Samuel Nwoma a Ɛdi Kan
5 Berɛ a Filistifoɔ no gyee nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no,+ wɔde firi Ebeneser kɔɔ Asdod. 2 Filistifoɔ no de nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no kɔɔ Dagon fie,* na wɔde kɔsii Dagon nkyɛn.+ 3 Adeɛ kyeeɛ a Asdodfoɔ sɔree anɔpatutuutu no, na Dagon da fam ama n’anim butu fam wɔ Yehowa Adaka no anim.+ Enti wɔmaa Dagon so, na wɔsan de no sii ne siberɛ.+ 4 Da a ɛdi hɔ a wɔsɔree anɔpatutuutu no, na Dagon da fam a n’anim butu fam wɔ Yehowa adaka no anim. Ná Dagon ti ne n’abakɔn mmienu no atete gugu kwan no ano ama no aka ne fã a ɛte sɛ apataa no nko ara.* 5 Ɛno nti na ɛde bɛsi nnɛ no, Dagon asɔfoɔ ne wɔn a wɔkɔ Dagon fie nyinaa ntia Dagon pono ano wɔ Asdod no.
6 Yehowa nsa yɛɛ den wɔ Asdodfoɔ so, na ɔtuu n’ani sii wɔn so maa kooko fifirii nnipa a wɔwɔ Asdod ne mpɔtamu hɔ.+ 7 Berɛ a Asdodfoɔ hunuu deɛ aba no, wɔkaa sɛ: “Mommma Israel Nyankopɔn Adaka no nntena yɛn nkyɛn, ɛfiri sɛ ne nsa ayɛ den wɔ yɛne yɛn nyame Dagon so.” 8 Enti wɔsoma kɔboaboaa Filistifoɔ ahemfo no nyinaa ano baa wɔn nkyɛn, na wɔbisaa wɔn sɛ: “Ɛdeɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn Adaka no?” Ɛnna wɔkaa sɛ: “Momma wɔmfa Israel Nyankopɔn Adaka no nkɔ Gat.”+ Enti wɔde Israel Nyankopɔn Adaka no kɔɔ hɔ.
9 Berɛ a wɔde kɔɔ hɔ no, Yehowa nsa baa kuro no so maa ehu kaa wɔn papaapa. Ɔtuu n’ani sii kurom hɔfoɔ so, na ɛfiri ɔketewa so kɔsi ɔkɛseɛ so, kooko fifirii wɔn nyinaa.+ 10 Enti wɔde nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no kɔɔ Ekron.+ Berɛ a nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no duruu Ekron no, ɛhɔ ara na Ekronfoɔ no teateaam sɛ: “Wɔde Israel Nyankopɔn Adaka no aba yɛn nkyɛn de rebɛkunkum yɛne yɛn nkurɔfoɔ!”+ 11 Enti wɔsoma kɔfrɛɛ Filistifoɔ ahemfo no nyinaa bɛhyiaeɛ, na wɔkaa sɛ: “Momfa Israel Nyankopɔn Adaka no mfiri ha nsan nkɔsi ne siberɛ, na yɛne yɛn nkurɔfoɔ anwuwu.” Deɛ ɛteɛ ne sɛ, na nnipa a wɔwɔ kuro no mu nyinaa suro sɛ wɔbɛwuwu. Nokorɛ Nyankopɔn no nsa yɛɛ den paa wɔ hɔ,+ 12 na kuro no mufoɔ a wɔanwuwu no, kooko fifirii wɔn. Na kuro no sufrɛ kɔduruu soro.