Samuel Nwoma a Ɛdi Kan
7 Enti Kiriat-Yearimfoɔ no bɛfaa Yehowa Adaka no de kɔɔ Abinadab fie+ a ɛwɔ kokoɔ so no, na wɔtee ne ba Eleasar ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛhwɛ Yehowa Adaka no so.
2 Adaka no kyɛɛ wɔ Kiriat-Yearim; ɛdii mfeɛ 20 wɔ hɔ, na Israelfoɔ nyinaa firii aseɛ hwehwɛɛ* Yehowa akyiri kwan.+ 3 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ: “Sɛ mo akoma nyinaa na mode aba Yehowa nkyɛn bio a,+ ɛnneɛ monyi ananafoɔ anyame+ a ɛwɔ mo mu ne Astoret ahoni+ no mfiri mo mu, na momfa mo akoma nyinaa nni Yehowa akyi na monsom ɔno nko ara,+ na ɔbɛgye mo afiri Filistifoɔ no nsam.”+ 4 Ɛnna Israelfoɔ no yiyii Baal anyame no ne Astoret ahoni no firii wɔn mu, na wɔsom Yehowa nko ara.+
5 Afei Samuel kaa sɛ: “Mommoaboa Israel nyinaa ano mmɛhyia wɔ Mispa,+ na memmɔ Yehowa mpaeɛ mma mo.”+ 6 Enti wɔboaboaa wɔn ho ano bɛhyiaa wɔ Mispa, na wɔsaa nsuo hwie guu fam wɔ Yehowa anim, na wɔyɛɛ akɔnkyene* saa da no.+ Wɔkaa wɔ hɔ sɛ: “Yɛayɛ Yehowa bɔne.”+ Afei Samuel firii aseɛ buu Israel atɛn+ wɔ Mispa.
7 Berɛ a Filistifoɔ no tee sɛ Israelfoɔ aboaboa wɔn ho ano wɔ Mispa no, Filistifoɔ ahemfo no+ baa Israel so. Israelfoɔ no teeɛ no, Filistifoɔ no ho hu tɔɔ wɔn so. 8 Ɛnna Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Kɔ so srɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn na ɔmmoa yɛn,+ na ɔnnye yɛn mfiri Filistifoɔ nsam.” 9 Afei Samuel faa odwan ba a ɔnom nufoɔ na ɔde no bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ+ maa Yehowa, na Samuel srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa Israel, na Yehowa nso gyee ne so.+ 10 Berɛ a Samuel gu so rebɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no, Filistifoɔ no baa sɛ wɔne Israel rebɛko. Ɛnna Yehowa maa aprannaa boboom dendeenden+ guu Filistifoɔ no so saa da no, na ɔmaa wɔn ani so tan wɔn,+ na wɔdii nkoguo wɔ Israel anim.+ 11 Afei Israel mmarima firii Mispa kɔtii Filistifoɔ no, na wɔkunkum wɔn ara kɔsii Bet-Kar anaafoɔ fam. 12 Ɛnna Samuel faa boɔ,+ na ɔde sii Mispa ne Yesana ntam, na ɔtoo ne din Ebeneser* kaa sɛ: “Yehowa aboa yɛn abɛsi sɛsɛɛ.”+ 13 Enti wɔdii Filistifoɔ so nkonim, na wɔamma Israel asaase so bio,+ na Samuel nna nyinaa mu no, Yehowa ne Filistifoɔ no dii asie.+ 14 Afei nso, nkuro a na Filistifoɔ agye afiri Israelfoɔ hɔ no san bɛdii Israelfoɔ nsam, ɛfiri Ekron kɔsi Gat. Israelfoɔ gyee wɔn nsaase firii Filistifoɔ nsam.
Asomdwoeɛ nso baa Israelfoɔ ne Amorifoɔ ntam.+
15 Samuel nkwa nna nyinaa, ɔbuu Israelfoɔ atɛn.+ 16 Afe biara, na ɔtu kwan kɔ Betel,+ Gilgal,+ ne Mispa,+ na ɔbuu Israel atɛn wɔ saa mmeaeɛ yi nyinaa. 17 Nanso na ɔsan ba Rama,+ ɛfiri sɛ ɛhɔ na na ne fie wɔ, na na ɔbu Israel nso atɛn wɔ hɔ. Ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Yehowa.+