Onyankopɔn aba asoɛeɛ hɔ!”+ Ɛnna wɔkaa sɛ: “Asɛm ato yɛn, ɛfiri sɛ biribi saa nsii da! 8 Asɛm ato yɛn! Hwan na ɔbɛgye yɛn afiri otumfoɔ Nyankopɔn yi nsam? Onyankopɔn yi na ɔkunkum Egyptfoɔ bebree wɔ serɛ no so no.+ 9 Mo Filistifoɔ, monnya akokoɔduro, monyɛ mmarima na moansom Hebrifoɔ no sɛdeɛ wɔasom mo no;+ monyɛ mmarima na monko!” 10 Enti Filistifoɔ no koeɛ, na Israel dii nkoguo+ maa obiara dwane kɔɔ ne ntomadan mu. Nnipa a wɔwuwuiɛ no, na wɔdɔɔso paa; Israel asraafoɔ* 30,000 na wɔwuwuiɛ. 11 Afei wɔgyee Onyankopɔn Adaka no, na Eli mma mmienu no, Hofni ne Finehas nso wuwuiɛ.+
12 Saa da no, Benyamini bi firi akono hɔ tuu mmirika baa Silo; ná wasuan n’ataadeɛ mu de dɔteɛ agu ne tirim.+ 13 Berɛ a ɔbarima no bɛduruiɛ no, na Eli te adwa so wɔ kwankyɛn retwɛn, ɛfiri sɛ nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no+ nti, na ne yam hyehye no. Ɔbarima no kɔbɔɔ amanneɛ wɔ kuro no mu, na kuro no mufoɔ nyinaa maa wɔn nne so suiɛ. 14 Berɛ a Eli tee esũ no, ɔbisaa sɛ: “Dede bɛn na ɛrekɔ so yi?” Ɔbarima a ɔde nkra no baeɛ no yɛɛ ntɛm kɔbɔɔ Eli amanneɛ. 15 (Ná Eli adi mfeɛ 98, na na n’ani gu so kwa, ɛfiri sɛ na ɔnhunu adeɛ.)+ 16 Ɛnna ɔbarima no ka kyerɛɛ Eli sɛ: “Mene deɛ ɔfiri akono baeɛ no; ɛnnɛ yi ara na medwane firii akono baeɛ.” Enti ɔbisaa no sɛ: “Me ba, asɛm bɛn na asi?” 17 Na ɔbarima a ɔde nkra no baeɛ no buaa sɛ: “Israel adwane wɔ Filistifoɔ anim, na ɔman no adi nkoguo kɛseɛ;+ wo mma mmarima mmienu no, Hofni ne Finehas, awuwu,+ na nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no nso, wɔagye.”+
18 Saa berɛ no, na Eli te kuro pono no ano, na berɛ a ɔtee nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no ho asɛm ara pɛ, ɔte kɔɔ n’akyi wɔ n’adwa so kɔhwee fam, na ne kɔn mu bu maa no wuiɛ, ɛfiri sɛ na wabɔ akɔkoraa, na na ne mu nso yɛ duru. Ná wayɛ Israel temmufoɔ mfeɛ 40. 19 Ná n’asebaa a ɔyɛ Finehas yere nyem, na na n’awoɔ reyɛ aduru. Berɛ a ɔbaa no tee sɛ wɔagye nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no, na n’asebarima ne ne kunu nso awuwu no, awoɔ kaa no amonom hɔ ara, enti ɔkotoeɛ na ɔwoeɛ. 20 Berɛ a wɔregye no awoɔ no, na ɔrewu, na mmaa a wɔgyinagyina ne nkyɛn no kaa sɛ: “Nsuro, ɛfiri sɛ woawo ɔbabarima.” Nanso wammua, na wamfa n’adwene ankɔ so.* 21 Mmom ɔtoo abɔfra no din Ikabod,*+ na ɔkaa sɛ: “Animuonyam afiri Israel akɔdi baabi.”+ Nokorɛ Nyankopɔn no Adaka a wɔagye ne deɛ ɛtoo n’asebarima ne ne kunu nti na ɔkaa saa.+ 22 Ɔkaa sɛ: “Animuonyam afiri Israel akɔdi baabi, ɛfiri sɛ wɔagye nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no.”+