Samuel Nwoma a Ɛdi Kan
6 Yehowa Adaka no+ dii Filistifoɔ asaase so abosome nson. 2 Ɛnna Filistifoɔ no frɛɛ akɔmfoɔ ne nkɔmhyɛfoɔ+ no bisaa wɔn sɛ: “Yehowa Adaka no, yɛnyɛ no dɛn? Monkyerɛ yɛn ɛkwan a yɛmfa so mfa nkɔ ne siberɛ.” 3 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Sɛ mode Israel Nyankopɔn Yehowa apam adaka no rekɔ a, mommfa nsapan nnkɔ. Mmom momfa afɔdie afɔreɛ+ nka ho nkɔma no. Ɛno ansa na mobɛnya ayaresa, na mobɛhunu deɛ enti a ne nsa mfirii mo so no.” 4 Ɛnna wɔbisaa sɛ: “Afɔdie afɔreɛ bɛn na yɛmfa nkɔma no?” Na wɔkaa sɛ: “Sɛdeɛ Filistifoɔ ahemfo no dodoɔ teɛ no,+ momfa sika kɔkɔɔ nyɛ biribi te sɛ kooko nnum na momfa bi nyɛ nkura nnum, ɛfiri sɛ ɔhaw korɔ no ara na ato mo ne mo ahemfo nyinaa. 5 Monyɛ mo kooko ne nkura a wɔresɛe asaase no nsɛsoɔ,+ na monhyɛ Israel Nyankopɔn animuonyam. Ebia ɔbɛgo ne nsam ama mo ne mo nyame ne mo asaase.+ 6 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mopirim mo akoma sɛdeɛ Egyptfoɔ ne Farao pirim wɔn akoma no?+ Ɔde ɔhaw baa wɔn so+ ansa na wɔregyae Israel ama wɔakɔ.+ 7 Afei monyɛ teaseɛnam foforɔ, na mompɛ anantwibedeɛ mmienu a wɔma nufoɔ a wɔmfaa kɔndua biara ntoo wɔn so da. Momma wɔn mma no mfiri wɔn nkyɛn nkɔ fie, na momfa teaseɛnam no nsã anantwie no. 8 Momfa Yehowa Adaka no nsi teaseɛnam no so, na momfa sika kɔkɔɔ nneɛma a mode rekɔbɔ afɔdie afɔreɛ ama no no ngu adaka ketewa mu nsi nkyɛn,+ na momma no nsi kwan so nkɔ. 9 Afei momfa mo ani nni akyire. Sɛ ɛfa ne kwan so kɔ n’asaase so wɔ Bet-Semes+ a, ɛnneɛ na ɛyɛ Israel Nyankopɔn na wayɛ yɛn bɔne kɛseɛ yi; sɛ anyɛ saa a, ɛnneɛ na yɛahu sɛ ɛnyɛ ɔno na ɔde ne nsa aka yɛn; ɛyɛ asɛm ne asɛm na ahyia.”
10 Enti nkurɔfoɔ no yɛɛ saa. Wɔfaa teaseɛnam no de sesãã anantwibedeɛ mmienu a wɔma nufoɔ no, na wɔde wɔn mma no guu buo mu wɔ fie. 11 Afei wɔde Yehowa Adaka no sii teaseɛnam no so, na adaka ketewa a nkura a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ, ne wɔn kooko nsɛsoɔ no wom no, wɔde sii nkyɛn. 12 Na anantwie no faa Bet-Semes kwan so tee.+ Wɔammane ankɔ nifa anaa benkum, na wɔrekɔ nyinaa na wɔresu. Saa berɛ no nyinaa na Filistifoɔ ahemfo no di wɔn akyi; wɔdii wɔn akyi ara kɔduruu Bet-Semes hyeɛ so. 13 Ná Bet-Semesfoɔ retwa hwiit wɔ asaasetraa no so.* Berɛ a wɔmemaa wɔn ani so na wɔhuu Adaka no, wɔdii ahurisie. 14 Teaseɛnam no kɔduruu Bet-Semesni Yosua afuo mu, na ɛgyinaa ɛboɔ kɛseɛ bi ho. Wɔpaapaee teaseɛnam no nnua no, na wɔde anantwie no+ bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ maa Yehowa.
15 Lewifoɔ no+ yii Yehowa Adaka no ne adaka ketewa a ɛka ho a sika kɔkɔɔ nneɛma wom no, na wɔde sii ɛboɔ kɛseɛ no so. Ɛnna Bet-Semesfoɔ+ bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ, na wɔbobɔɔ afɔreɛ maa Yehowa saa da no.
16 Berɛ a Filistifoɔ ahemfo nnum no hunuiɛ no, wɔsan wɔn akyi kɔɔ Ekron saa da no. 17 Kooko a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ a Filistifoɔ no de kɔbɔɔ afɔdie afɔreɛ maa Yehowa no,+ baako yɛ Asdod+ deɛ, baako yɛ Gasa deɛ, baako yɛ Askelon deɛ, baako yɛ Gat+ deɛ, na baako nso yɛ Ekron+ deɛ. 18 Sɛdeɛ Filistifoɔ ahemfo nnum no nkuro dodoɔ teɛ no, saa ara na na nkura a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ no dodoɔ teɛ, nkuro a wɔabɔ ho ban ne nkuraa a ɛwɔ petee mu nyinaa.
Ɛboɔ kɛseɛ a wɔde Yehowa Adaka no sii so no ayɛ adanseɛ wɔ Bet-Semesni Yosua afuo no mu de abɛsi nnɛ. 19 Yehowa Adaka a Bet-Semesfoɔ hwɛeɛ nti, ɔkunkum wɔn. Ɔkum wɔn mu nnipa 50,070,* na ɔman no dii awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ Yehowa kunkum ɔman no mufoɔ bebree.+ 20 Ɛnna Bet-Semesfoɔ no kaa sɛ: “Hwan na ɔbɛtumi agyina Yehowa, Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron+ yi anim, na sɛ ɔfiri yɛn nkyɛn a, hwan hɔ na ɔbɛkɔ?”+ 21 Enti wɔtuu abɔfoɔ kɔɔ Kiriat-Yearimfoɔ+ nkyɛn sɛ: “Filistifoɔ no asan de Yehowa Adaka no aba. Mommra mmɛfa nkɔ mo nkyɛn.”+