Samuel Nwoma a Ɛdi Kan
8 Berɛ a Samuel bɔɔ akɔkoraa no, ɔde ne mma sisii Israel so maa wɔyɛɛ atemmufoɔ. 2 N’abakan din de Yoel, na deɛ ɔtɔ so mmienu no din de Abia,+ na wɔbuu atɛn wɔ Beer-Seba. 3 Nanso ne mma no amfa n’akwan so; wɔdii mfaso bɔne+ akyi, wɔgyee adanmudeɛ,*+ na wɔkyeaa atemmuo.+
4 Akyire yi, Israel mpanimfoɔ nyinaa boaa wɔn ho ano baa Samuel nkyɛn wɔ Rama. 5 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Woabɔ akɔkoraa, na wo mma nso amfa w’akwan so. Enti si yɛn so hene na ɔmmu yɛn atɛn sɛ aman a aka no nyinaa.”+ 6 Nanso Samuel ani annye ho* sɛ wɔkaa sɛ: “Ma yɛn ɔhene na ɔmmu yɛn atɛn.” Ɛnna Samuel bɔɔ Yehowa mpaeɛ. 7 Na Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Deɛ ɔman no aka nyinaa, tie wɔn, ɛfiri sɛ ɛnyɛ wo na wɔapo wo; me mmom na wɔapo me a wɔmpɛ sɛ medi wɔn so hene bio.+ 8 Ɛfiri da a meyii wɔn firii Egypt baeɛ bɛsi nnɛ, daa wɔgya me+ kɔsom anyame foforɔ,+ na saa ara na wɔde reyɛ wo yi. 9 Enti tie wɔn. Nanso bɔ wɔn kɔkɔ na wɔnhu nneɛma a sɛ ɔhene bɛdi wɔn so a, ne tumi nti ɔbɛyɛ.”
10 Enti berɛ a ɔman no kaa sɛ wɔpɛ ɔhene no, Samuel kaa Yehowa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ wɔn. 11 Ɔkaa sɛ: “Ɔhene a ɔbɛdi mo so no, ne tumi nti, deɛ ɔbɛyɛ nie:+ Ɔbɛfa mo mma mmarima,+ na wama wɔaka ne nteaseɛnam+ na wɔatena n’apɔnkɔ so,+ na ebinom bɛtu mmirika adi ne nteaseɛnam anim. 12 Ɔde wɔn mu bi bɛyɛ apem apem so ahwɛfoɔ+ ne aduonum aduonum so ahwɛfoɔ,+ na ebinom bɛfuntum n’asaase+ na wɔatwa ne nnɔbaeɛ,+ na wɔbɛyeyɛ n’akodeɛ ne ne nteaseɛnam ho nneɛma.+ 13 Ɔbɛma mo mma mmaa afra* sradehwam, anoa nnuane, na wɔato paanoo.+ 14 Mo mfuo ne mo bobefuo* ne mo ngodua mfuo+ mu deɛ ɛyɛ no, ɔbɛfa na ɔde ama ne nkoa. 15 Mo mfuo mu aba ne mo bobefuo mu aba nso, ɔbɛgye so ntotosoɔ du du ama n’ahemfie mpanimfoɔ ne ne nkoa. 16 Ɔbɛfa mo nkoa ne mo mfenaa ne mo mmoa mu deɛ ɛyɛ ne mo mfunumu de wɔn ayɛ n’adwuma.+ 17 Ɔbɛgye mo nnwan so ntotosoɔ du du,+ na mobɛyɛ ne nkoa. 18 Da bi reba a mo hene a moayi no no nti, mobɛsu,+ nanso saa da no, Yehowa rennye mo so.”
19 Nanso ɔman no antie Samuel, na wɔkaa sɛ: “Daabi, yɛn deɛ, ɔhene ara na yɛpɛ. 20 Yɛn nso yɛbɛyɛ sɛ aman a aka no nyinaa, na yɛn hene bɛbu yɛn atɛn, na wadi yɛn anim ako yɛn ko ama yɛn.” 21 Berɛ a Samuel tiee ɔman no nsɛm no nyinaa no, ɔka kyerɛɛ Yehowa. 22 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Tie wɔn na si wɔn so hene.”+ Afei Samuel ka kyerɛɛ Israel mmarima no sɛ: “Obiara nsan nkɔ ne kuro mu.”